< Yeremia 47 >

1 Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn: 2 Sei na Awurade seɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam; ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so, nkuro no ne nnipa a wɔtete mu. Nnipa no bɛteateam; wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo 3 ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ, na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ. Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma; wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa. 4 Na ɛda no aba sɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no, nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no. 5 Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo; wɔbɛma Askelon atɔre mum. Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so, mobɛsu akɔsi da bɛn? 6 “Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena, da bɛn na wobɛhome? Sane kɔhyɛ wo bɔha mu; gyae na da dinn.’ 7 Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinn ɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛ ɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”

< Yeremia 47 >