< Yeremia 43 >

1 Ɛberɛ a Yeremia wiee nsɛm a ɛfiri Awurade wɔn Onyankopɔn nkyɛn no ka no,
It happened that, when Jeremiah had made an end of speaking to all the people all the words of the LORD their God, with which the LORD their God had sent him to them, even all these words,
2 Hosaia babarima Asaria, Karea babarima Yohanan ne mmarima ahomasofoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Woredi atorɔ! Awurade yɛn Onyankopɔn nsomaa wo sɛ bɛka sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mokɔ Misraim kɔtena hɔ.’
then spoke Azariah the son of Hoshaiah, and Johanan the son of Kareah, and all the proud men, saying to Jeremiah, "You speak falsely. The LORD our God has not sent you to say, 'You shall not go into Egypt to live there';
3 Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyegye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, sɛdeɛ wɔbɛkum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.”
but Baruch the son of Neriah sets you on against us, to deliver us into the hand of the Chaldeans, that they may put us to death, and carry us away captive to Babylon."
4 Enti, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne nnipa no anni Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔntena Yuda asase so no so.
So Johanan the son of Kareah, and all the captains of the forces, and all the people, did not obey the voice of the LORD, to dwell in the land of Judah.
5 Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ nyinaa de Yuda nkaeɛfoɔ a wɔfifirii amanaman a wɔbɔɔ wɔn pete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔɔeɛ.
But Johanan the son of Kareah, and all the captains of the forces, took all the remnant of Judah, who were returned from all the nations where they had been driven, to live in the land of Judah;
6 Wɔde mmarima, mmaa, mmɔfra ne ɔhene mmammaa a ɔsahene Nebusaradan a ɔyɛ ɔhene awɛmfoɔ panin no de wɔn gyaa Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana kɔɔeɛ. Na odiyifoɔ Yeremia ne Neria babarima Baruk nso ka ho bi.
the men, and the women, and the children, and the king's daughters, and every person who Nebuzaradan the captain of the guard had left with Gedaliah the son of Ahikam, the son of Shaphan; and Jeremiah the prophet, and Baruch the son of Neriah;
7 Enti wɔhyɛnee Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wɔkɔduruu Tapanhes.
and they came into the land of Egypt; for they did not obey the voice of the LORD: and they came to Tahpanhes.
8 Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanhes sɛ,
Then came the word of the LORD to Jeremiah in Tahpanhes, saying,
9 “Ɛberɛ a Yudafoɔ no rehwɛ no, fa aboɔ akɛseɛ, afei tutu fam wɔ birikisi nsɛweeɛ a ɛwɔ Farao ahemfie a ɛwɔ Tapanhes aboboano hɔ, na fa gu mu kata so.
"Take great stones in your hand, and hide them in mortar in the brick work, which is at the entry of Pharaoh's house in Tahpanhes, in the sight of the men of Judah;
10 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mɛsoma me ɔsomfoɔ Babiloniahene Nebukadnessar, na mede nʼahennwa bɛsi saa aboɔ a masie wɔ ha no so; na ɔbɛtrɛ nʼadehye kyiniiɛ mu wɔ so.
and tell them, 'Thus says the LORD of hosts, the God of Israel: "Look, I will send and take Nebuchadnezzar the king of Babylon, my servant, and will set his throne on these stones that I have hidden; and he shall spread his royal pavilion over them.
11 Ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so, na ɔbɛkum wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkum wɔn no, na wɔafa wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkɔ nnommumfa mu nnommum. Na wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔmfa wɔn mma akofena no nso, wɔde wɔn bɛma akofena.
He shall come, and shall strike the land of Egypt; such as are for death shall be put to death, and such as are for captivity to captivity, and such as are for the sword to the sword.
12 Ɔbɛto Misraim anyame asɔredan mu ogya ahye na wɔafa wɔn anyame no nnommum. Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ de nʼatadeɛ kyekyere ne ho no, saa ara na ɔde Misraim bɛkyekyere ne ho na wafiri hɔ akɔ a ne ho baabiara renti.
I will kindle a fire in the houses of the gods of Egypt; and he shall burn them, and carry them away captive: and he shall array himself with the land of Egypt, as a shepherd puts on his garment; and he shall go forth from there in peace.
13 Owia asɔredan a ɛwɔ Misraim no, ɔbɛbubu nʼafadum kronkron no, na wahye Misraim anyame asɔredan no dworobɛɛ.’”
He shall also break the pillars of Beth Shemesh, that is in the land of Egypt; and the houses of the gods of Egypt shall he burn with fire."'"

< Yeremia 43 >