< Yeremia 38 >

1 Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ nnipa no nyinaa sɛ,
瑪坦的兒子示法提雅、巴施戶珥的兒子基大利、示利米雅的兒子猶甲、瑪基雅的兒子巴施戶珥聽見耶利米對眾人所說的話,說:
2 “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena, ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafoɔ afa no bɛtena nkwa mu. Ɔbɛnya ne tiri adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu.
「耶和華如此說:住在這城裏的必遭刀劍、饑荒、瘟疫而死;但出去歸降迦勒底人的必得存活,就是以自己命為掠物的,必得存活。
3 Na yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene akodɔm nsa, na wɔn na wɔbɛdi so.’”
耶和華如此說:這城必要交在巴比倫王軍隊的手中,他必攻取這城。」
4 Ɛno enti adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafoɔ a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiedie na mmom wɔn sɛeɛ.”
於是首領對王說:「求你將這人治死;因他向城裏剩下的兵丁和眾民說這樣的話,使他們的手發軟。這人不是求這百姓得平安,乃是叫他們受災禍。」
5 Ɔhene Sedekia buaa sɛ, “Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.”
西底家王說:「他在你們手中,無論何事,王也不能與你們反對。」
6 Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ adihɔ no mu. Wɔde ntampehoma gyaagyaa no too abura no mu; na nsuo nni mu, mmom atɛkyɛ na na ɛwom, enti Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu.
他們就拿住耶利米,下在哈米勒的兒子瑪基雅的牢獄裏;那牢獄在護衛兵的院中。他們用繩子將耶利米繫下去。牢獄裏沒有水,只有淤泥,耶利米就陷在淤泥中。
7 Na Ebed-Melek Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfie hɔ tee sɛ wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Ɛberɛ a ɔhene no te Benyamin Ɛpono hɔ no,
在王宮的太監古實人以伯‧米勒,聽見他們將耶利米下了牢獄(那時王坐在便雅憫門口),
8 Ebed-Melek firii ahemfie hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ,
以伯‧米勒就從王宮裏出來,對王說:
9 “Ɔdɛɛfoɔ, deɛ saa nnipa yi ayɛ nyinaa yɛ amumuyɛsɛm a ɛtia odiyifoɔ Yeremia. Wɔato no atwene abura mu, baabi a ɛkɔm bɛkum no wɔ ɛberɛ a burodo asa wɔ kuropɔn yi mu.”
「主-我的王啊,這些人向先知耶利米一味地行惡,將他下在牢獄中;他在那裏必因飢餓而死,因為城中再沒有糧食。」
10 Ɛna ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek sɛ, “Fa mmarima aduasa firi ha ka wo ho, na monkɔyi odiyifoɔ Yeremia mfiri abura no mu, ansa na wawu.”
王就吩咐古實人以伯‧米勒說:「你從這裏帶領三十人,趁着先知耶利米未死以前,將他從牢獄中提上來。」
11 Ɛno enti, Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɛdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfie hɔ. Ɔkɔsesaa ntomago ne ntadeɛ dada de kyekyeree ntampehoma ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu.
於是以伯‧米勒帶領這些人同去,進入王宮,到庫房以下,從那裏取了些碎布和破爛的衣服,用繩子縋下牢獄去到耶利米那裏。
12 Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Fa ntomago ne ntadeɛ dada no hyehyɛ wo mmɔtoam, na ntampehoma no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa,
古實人以伯‧米勒對耶利米說:「你用這些碎布和破爛的衣服放在繩子上,墊你的胳肢窩。」耶利米就照樣行了。
13 Wɔde ntampehoma no twetwee no de yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ.
這樣,他們用繩子將耶利米從牢獄裏拉上來。耶利米仍在護衛兵的院中。
14 Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifoɔ Yeremia baa Awurade asɔredan ano ɛkwan a ɛtɔ so mmiɛnsa hɔ. Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Merebɛbisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me.”
西底家王打發人帶領先知耶利米,進耶和華殿中第三門裏見王。王就對耶利米說:「我要問你一件事,你絲毫不可向我隱瞞。」
15 Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Sɛ mema wo mmuaeɛ a, worenkum me anaa? Mpo sɛ metu wo fo a, worentie me.”
耶利米對西底家說:「我若告訴你,你豈不定要殺我嗎?我若勸戒你,你必不聽從我。」
16 Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kɔkoam kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Sɛ Awurade a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wonhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wo no nsa.”
西底家王就私下向耶利米說:「我指着那造我們生命之永生的耶和華起誓:我必不殺你,也不將你交在尋索你命的人手中。」
17 Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, no seɛ: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔrenkum wo na wɔrenhye kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafoɔ bɛtena nkwa mu.
耶利米對西底家說:「耶和華-萬軍之上帝、以色列的上帝如此說:你若出去歸降巴比倫王的首領,你的命就必存活,這城也不致被火焚燒,你和你的全家都必存活。
18 Na sɛ woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafoɔ, na wɔbɛhye no dwerɛbee; na wʼankasa rentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’”
你若不出去歸降巴比倫王的首領,這城必交在迦勒底人手中。他們必用火焚燒,你也不得脫離他們的手。」
19 Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mesuro Yudafoɔ a wɔkɔ Babiloniafoɔ afa no, ɛfiri sɛ, ebia Babiloniafoɔ no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayakayakadeɛ.”
西底家王對耶利米說:「我怕那些投降迦勒底人的猶大人,恐怕迦勒底人將我交在他們手中,他們戲弄我。」
20 Yeremia buaa sɛ, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na yɛ deɛ meka kyerɛ woɔ. Ɛno na ɛbɛma asi wo yie na woanya nkwa.
耶利米說:「迦勒底人必不將你交出。求你聽從我對你所說耶和華的話,這樣你必得好處,你的命也必存活。
21 Nanso sɛ woamfa wo ho amma Babiloniafoɔ no de a, deɛ Awurade ayi akyerɛ me nie:
你若不肯出去,耶和華指示我的話乃是這樣:
22 Mmaa a wɔaka wɔ Yudahene ahemfie hɔ nyinaa no, wɔde wɔn bɛfiri adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfoɔ no. Saa mmaa no bɛka akyerɛ wo sɛ, “‘Wɔdaadaa wo na wɔdii wo so wo nnamfonom a wogye wɔn die no. Wo nan amem wɔ atɛkyɛ mu; wo nnamfonom agya wo hɔ kɔ.’
猶大王宮裏所剩的婦女必都帶到巴比倫王的首領那裏。這些婦女必說: 你知己的朋友催逼你, 勝過你; 見你的腳陷入淤泥中, 就轉身退後了。
23 “Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafoɔ no. Wo deɛ worentumi nnwane mfiri wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkye wo, na wɔbɛhye saa kuropɔn yi.”
「人必將你的后妃和你的兒女帶到迦勒底人那裏;你也不得脫離他們的手,必被巴比倫王的手捉住;你也必使這城被火焚燒。」
24 Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mma obiara nte saa nkɔmmɔdie yi, anyɛ saa a, wobɛwu.
西底家對耶利米說:「不要使人知道這些話,你就不至於死。
25 Sɛ adwumayɛfoɔ no te sɛ me ne wo kasaeɛ, na wɔbɛbisa wo sɛ, ‘Ma yɛnte deɛ woka kyerɛɛ ɔhene ne deɛ ɔhene nso ka kyerɛɛ woɔ; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yɛbɛkum wo a,’
首領若聽見了我與你說話,就來見你,問你說:『你對王說甚麼話不要向我們隱瞞,我們就不殺你。王向你說甚麼話也要告訴我們。』
26 ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Na meresrɛ ɔhene sɛ ɔmmfa me nsane nkɔ Yonatan efie mma me nkɔwu wɔ hɔ.’”
你就對他們說:『我在王面前懇求不要叫我回到約拿單的房屋死在那裏。』」
27 Adwumayɛfoɔ no nyinaa baa Yeremia hɔ bɛbisaa no, na ɔkaa deɛ ɔhene hyɛɛ no sɛ ɔnka no nyinaa. Enti, wɔanka hwee ankyɛre no bio, ɛfiri sɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔdie no.
隨後眾首領來見耶利米,問他,他就照王所吩咐的一切話回答他們。他們不再與他說話,因為事情沒有洩漏。
28 Na Yeremia tenaa ɔwɛmfoɔ adihɔ hɔ kɔsii da a wɔfaa Yerusalem. Sɛdeɛ wɔfaa Yerusalem nie:
於是耶利米仍在護衛兵的院中,直到耶路撒冷被攻取的日子。

< Yeremia 38 >