< Yeremia 37 >

1 Babiloniahene Nebukadnessar de Yosia babarima Sedekia dii Yudahene; ɔsii Yehoiakim babarima Yehoiakin anan mu.
Zedekiah the son of Josiah reigned as king instead of Coniah the son of Jehoiakim, whom Nebuchadnezzar king of Babylon made king in the land of Judah.
2 Ɔno, nʼasomfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so antie Awurade asɛm a ɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.
But neither he, nor his servants, nor the people of the land, listened to Yahweh’s words, which he spoke by the prophet Jeremiah.
3 Ɔhene Sedekia somaa Selemia babarima Yehukal ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yeremia sɛ, “Yɛsrɛ wo, bɔ Awurade yɛn Onyankopɔn mpaeɛ ma yɛn.”
Zedekiah the king sent Jehucal the son of Shelemiah and Zephaniah the son of Maaseiah, the priest, to the prophet Jeremiah, saying, “Pray now to Yahweh our God for us.”
4 Na Yeremia de ne ho, di nnipa no mu akɔneaba, ɛfiri sɛ na wɔmfaa no ntoo afiase.
Now Jeremiah came in and went out among the people, for they had not put him into prison.
5 Na Farao akodɔm afiri Misraim reba, na Babiloniafoɔ a wɔatua Yerusalem no tee wɔn nka no, wɔfirii Yerusalem.
Pharaoh’s army had come out of Egypt; and when the Chaldeans who were besieging Jerusalem heard news of them, they withdrew from Jerusalem.
6 Ɛna Awurade asɛm baa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ,
Then Yahweh’s word came to the prophet Jeremiah, saying,
7 “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Monka nkyerɛ Yudahene a, ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa me hɔ biribi no sɛ, ‘Farao akodɔm a wɔfirii adi sɛ wɔrebɛboa mo no bɛsane akɔ wɔn ankasa asase so, Misraim so.
“Yahweh, the God of Israel, says, ‘You shall tell the king of Judah, who sent you to me to inquire of me: “Behold, Pharaoh’s army, which has come out to help you, will return to Egypt into their own land.
8 Na Babiloniafoɔ no bɛsane abɛto ahyɛ saa kuropɔn yi so; wɔbɛgye na wɔahye no dworobɛɛ.’
The Chaldeans will come again, and fight against this city. They will take it and burn it with fire.”’
9 “Sɛ Awurade seɛ nie: Monnnaadaa mo ho nnwene sɛ, ‘Ampa ara Babiloniafoɔ no bɛfiri yɛn so akɔ.’ Wɔrenkɔ!
“Yahweh says, ‘Don’t deceive yourselves, saying, “The Chaldeans will surely depart from us;” for they will not depart.
10 Sɛ modi Babiloniafoɔ akodɔm a wɔato ahyɛ mo so no so ma ɛka apirafoɔ wɔ wɔn ntomadan mu mpo a, wɔbɛfiri adi abɛhye kuropɔn yi dworobɛɛ.”
For though you had struck the whole army of the Chaldeans who fight against you, and only wounded men remained among them, they would each rise up in his tent and burn this city with fire.’”
11 Babilonia akodɔm firii Yerusalem, ɛsiane Farao akodɔm no enti akyi no,
When the army of the Chaldeans had withdrawn from Jerusalem for fear of Pharaoh’s army,
12 Yeremia yɛɛ ahoboa sɛ ɔrefiri kuropɔn no mu, akɔ Benyamin mantam akɔgye nʼagyapadeɛ mu kyɛfa wɔ nkurɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu.
then Jeremiah went out of Jerusalem to go into the land of Benjamin, to receive his portion there, in the middle of the people.
13 Nanso, ɔkɔduruu Benyamin Ɛpono ano no, awɛmfoɔ no so panin a wɔfrɛ no Yiria a ɔyɛ Selemia babarima ne Hanania nana kyeree no kaa sɛ, “Woredwane agya yɛn akɔ Babiloniafoɔ afa!”
When he was in Benjamin’s gate, a captain of the guard was there, whose name was Irijah, the son of Shelemiah, the son of Hananiah; and he seized Jeremiah the prophet, saying, “You are defecting to the Chaldeans!”
14 Yeremia buaa sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Merennwane nkɔ Babiloniafoɔ afa.” Nanso, Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanimfoɔ.
Then Jeremiah said, “That is false! I am not defecting to the Chaldeans.” But he didn’t listen to him; so Irijah seized Jeremiah, and brought him to the princes.
15 Wɔn bo fuu Yeremia, na wɔmaa wɔboroo no de no too afiase wɔ ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie a na wɔde ayɛ nneduadan no.
The princes were angry with Jeremiah, and struck him, and put him in prison in the house of Jonathan the scribe; for they had made that the prison.
16 Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma ɔdii nna bebree wɔ hɔ.
When Jeremiah had come into the dungeon house and into the cells, and Jeremiah had remained there many days,
17 Akyire yi, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfie, ɛhɔ na ɔbisaa no wɔ kɔkoam sɛ, “Woanya asɛm bi afiri Awurade nkyɛn anaa?” Yeremia buaa sɛ, “Aane, wɔde wo bɛma Babiloniahene.”
then Zedekiah the king sent and had him brought out. The king asked him secretly in his house, “Is there any word from Yahweh?” Jeremiah said, “There is.” He also said, “You will be delivered into the hand of the king of Babylon.”
18 Afei, Yeremia bisaa ɔhene no sɛ, “Ɛdeɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfoɔ anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi?
Moreover Jeremiah said to King Zedekiah, “How have I sinned against you, against your servants, or against this people, that you have put me in prison?
19 Ɛhe na wʼadiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo sɛ, ‘Babiloniahene rento nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ?
Now where are your prophets who prophesied to you, saying, ‘The king of Babylon will not come against you, nor against this land’?
20 Na afei, ɔdɛɛfoɔ, mesrɛ wo, tie. Ma memfa me nkotosrɛ nto wʼanim: Mfa me nkɔto ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie hɔ bio, anyɛ saa a mɛwu wɔ hɔ.”
Now please hear, my lord the king: please let my supplication be presented before you, that you not cause me to return to the house of Jonathan the scribe, lest I die there.”
21 Ɔhene Sedekia hyɛɛ sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto awɛmfoɔ adihɔ hɔ, na wɔmma no burodo a ɛfiri burodotofoɔ borɔno so da biara nkɔsi sɛ kuropɔn no mu burodo nyinaa bɛsa. Enti Yeremia kaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ.
Then Zedekiah the king commanded, and they committed Jeremiah into the court of the guard. They gave him daily a loaf of bread out of the bakers’ street, until all the bread in the city was gone. Thus Jeremiah remained in the court of the guard.

< Yeremia 37 >