< Yeremia 33 >

1 Ɛberɛ a, Yeremia da so da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ:
Moreover the word of the LORD came to Jeremiah the second time, while he was yet shut up in the court of the guard, saying,
2 “Yei ne deɛ Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ asase, Awurade a ɔyɛeɛ ma ɛtimiiɛ, Awurade ne ne din:
"Thus says the LORD who made the earth, and who formed it to establish it; the LORD is his name:
3 ‘Frɛ me na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nneɛma a ahinta a wonnim.
'Call to me, and I will answer you, and will show you great and hidden things, which you do not know.'
4 Na sei na Awurade, Israel Onyankopɔn ka: Moabubu afie a ɛwɔ saa kuropɔn yi mu ne Yuda ahemfie ahodoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mmubuiɛ de agyina afasuo no atia mo atamfoɔ ntuano epie ne akofena.
For thus says the LORD, the God of Israel, concerning the houses of this city, and concerning the houses of the kings of Judah, which are broken down to make a defense against the mounds and against the sword;
5 Moayɛ mo adwen sɛ mo ne Babiloniafoɔ bɛko, nanso mede mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ bɛkunkum mo, na mo afunu bɛyɛ hɔ ma. Mɛyi mʼani afiri saa kuropɔn yi so ɛsiane nʼamumuyɛ nyinaa enti.
while men come to fight with the Chaldeans, and to fill them with the dead bodies of men, whom I have killed in my anger and in my wrath, and for all whose wickedness I have hidden my face from this city:
6 “‘Nanso, mede ahoɔden ne ayaresa bɛbrɛ no; mɛsa me nkurɔfoɔ yadeɛ na mama wɔn anya asomdwoeɛ ne banbɔ a ɛdɔɔso.
'Look, I will bring it health and healing, and I will heal them; and I will reveal to them abundance of peace and truth.
7 Mɛsane de Yuda ne Israel afiri nnommumfa mu aba na masane agye wɔn asi hɔ sɛ dea na wɔte dada no.
I will cause the captivity of Judah and the captivity of Israel to return, and will build them, as at the first.
8 Mɛhohoro wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa, na mede wɔn atuateɛ ho bɔne nso akyɛ wɔn.
I will cleanse them from all their iniquity, by which they have sinned against me; and I will pardon all their iniquities, by which they have sinned against me, and by which they have transgressed against me.
9 Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta. Ɛbɛma me anigyeɛ, ayɛyie ne animuonyam wɔ asase so aman nyinaa a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wɔbɛsuro na wɔn ho apopo wɔ yiedie ne asomdwoeɛ bebrebe a mede ma no enti.’
This city shall be to me for a name of joy, for a praise and for a glory, before all the nations of the earth, which shall hear all the good that I do to them, and shall fear and tremble for all the good and for all the peace that I procure to it.'
10 “Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Woka fa saa beaeɛ yi ho sɛ, “Ada mpan, a nnipa anaasɛ mmoa nni so.” Nanso, Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene a ada mpan na nnipa anaa mmoa nni no, ɛhɔ na wɔbɛsane ate bio
"Thus says the LORD: 'Yet again there shall be heard in this place, about which you say, "It is waste, without man and without animal," even in the cities of Judah, and in the streets of Jerusalem, that are desolate, without man and without inhabitant and without animal,
11 ahurisie ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔ ne ayeforɔkunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie nne sɛ, “‘Momfa aseda mma Asafo Awurade, ɛfiri sɛ Awurade yɛ, na ne dɔ wɔ hɔ daa.’” Na mɛsane de asase no so nnepa a ɛwɔ hɔ dada no aba bio, Awurade, na ɔseɛ.
the voice of joy and the voice of gladness, the voice of the bridegroom and the voice of the bride, the voice of those who say, "Give thanks to the LORD of hosts, for the LORD is good, for his loving kindness endures forever; who bring thanksgiving into the house of the LORD." For I will cause the captivity of the land to return as at the first,' says the LORD.
12 “Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Ɛha yi a ada mpan a nnipa ne mmoa nni mu no; ne nkuro nyinaa so no wɔbɛnya adidibea ama nnwanhwɛfoɔ deɛ wɔn nnwankuo bɛhome.
Thus says the LORD of hosts: 'Yet again shall there be in this place, which is waste, without man and without animal, and in all its cities, a habitation of shepherds causing their flocks to lie down.
13 Nkuro a ɛwɔ bepɔ so ɔman mu, atɔeɛ fam mmepɔ ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkuro mu, nnwankuo bɛtwam bio wɔ deɛ ɔkane wɔn nsa ase.’ Awurade, na aka.
In the cities of the hill country, in the cities of the lowland, and in the cities of the Negev, and in the land of Benjamin, and in the places about Jerusalem, and in the cities of Judah, shall the flocks again pass under the hands of him who numbers them,' says the LORD.
14 “‘Nna no reba,’ Awurade na ɔseɛ, a mɛma adom bɔhyɛ a mehyɛɛ Israel efie ne Yudafie aba mu.
'Look, the days come,' says the LORD, 'that I will perform that good word which I have spoken concerning the house of Israel and concerning the house of Judah.
15 “‘Nna no mu ne saa ɛberɛ no mɛma tenenee Duban afefɛ afiri Dawid ase; ɔbɛyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase no so.
In those days, and at that time, will I cause a Branch of righteousness to grow up to David; and he shall execute justice and righteousness in the land.
16 Saa nna no mu, wɔbɛgye Yuda nkwa na Yerusalem bɛtena asomdwoeɛ mu. Yei ne din a wɔde bɛfrɛ no Awurade, Yɛn Tenenee.’
In those days shall Judah be saved, and Jerusalem shall dwell safely; and this is the name by which she shall be called: "The LORD our righteousness."
17 Na yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel efie ahennwa so no remmɔ Dawid da,
For thus says the LORD: "David shall never want a man to sit on the throne of the house of Israel;
18 saa ara nso na asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no, ɔbarima a ɔbɛgyina mʼanim daa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ na ɔde afɔdeɛ ahodoɔ abrɛ me, remmɔ wɔn da.’”
neither shall the priests the Levites want a man before me to offer burnt offerings, and to burn meal offerings, and to do sacrifice continually."'"
19 Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:
The word of the LORD came to Jeremiah, saying,
20 “Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Sɛ wobɛtumi abu me ne adekyeɛ ne adesaeɛ apam so, na adekyeɛ ne adesaeɛ amma wɔn ɛberɛ a wɔahyehyɛ no a,
"Thus says the LORD: 'If you can break my covenant of the day, and my covenant of the night, so that there shall not be day and night in their season;
21 ɛnneɛ na me ne mʼakoa Dawid apam ne Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ a wɔsom wɔ mʼanim no apam no nso, wobɛtumi abu so, na Dawid rennya nʼaseni a ɔbɛtena ahennwa so adi ɔhene bio.
then may also my covenant be broken with David my servant, that he shall not have a son to reign on his throne; and with the Levites the priests, my ministers.
22 Mɛma mʼakoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔsom wɔ mʼanim no ase adɔre te sɛ ɔsoro nsoromma a wɔntumi nkane ne mpoano anwea a wɔntumi nsusuo.’”
As the host of heaven can't be numbered, neither the sand of the sea measured; so will I multiply the offspring of David my servant, and the Levites who minister to me.'"
23 Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
The word of the LORD came to Jeremiah, saying,
24 “Wontee sɛ nnipa yi reka sɛ, ‘Awurade apo ahennie mmienu a ɔyiiɛ no’ anaa? Enti wɔbu me ɔman animtia na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio.
"Do not consider what this people has spoken, saying, 'The two families which the LORD chose, he has cast them off?' Thus do they despise my people, that they should be no more a nation before them.
25 Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Sɛ mantintim me ne adekyeɛ ne adesaeɛ apam ne ɔsoro ne asase mmara no a,
Thus says the LORD: 'If my covenant of day and night fails, if I have not appointed the ordinances of heaven and earth;
26 ɛnneɛ anka mɛpo Yakob ne mʼakoa Dawid asefoɔ, na merennyi ne mmammarima mu baako sɛ ɔnni Abraham, Isak ne Yakob asefoɔ so. Na mede wɔn ahonyadeɛ bɛsane ama wɔn, na manya ayamhyehyeɛ ama wɔn.’”
then will I also cast away the descendants of Jacob, and of David my servant, so that I will not take of his descendants to be rulers over the descendants of Abraham, Isaac, and Jacob: for I will cause their captivity to return, and will have mercy on them.'"

< Yeremia 33 >