< Yakobo 1 >

1 Krataa yi firi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo ɔsomfoɔ nkyɛn, Mekyea mmusuakuo dumienu a wɔahwete no nyinaa.
James, a servant of God and of the Lord Jesus Christ, to the twelve tribes which are in the Dispersion: Greetings.
2 Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye
Count it all joy, my brothers, when you fall into various temptations,
3 ɛfiri sɛ, sɛ mo gyidie tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na monya boasetɔ.
knowing that the testing of your faith produces endurance.
4 Momma boasetɔ no ntena mo mu daa nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo.
Let endurance have its perfect work, that you may be perfect and complete, lacking in nothing.
5 Sɛ nyansa ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn firi ayamyɛ ne adom mu ma obiara deɛ ɛhia no no kwa.
But if any of you lacks wisdom, let him ask of God, who gives to all liberally and without reproach, and it will be given to him.
6 Na sɛ worebɔ mpaeɛ a, ɛsɛ sɛ wogye di a wonnye ho akyinnyeɛ. Obiara a ɔgye akyinnyeɛ no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ.
But let him ask in faith, without any doubting, for he who doubts is like a wave of the sea, driven by the wind and tossed.
7 Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susu sɛ ɔbɛnya biribiara afiri Awurade nkyɛn;
For that man shouldn’t think that he will receive anything from the Lord.
8 nʼadwene yɛ no ntanta a ɔntumi nsi biribiara pi.
He is a double-minded man, unstable in all his ways.
9 Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye,
Let the brother in humble circumstances glory in his high position;
10 na adefoɔ a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Ɛfiri sɛ, adefoɔ no twam kɔ sɛ wiram afifideɛ bi.
and the rich, in that he is made humble, because like the flower in the grass, he will pass away.
11 Owia pue de ne hyeɛ no hye afifideɛ no ma nʼahoɔfɛ no sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefoɔ no ɛberɛ a wɔgu so redi wɔn nnwuma no.
For the sun arises with the scorching wind and withers the grass; and the flower in it falls, and the beauty of its appearance perishes. So the rich man will also fade away in his pursuits.
12 Nhyira nka onipa a ɔnya gyidie wɔ amanehunu mu, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛnya akyɛdeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no.
Blessed is a person who endures temptation, for when he has been approved, he will receive the crown of life which the Lord promised to those who love him.
13 Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ, “Saa sɔhwɛ yi firi Onyankopɔn.” Ɛfiri sɛ, bɔne rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno Onyankopɔn nso nsɔ obi nhwɛ.
Let no man say when he is tempted, “I am tempted by God,” for God can’t be tempted by evil, and he himself tempts no one.
14 Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no.
But each one is tempted when he is drawn away by his own lust and enticed.
15 Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyini a ɛwo owuo.
Then the lust, when it has conceived, bears sin. The sin, when it is full grown, produces death.
16 Me nuanom adɔfoɔ, mommma wɔnnnaadaa mo.
Don’t be deceived, my beloved brothers.
17 Akyɛdeɛ pa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi ɔsoro; ɛfiri Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsum.
Every good gift and every perfect gift is from above, coming down from the Father of lights, with whom can be no variation nor turning shadow.
18 Ɔfiri ne pɛ mu nam nokorɛ a ɛwɔ asɛm no mu no so woo yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛbɛdi ɛkan wɔ abɔdeɛ nyinaa mu.
Of his own will he gave birth to us by the word of truth, that we should be a kind of first fruits of his creatures.
19 Me nuanom adɔfoɔ, monhyɛ yeinom nso: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuo;
So, then, my beloved brothers, let every man be swift to hear, slow to speak, and slow to anger;
20 ɛfiri sɛ, onipa abufuo no mma ɔnnya Onyankopɔn tenenee no.
for the anger of man doesn’t produce the righteousness of God.
21 Ɛno enti, montwe mo ho mfiri afideɛ ne atirimuɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na monnye asɛm a ɔdua wɔ mo akoma mu a ɛbɛgye mo nkwa no.
Therefore, putting away all filthiness and overflowing of wickedness, receive with humility the implanted word, which is able to save your souls.
22 Monntie asɛm no sɛ atiefoɔ kwa nsisi mo ho, na mmom, monyɛ asɛm no yɛfoɔ.
But be doers of the word, and not only hearers, deluding your own selves.
23 Obiara a ɔtie asɛm no na ɔmfa nni dwuma no te sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu, na ɔhunu sɛdeɛ ɔteɛ.
For if anyone is a hearer of the word and not a doer, he is like a man looking at his natural face in a mirror;
24 Ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ no mu hunu ne ho yie na sɛ ɔfiri ahwehwɛ no anim ara pɛ a, ne werɛ firi deɛ ɔhunuiɛ no nyinaa.
for he sees himself, and goes away, and immediately forgets what kind of man he was.
25 Nanso, obiara a ɔhwɛ mmara a ɛyɛ pɛ no mu yie, deɛ ɛma onipa de ne ho, na ɔdi so, na ɔtie, na ne werɛ mfiri, na ɔde di dwuma no, Onyankopɔn bɛhyira saa onipa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu.
But he who looks into the perfect law of freedom and continues, not being a hearer who forgets but a doer of the work, this man will be blessed in what he does.
26 Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ Onyamesomfoɔ na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no ho nni mfasoɔ na ɔdaadaa ne ho nso.
If anyone amongst you thinks himself to be religious while he doesn’t bridle his tongue, but deceives his heart, this man’s religion is worthless.
27 Deɛ Agya Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ nyamesom pa no nie: Ɔhwɛ nwisiaa ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohia mu, na ɔyi ne ho firi ewiase porɔeɛ ho.
Pure religion and undefiled before our God and Father is this: to visit the fatherless and widows in their affliction, and to keep oneself unstained by the world.

< Yakobo 1 >