< Yesaia 8 >

1 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ kɛseɛ no na fa twerɛdua biara twerɛ so.
The LORD said to me, "Take a large tablet, and write on it with a man's pen, 'For Maher Shalal Hash Baz;'
2 Na mɛfrɛ ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ mʼadansefoɔ nokwafoɔ aba.”
and I will take for myself faithful witnesses to testify: Uriah the priest, and Zechariah the son of Berechiah."
3 Afei mekɔɔ nkɔmhyɛni baa no ho, na ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.
I went to the prophetess, and she conceived, and bore a son. Then said the LORD to me, "Call his name 'Maher Shalal Hash Baz.'
4 Ansa na abarimaa no bɛtumi aka, ‘Mʼagya’ anaa sɛ ‘me maame’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahodeɛ ne Samaria afodeɛ nyinaa akɔ.”
For before the child knows how to say, 'My father,' and, 'My mother,' the riches of Damascus and the spoil of Samaria will be carried away by the king of Assyria."
5 Awurade kasa kyerɛɛ me bio sɛ,
The LORD spoke to me yet again, saying,
6 “Esiane sɛ saa nkurɔfoɔ yi apo Siloa nsuo a ɛresene brɛoo na wɔdi ahurisie wɔ Resin ne Remalia babarima no ho enti,
"Because this people have refused the waters of Shiloah that go softly, and rejoice in Rezin and Remaliah's son;
7 Awurade reyɛ de Asubɔnten no yire kɛseɛ no atia wɔn, Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa. Ɛbɛyiri afa ne mmɔnka nyinaa mu, na abu afa ne nkonkɔn so
now therefore, look, the LORD brings upon them the mighty flood waters of the River: the king of Assyria and all his glory. It will come up over all its channels, and go over all its banks.
8 na apra abɛfa Yuda, akontono afa ho, atene afa mu abɛdeda ɛkɔn mu. Na atrɛtrɛ akata asase no nyinaa so Ao Immanuel.”
It will sweep onward into Judah. It will overflow and pass through; it will reach even to the neck; and the stretching out of its wings will fill the breadth of your land, Immanuel.
9 Momma ɔko nteamu so, mo aman na wɔndwɛre mo! Montie mo akyirikyiri aman. Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo! Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!
Make an uproar, you peoples, and be broken in pieces. Listen, all you from far countries. Prepare for battle, and be shattered.
10 Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
Take counsel together, and it will be brought to nothing; speak the word, and it will not stand: for God is with us."
11 Awurade de ne nsa denden no too me so, ka kyerɛ me bɔɔ me kɔkɔ sɛ, mennante saa nkurɔfoɔ yi kwan so. Ɔkaa sɛ,
For the LORD spoke thus to me with a strong hand, and instructed me not to walk in the way of this people, saying,
12 “Ɛnyɛ biribiara a saa nkurɔfoɔ yi frɛ no tirisopam na ɛyɛ tirisopam. Monnsuro deɛ wosuro, na momma ɛmmɔ mo hu.
"Do not say, 'A conspiracy.' concerning all about which this people say, 'A conspiracy.' And do not fear what they fear, nor be in dread.
13 Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron, ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no, ɔno na ne ho yɛ hu,
The LORD of hosts is who you must regard as holy. He is the one you must fear. He is the one you must dread.
14 ɔbɛyɛ kronkronbea: nanso Israel afie mmienu no deɛ, ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase. Na ne nnipa a ɛwɔ Yerusalem deɛ ɔbɛyɛ afidie a ɛbɛyi wɔn.
And he will be a sanctuary; but for a stone of stumbling and for a rock that makes them fall to both the houses of Israel, for a trap and for a snare to the inhabitants of Jerusalem.
15 Wɔn mu bebree bɛsuntisunti; wɔbɛhwe ase a wɔnnsɔre bio; wɔbɛsum wɔn afidie na ayi wɔn.”
Many will stumble over it, fall, be broken, be snared, and be captured."
16 Kyekyere adanseɛ no sɔ mmara no ano ma mʼasuafoɔ.
Wrap up the testimony. Seal the law among my disciples.
17 Mɛtwɛn Awurade a wayi nʼani afiri Yakob efie so mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.
I will wait for the LORD, who hides his face from the house of Jacob, and I will trust in him.
18 Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no nie. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne ahyɛnsodeɛ wɔ Israel, na yɛfiri Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔso no nkyɛn.
Look, I and the children whom God has given me are for signs and wonders in Israel from the LORD of hosts, who dwells on Mount Zion.
19 Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkɔ hunu asamanfrɛfoɔ ne nnunsifoɔ a wɔkasa aso mu na emu nteɛ a, adɛn enti na wɔmmmisa wɔn Onyankopɔn? Adɛn enti na mobisa adeɛ wɔ awufoɔ nkyɛn ma ateasefoɔ?
When they tell you, "Consult with the spirits of the dead and familiar spirits who chirp and who mutter. Shouldn't a people consult with their gods, by consulting the dead on behalf of the living?"
20 Sɛ wɔannyina mmara ne adanseɛ yi so anka asɛm yi a, wonni adekyeɛ mu hann.
Turn to the law and to the testimony. If they do not speak according to this word, surely there is no morning for them.
21 Wɔde ahohiahia ne ɛkɔm bɛnantenante asase no so; na sɛ wɔtɔ baha a, wɔn bo bɛfu na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn ɔhene ne wɔn Onyankopɔn.
They will pass through it, greatly distressed and hungry; and it will happen that when they are hungry, they will worry, and curse by their king and by their God. They will turn their faces upward,
22 Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wobɛhunu ahohiahia ne esum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛne esum kabii mu.
and look to the earth, and see distress, darkness, and the gloom of anguish. They will be driven into thick darkness.

< Yesaia 8 >