< Yesaia 56 >

1 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monkɔ so mmu atɛntenenee na monyɛ deɛ ɛyɛ, ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛn na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi. 2 Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom, onipa a ɔkura mu denden: deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron, na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.” 3 Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ, “Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.” Na opiani biara nso nwiinwii sɛ, “Meyɛ duawuiɛ.” 4 Sei na Awurade seɛ, “Apiafoɔ a wɔkae me home nna, wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani na wɔkura mʼapam mu denden, 5 mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu, nkaedeɛ ne edin a ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa; mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ, edin a ɛrentwam. 6 Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade sɛ wɔbɛsom no, sɛ wɔbɛdɔ Awurade din, na wɔasɔre no, wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa, na wɔkura mʼapam mu denden; 7 yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie. Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no, mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so; na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a aman nyinaa bɔ mpaeɛ.” 8 Otumfoɔ Awurade, deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ: “Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.” 9 Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa, mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa! 10 Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn mu biara nni nimdeɛ; wɔn nyinaa yɛ nkraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ, nna yɛ wɔn dɛ. 11 Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie; wɔnnidi mmee da. Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ; wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan, obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ. 12 “Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã! Momma yɛnnom nsaden mmoro! Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ, ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”

< Yesaia 56 >