< Yesaia 46 >

1 Bel bɔ ne mu ase, Nebo kuntun ne mu; mfunumu soa wɔn ahoni. Nsɛsodeɛ a wɔso nenam no mu yɛ duru, ɛyɛ adesoa ma deɛ wabrɛ. 2 Wɔbɔ mu kuntun, bɔ wɔn mu ase; wɔntumi nsi amanehunu ano, wɔn ankasa kɔ nkoasom mu. 3 “Montie me, Ao Yakob fiefoɔ, mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa, mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo. 4 Mpo kɔsi mo nkɔkoraa berɛ ne ɛberɛ a mobɛfu dwono mu, Me ne no, Me ne deɛ ɔbɛsɔ mo mu. Mabɔ mo na mɛturu mo; mɛwowa mo na mɛgye mo. 5 “Hwan ho na mode me bɛto, anaa mobɛbu no me sɛso? Hwan na mode me bɛsusu no, na mode ayɛ mfatoho? 6 Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ mu na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi, na wɔkoto sɔre no. 7 Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so, wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara. Ɛrentumi mfiri faako a esie. Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua; ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu. 8 “Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim, monnwene ho mo atuatefoɔ. 9 Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me. 10 Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ, ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ. Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina, na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa. 11 Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam; afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma. Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu; deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ. 12 Montie me, mo a moyɛ akokoɔdurufoɔ, mo a mo ne tenenee ntam ɛkwan ware; 13 Mede me tenenee repinkyɛ, ɛnni akyirikyiri; na me nkwagyeɛ nso, ɛrenkyɛre. Mɛma Sion nkwagyeɛ, na mede mʼanimuonyam ama Israel.

< Yesaia 46 >