< Yesaia 41 >

1 “Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔ! Ma aman no nhyɛ wɔn ho den! Ma wɔmmra ha mmɛkasa; momma yɛn mmom nhyia mu wɔ asɛnniiɛ hɔ.
“Keep silent before me, islands, and let the peoples renew their strength. Let them come near, then let them speak. Let’s meet together for judgment.
2 “Hwan na wakanyane deɛ ɔfiri apueeɛ no, afrɛ no tenenee mu sɛ ɔmmɛsom no? Ɔde aman hyɛ ne nsa na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim. Ɔde nʼakofena ma wɔdane mfuturo, ɔde ne bɛma ma wɔdane ntɛtɛ a mframa bɔ hwete.
Who has raised up one from the east? Who called him to his feet in righteousness? He hands over nations to him and makes him rule over kings. He gives them like the dust to his sword, like the driven stubble to his bow.
3 Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara enti ne ho, wɔ ɛkwan a ɔmfaa so da so.
He pursues them and passes by safely, even by a way that he had not gone with his feet.
4 Hwan na wayɛ yei akɔsi awieeɛ, afrɛ awoɔ ntoatoasoɔ afiri mfitiaseɛ? Me Awurade, mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Mene ɔno ara.”
Who has worked and done it, calling the generations from the beginning? I, Yahweh, the first, and with the last, I am he.”
5 Nsupɔ no ahunu na wɔbɔ hu; nsase ano ho popo. Wɔtwi bɛn, na wɔba anim;
The islands have seen, and fear. The ends of the earth tremble. They approach, and come.
6 na obiara boa ne yɔnko na ɔka kyerɛ ne nua sɛ, “Yɛ den!”
Everyone helps his neighbor. They say to their brothers, “Be strong!”
7 Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ nkuran, na deɛ ɔde asaeɛ yɛ no tromtrom boa deɛ ɔbɔ atomboɔ so. Ɔka fa ɔsɔ no ho sɛ, “Ɛyɛ pa ara.” Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛdeɛ ɛrentu nhwe fam.
So the carpenter encourages the goldsmith. He who smooths with the hammer encourages him who strikes the anvil, saying of the soldering, “It is good;” and he fastens it with nails, that it might not totter.
8 “Nanso wo, Ao Israel, me ɔsomfoɔ, Yakob, deɛ mayi no no, mo, mʼadamfo Abraham asefoɔ.
“But you, Israel, my servant, Jacob whom I have chosen, the offspring of Abraham my friend,
9 Mefaa wo firi nsase ano, firi nʼakyirikyiri ntweaso, na mefrɛɛ wo. Mekaa sɛ, ‘Woyɛ me ɔsomfoɔ’; mapa wo na me ne wo wɔ hɔ.
you whom I have taken hold of from the ends of the earth, and called from its corners, and said to you, ‘You are my servant. I have chosen you and have not cast you away.’
10 Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ; mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo.
Don’t you be afraid, for I am with you. Don’t be dismayed, for I am your God. I will strengthen you. Yes, I will help you. Yes, I will uphold you with the right hand of my righteousness.
11 “Wɔn a wɔn bo afu wo no nyinaa, ampa ara wɔn ani bɛwu na wɔn anim agu ase; wɔn a wɔtia wo no rensɛ hwee na wɔbɛwu.
Behold, all those who are incensed against you will be disappointed and confounded. Those who strive with you will be like nothing, and shall perish.
12 Ɛwom sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfoɔ deɛ, nanso worenhunu wɔn. Wɔn a wɔtu wo so sa no rensɛ hwee koraa.
You will seek them, and won’t find them, even those who contend with you. Those who war against you will be as nothing, as a nonexistent thing.
13 Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, deɛ ɔkura wo nsa nifa mu na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro; mɛboa wo.
For I, Yahweh your God, will hold your right hand, saying to you, ‘Don’t be afraid. I will help you.’
14 Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob, Ao Israel a wo sua, na mʼankasa mɛboa wo,” Awurade na ɔseɛ, wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no.
Don’t be afraid, you worm Jacob, and you men of Israel. I will help you,” says Yahweh. “Your Redeemer is the Holy One of Israel.
15 “Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhusoɔ apa, a ɛyɛ mono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. Wobɛhuhu mmepɔ no so na woadwiri wɔn, na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ.
Behold, I have made you into a new sharp threshing instrument with teeth. You will thresh the mountains, and beat them small, and will make the hills like chaff.
16 Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani bɛgye wɔ Awurade mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam.
You will winnow them, and the wind will carry them away, and the whirlwind will scatter them. You will rejoice in Yahweh. You will glory in the Holy One of Israel.
17 “Ohiani ne mmɔborɔni kyini pɛ nsuo, nanso ebi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so awe. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuaeɛ. Me, Israel Onyankopɔn, merennya wɔn.
The poor and needy seek water, and there is none. Their tongue fails for thirst. I, Yahweh, will answer them. I, the God of Israel, will not forsake them.
18 Mɛma nsubɔntene atene wɔ sorɔnsorɔmmea bonini no so, na nsutire apue wɔ bɔnhwa mu. Mɛdane anweatam ayɛ no nsubura, na nsase a awo adane nsutire bebree.
I will open rivers on the bare heights, and springs in the middle of the valleys. I will make the wilderness a pool of water, and the dry land springs of water.
19 Mɛduadua wɔ anweatam so, ntweneduro, okuo, ohwam ne ngo nnua. Mɛduadua pepeaa, wɔ asase wesee so asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abɔ mu,
I will put cedar, acacia, myrtle, and oil trees in the wilderness. I will set cypress trees, pine, and box trees together in the desert;
20 sɛdeɛ nnipa bɛhunu na wɔate, na wɔasusu ho na wɔate aseɛ sɛ, Awurade nsa na ayɛ saa adeɛ yi; Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbaeɛ.
that they may see, know, consider, and understand together, that Yahweh’s hand has done this, and the Holy One of Israel has created it.
21 “Bɔ wo nkuro,” Awurade na ɔseɛ. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Ɔhene na ɔseɛ.
Produce your cause,” says Yahweh. “Bring out your strong reasons!” says the King of Jacob.
22 “Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka deɛ ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛdeɛ na kane nneɛma no teɛ nkyerɛ yɛn, sɛdeɛ yɛbɛdwene ho afa na yɛahunu deɛ ɛbɛfiri mu aba. Anaa sɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ɛbɛsi nkyerɛ yɛn.
“Let them announce and declare to us what will happen! Declare the former things, what they are, that we may consider them, and know the latter end of them; or show us things to come.
23 Monka nkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi daakye, na ama yɛahunu sɛ moyɛ anyame. Monyɛ biribi, sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn aba mu bɛbu na ehu aka yɛn.
Declare the things that are to come hereafter, that we may know that you are gods. Yes, do good, or do evil, that we may be dismayed, and see it together.
24 Nanso, monnka hwee, na mo nnwuma ho nni mfasoɔ; deɛ ɔfa mo no yɛ akyiwadeɛ.
Behold, you are nothing, and your work is nothing. He who chooses you is an abomination.
25 “Makanyane obi a ɔfiri atifi fam na ɔreba, deɛ ɔfiri owia apueeɛ na ɔbɔ me din. Ɔtiatia sodifoɔ so te sɛ dɔteɛ a wɔde si dan, te sɛ ɔnwomfoɔ a ɔrewɔ dɔteɛ.
“I have raised up one from the north, and he has come, from the rising of the sun, one who calls on my name, and he shall come on rulers as on mortar, and as the potter treads clay.
26 Hwan na ɔkaa yei ho asɛm firii ahyɛaseɛ, sɛdeɛ anka ɛbɛma yɛahunu, anaa waka ato hɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi aka sɛ, ‘Ne deɛ no yɛ’? Obiara anka yei, obiara anni ɛkan anka, obiara ante nsɛm biara amfiri wo nkyɛn.
Who has declared it from the beginning, that we may know? and before, that we may say, ‘He is right’? Surely, there is no one who declares. Surely, there is no one who shows. Surely, there is no one who hears your words.
27 Me na medii ɛkan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, wɔn nie!’ Mɛma Yerusalem ɔsomafoɔ bi a ɔde asɛmpa bɛba.
I am the first to say to Zion, ‘Behold, look at them;’ and I will give one who brings good news to Jerusalem.
28 Mehwɛ nanso obiara nni hɔ, obiara nni wɔn mu a ɔbɛtu wɔn fo, sɛ mebisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuaeɛ.
When I look, there is no man, even among them there is no counselor who, when I ask, can answer a word.
29 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofoɔ! Wɔn nneyɛeɛ nka hwee; wɔn nsɛsodeɛ yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara.
Behold, all of their deeds are vanity and nothing. Their molten images are wind and confusion.

< Yesaia 41 >