< Yesaia 36 >

1 Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so no, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no so dii so. 2 Afei, Asiriahene somaa nʼananmusifoɔ firi Lakis a akodɔm kɛseɛ ka ne ho kɔhyiaa Ɔhene Hesekia wɔ Yerusalem. Ɛberɛ a ɔsahene no bɛgyinaa nsudorobɛn bi a ɛfiri Atifi Tadeɛ de kɔ Ntomasifoɔ Atenaeɛ hɔ no, 3 Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔhyiaa no. 4 Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ, “‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa? 5 Woka sɛ wowɔ akodie ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hwan na ɔtaa wʼakyi a enti wote mʼanim atua? 6 Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora. 7 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, “Yɛde yɛn ho ato Awurade yɛn Onyankopɔn so” a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia yiyii nʼasɔreɛ ne nʼafɔrebukyia na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ, “Ɛsɛ sɛ mosɔre wɔ saa afɔrebukyia yi anim no” anaa? 8 “‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. 9 Na wʼasraadɔm ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso daeɛ sɛ wobɛtumi ne me wura akodɔm no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛ mpo adi asie. Menim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mmoa so. 10 Bio, wogye di sɛ, maba sɛ merebɛto ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a Awurade nsa nni mu? Awurade ankasa ka kyerɛɛ me sɛ, menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’” 11 Na Eliakim, Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔsahene no sɛ, “Yɛsrɛ mo, monka Arameike kasa nkyerɛ mo asomfoɔ, ɛfiri sɛ, yɛte aseɛ yie. Monnka Hebri na nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte aseɛ.” 12 Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.” 13 Afei, ɔsahene no sɔre gyina kasaa Hebri mu sɛ, “Montie saa nkra yi a ɛfiri ɔhempɔn, Asiriahene no nkyɛn! 14 Sɛdeɛ ɔhene no seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nye mo! 15 Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkaa no sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuro yi mma Asiriahene’ no, mma mo tirim nyɛ mo dɛ. 16 “Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu, 17 kɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo deɛ yi so, ayuo ne nsã foforɔ asase, aduane ne bobe mfuo asase. 18 “Mommma Hesekia nka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn,’ mfa nnaadaa mo. Ɔman bi so nyame atumi agye ne ɔman afiri Asiriahene nsam pɛn anaa? 19 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Na Sefarwaim anyame no nso wɔ he? Wɔagye Samaria afiri me nsam anaa? 20 Ɔman bɛn so nyame na watumi agye ne manfoɔ afiri me tumi ase? Na afei ɛbɛyɛ dɛn na Awurade bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?” 21 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa. 22 Afei, Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntadeɛ mu, kɔkaa deɛ ɔsahene no aka kyerɛɛ no.

< Yesaia 36 >