< Yesaia 30 >

1 “Monnue mmɔfra asoɔdenfoɔ,” sɛi na Awurade seɛ, “Wɔn a wɔde nhyehyɛeɛ a ɛmfiri me yɛ adwuma, na wɔyɛ apam a ɛmfiri me honhom mu, na wɔboaboa bɔne ano; 2 wɔn a wɔkɔ Misraim a wɔmmisa me ansa. Wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ banbɔ firi Farao nkyɛn. Wɔkɔ Misraim kɔpɛ hintabea, 3 nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo. Misraim nwunu de ahohora bɛbrɛ mo. 4 Ɛwom sɛ wɔwɔ adwumayɛfoɔ wɔ Soan na wɔn ananmusifoɔ aduru Hanes deɛ, 5 nanso wɔn nyinaa anim bɛgu ase nnipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti. Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma, na mmom animguaseɛ ne ahohora.” 6 Nkɔmhyɛ a ɛfa Negeb mmoa ho: wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so, deɛ agyata ne agyatabereɛ, ananka ne awɔ a wɔn ho yɛ herɛ wɔ. Ananmusifoɔ no de wɔn ahonyadeɛ soa mfunumu ne wɔn ademudeɛ wɔ nyoma afu so, de kɔ saa ɔman a ne ho nni mfasoɔ no so, 7 de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ. Enti mefrɛ no Rahab, deɛ Ɔnka Hwee. 8 Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔn krukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ so sɛdeɛ nna a ɛreba no mu no ɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. 9 Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Awurade nkyerɛkyerɛ. 10 Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ, “Monnhunu mo ani so adeɛ bio!” ne adiyifoɔ no nso sɛ, “Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio! Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn, monhyɛ nnaadaa nkɔm. 11 Momfiri saa tempɔn yi so, mommane mfiri saa kwan yi ho na monnyae Israel Kronkronni a mode no ha yɛn yi!” 12 Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ: “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, na mode mo ho ato nhyɛsoɔ ne nnaadaa so enti, 13 saa bɔne yi bɛyɛ sɛ ɔfasuo tentene bi a ate kam na akyea na ɛbu mpofirim, ama mo. 14 Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo. Ɛbɛyam pasaa a esini koraa renka a wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.” 15 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ: “Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ; kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ, nanso, morennya emu biara. 16 Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’ Enti mobɛdwane! Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’ Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ! 17 Apem bɛdwane ɔbaako ho hu nti; baanum ho hu enti mo nyinaa bɛdwane akɔ, kɔsi sɛ wɔbɛgya mo te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi, te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.” 18 Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo; ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa! 19 Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ. 20 Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan. 21 Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.” 22 Afei, mobɛto mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsodeɛ a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛto wɔn agu sɛ ntomago fi, na mo aka akyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri yɛn so nkɔ.” 23 Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ. 24 Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu. 25 Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so. 26 Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no. 27 Hwɛ! Awurade firi akyirikyiri reba, ɔde abufuhyeɛ ne wisie kumɔnn; abufuo ahyɛ nʼanom ma, na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhye nneɛma. 28 Nʼahomeɛ te sɛ nsuworoeɛ a ɛsene ntɛm ntɛm, na ɛforo kɔdeda kɔn mu. Ɔwoso aman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneɛ so; ɔde nnareka a ɛma wɔfom ɛkwan hyehyɛ nnipa no nnyepi. 29 Na mobɛto dwom te sɛ anadwo a modi afahyɛ kronkron no; mo akoma bɛdi ahurisie te sɛ ɛberɛ a nnipa de atɛntɛbɛn foro kɔ Awurade bepɔ no so kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn. 30 Awurade bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne, na ɔbɛma wɔahunu ne basa a ɛresiane na ɛde abufuhyeɛ ne ogya a ɛhye nneɛma, osutɔ denden, aprannaa ne ampariboɔ reba. 31 Awurade nne bɛdwerɛ Asiria; ɔde nʼahenpoma bɛbɔ wɔn ahwe fam. 32 Awurade bɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu, na ɛberɛ biara a ɔbɛbɔ wɔn no ɛbɛyɛ sɛdeɛ akasaeɛ ne sankuten so nnwontoɔ korɔ. 33 Wɔasiesie Topet dadaada; wɔayɛ no krado ama ɔhene no. Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree wɔ ne ogya amena no a emu dɔ na ɛtrɛ no mu; Awurade ahome a ɛte sɛ sɔfe asutene no bɛsɔ mu ogya.

< Yesaia 30 >