< Yesaia 3 >

1 Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebɛgyae deɛ ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduane ne nsuo a ɔde ma wɔn nyinaa.
For, behold, the Lord, Yahweh of Armies, takes away from Jerusalem and from Judah supply and support, the whole supply of bread, and the whole supply of water;
2 Nnɔmmarima ne akofoɔ, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ, nkɔmhyɛni ne ɔpanin,
the mighty man, the man of war, the judge, the prophet, the diviner, the elder,
3 aduonum so panin ne deɛ ɔwɔ diberɛ, ɔfotufoɔ, odwumfoɔ nyansafoɔ ne nkaberɛkyerefoɔ oniferefoɔ.
the captain of fifty, the honorable man, the counselor, the skilled craftsman, and the clever enchanter.
4 “Mede mmerantewaa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanimfoɔ; na mmɔfra adi wɔn so.”
I will give boys to be their princes, and children shall rule over them.
5 Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, ɔbarima bɛtia ɔbarima, ɔyɔnko bɛtia ne yɔnko. Mmabunu bɛsɔre atia wɔn mpanimfoɔ, apapahwekwaa bɛtia onimuonyamfoɔ.
The people will be oppressed, everyone by another, and everyone by his neighbor. The child will behave himself proudly against the old man, and the wicked against the honorable.
6 Ɔbarima bɛsɔ ne nuanom baako mu wɔ nʼagya efie aka sɛ, “Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn dikanfoɔ; wɔ kuro a adane mmubuiɛ sie yi so.”
Indeed a man shall take hold of his brother in the house of his father, saying, “You have clothing, you be our ruler, and let this ruin be under your hand.”
7 Nanso, ɛda no ɔbɛteam sɛ, “Menni deɛ mede bɛyɛ. Menni aduane anaa ntoma wɔ me fie; mfa me nyɛ nnipa no so dikanfoɔ.”
In that day he will cry out, saying, “I will not be a healer; for in my house is neither bread nor clothing. You shall not make me ruler of the people.”
8 Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛeɛ tia Awurade. Wɔmmu nʼanimuonyam a ɛwɔ wɔn mu.
For Jerusalem is ruined, and Judah is fallen; because their tongue and their doings are against Yahweh, to provoke the eyes of his glory.
9 Sɛdeɛ wɔn anim teɛ no di adanseɛ tia wɔn; wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom; wɔmmfa nsie. Nnome nka wɔn! Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.
The look of their faces testify against them. They parade their sin like Sodom. They don’t hide it. Woe to their soul! For they have brought disaster upon themselves.
10 Ka kyerɛ teneneefoɔ sɛ ɛbɛsi wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔbɛdi wɔn nneyɛeɛ so aba.
Tell the righteous that it will be well with them, for they will eat the fruit of their deeds.
11 Nnome nka amumuyɛfoɔ! Amanehunu wɔ wɔn so! Wɔbɛtua wɔn so ka wɔ deɛ wɔn nsa ayɛ no ho.
Woe to the wicked! Disaster is upon them, for the deeds of their hands will be paid back to them.
12 Mmabunu hyɛ me nkurɔfoɔ so, mmaa di wɔn so. Ao me nkurɔfoɔ, mo akwankyerɛfoɔ ma mo yera; wɔma mo mane firi kwantempɔn no so.
As for my people, children are their oppressors, and women rule over them. My people, those who lead you cause you to err, and destroy the way of your paths.
13 Awurade tena ase wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔma ne mu so bu nkurɔfoɔ no atɛn.
Yahweh stands up to contend, and stands to judge the peoples.
14 Awurade bu atɛn de tia ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ ne akannifoɔ sɛ, “Mo na moasɛe me bobe turo; apoobɔdeɛ a ɛfiri ahiafoɔ nkyɛn wɔ mo afie mu.
Yahweh will enter into judgment with the elders of his people and their leaders: “It is you who have eaten up the vineyard. The plunder of the poor is in your houses.
15 Aseɛ ne sɛn enti na modwɛre me nkurɔfoɔ na mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
What do you mean that you crush my people, and grind the face of the poor?” says the Lord, Yahweh of Armies.
16 Awurade kasa sɛ, “Sion mmammaa yɛ ahantan; wɔnante toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa, na wɔn nan ase nkawa gyegye.
Moreover Yahweh said, “Because the daughters of Zion are arrogant, and walk with outstretched necks and flirting eyes, walking daintily as they go, jingling ornaments on their feet;
17 Enti Awurade bɛma tikuro abɛgu Sion mmaa tiri ho. Awurade bɛma wɔn tiri so apa.”
therefore the Lord brings sores on the crown of the head of the women of Zion, and Yahweh will make their scalps bald.”
18 Ɛda no Awurade bɛyiyi wɔn afɛfɛdeɛ: nkawa, ntomaban ne kɔnmuadeɛ,
In that day the Lord will take away the beauty of their anklets, the headbands, the crescent necklaces,
19 nsomuadeɛ, nkapo ne nkatanimu,
the earrings, the bracelets, the veils,
20 Wɔn mmɔtire, ananse ntweaban, abɔwomu, nnuhwam ntoa ne nkaberɛ,
the headdresses, the ankle chains, the sashes, the perfume containers, the charms,
21 ntimsoɔ mpɛtea ne hwenemu nkawa,
the signet rings, the nose rings,
22 ntadetenten pa, ngugusoɔ tiawa a ɛnni nsa, ntadeɛ yuu ne sika nkotokuo;
the fine robes, the capes, the cloaks, the purses,
23 nhwehwɛ, serekye ntadeɛ, tirinwi so nkawa ne abatiri so ngugusoɔ.
the hand mirrors, the fine linen garments, the tiaras, and the shawls.
24 Nkabɔne bɛsi deɛ ɛyɛ hwam anan mu; ntampehoma bɛsi nkatakɔnmu anan mu; tire a ɛso apa bɛsi tirinwi a wɔasiesie anan mu; ayitoma bɛsi ntoma pa anan mu; honam ani atwaatwa bɛsi ahoɔfɛ anan mu.
It shall happen that instead of sweet spices, there shall be rottenness; instead of a belt, a rope; instead of well set hair, baldness; instead of a robe, a wearing of sackcloth; and branding instead of beauty.
25 Wo mmarima bɛtotɔ akofena ano, wʼakofoɔ bɛtotɔ wɔ ɔko mu.
Your men shall fall by the sword, and your mighty in the war.
26 Sion apono bɛtwa adwo, adi awerɛhoɔ; na deɛ ɔnnibie bɛtena fam asu.
Her gates shall lament and mourn. She shall be desolate and sit on the ground.

< Yesaia 3 >