< Yesaia 23 >

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho: Ao, Tarsis ahyɛn, montwa adwo! Ɛfiri sɛ wɔasɛe Tiro na anka no afie anaa ɛhyɛngyinabea. Wɔfiri Kipro asase so abɛka akyerɛ wɔn. 2 Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔ no so ne mo Sidon adwadifoɔ a ɛpo so adwumayɛfoɔ ama mo ayɛ adefoɔ. 3 Nsuo akɛseɛ no so na aduane firi Sihor nam baeɛ; Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ, na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea. 4 Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban, ɛfiri sɛ ɛpo akasa sɛ, “Menkyemee da na menwoo da; mentetee mmammarima anaa mmammaa da.” 5 Sɛ asɛm no duru Misraim a, wɔn ho bɛdwiri wɔn wɔ nkra a ɛfiri Tiro no ho. 6 Montwa nkɔ Tarsis; montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so. 7 Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no? Yei ne teteete kuropɔn no a watu akɔtena akyirikyiri nsase soɔ no anaa? 8 Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro, deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ, deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma, na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so? 9 Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ, ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ ase na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase. 10 Yɛ wʼasase so adwuma te sɛ deɛ wɔyɛ wɔ Nil ho no Ao Ɔbabaa Tarsis, ɛfiri sɛ wonni hyɛngyinabea bio. 11 Awurade apagya ne nsa wɔ ɛpo no so ama ahennie ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no repopo. Wahyɛ Kanaan ho mmara sɛ, wɔnsɛe nʼaban. 12 Ɔkaa sɛ, “Wʼahurisidie no nso ha ara, Ao Ɔbabaa bunu Sidon a wɔadwera wo! “Sɔre, tware kɔ Kipro; ɛhɔ mpo worennya ahotɔ.” 13 Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no, saa nnipa a seesei wɔnka hwee no! Asiriafoɔ ayɛ no beaeɛ a anweatam so mmoa teɛ; wɔsisii wɔn ntua aban bebree, wɔdwirii nʼaban guiɛ ma ɛdanee mmubuiɛ. 14 Montwa adwo, Tarsis ahyɛn; wɔasɛe wʼaban! 15 Saa ɛberɛ no wɔrenkae Tiro mfeɛ aduɔson, a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfeɛ aduɔson akyi no, deɛ ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛdeɛ ɛwɔ odwamanfoɔ no dwom mu no: 16 “Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu, Ao odwamanfoɔ a wɔnnkae wo; bɔ sankuten no yie, to nnwom bebree, sɛdeɛ wɔbɛkae wo.” 17 Mfeɛ aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bɛdi. Ɔbɛsane akɔdi ne paa sɛ odwamanfoɔ na ɔne ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa adi dwa. 18 Nanso, deɛ ɔbɛnya ne ne mfasoɔ nyinaa, wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfasoɔ no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim, na wɔanya aduane bebree ne ntadeɛ pa.

< Yesaia 23 >