< Yesaia 10 >

1 Wɔnnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmmfa ɛkwan mu, wɔn a wɔhyɛ mmaraden a ɛde nhyɛsoɔ ba,
Woe to those who decree unrighteous decrees, and to the writers who write oppressive decrees
2 de tena ahiafoɔ ahofadie so, de atɛntenenee bɔ me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no atirimuɔden. Wɔma akunafoɔ yɛ amanehunufoɔ na wɔbɔ nwisiaa korɔno.
to deprive the needy of justice, and to rob the poor among my people of their rights, that widows may be their plunder, and that they may make the fatherless their prey!
3 Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no, ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ?
What will you do in the day of visitation, and in the desolation which will come from afar? To whom will you flee for help? Where will you leave your wealth?
4 Ɛnka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafoɔ mu anaa sɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na wama ne nsa so ayɛ krado.
They will only bow down under the prisoners, and will fall under the slain. For all this his anger is not turned away, but his hand is stretched out still.
5 “Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa, deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no!
Alas Assyrian, the rod of my anger, the staff in whose hand is my indignation!
6 Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so. Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so sɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ, na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so.
I will send him against a profane nation, and against the people who anger me I will give him a command to take the plunder and to take the prey, and to tread them down like the mire of the streets.
7 Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ.
However, he doesn’t mean so, neither does his heart think so; but it is in his heart to destroy, and to cut off not a few nations.
8 Na ɔbisa sɛ, ‘Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa?
For he says, “Aren’t all of my princes kings?
9 Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis anaa? Hamat nte sɛ Arpad na Samaria nte sɛ Damasko anaa?
Isn’t Calno like Carchemish? Isn’t Hamath like Arpad? Isn’t Samaria like Damascus?”
10 Ampa ara, megyee ahoni ahennie ahodoɔ abrane soɔ, ahennie a wɔn nsɛsodeɛ sene deɛ ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.
As my hand has found the kingdoms of the idols, whose engraved images exceeded those of Jerusalem and of Samaria,
11 Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsodeɛ nni anaa, sɛdeɛ mene Samaria ne nʼahoni diiɛ no?’”
shall I not, as I have done to Samaria and her idols, so do to Jerusalem and her idols?
12 Sɛ Awurade wie nʼadwuma a ɛtia Bepɔ Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka sɛ, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ nʼakoma pirim ne nʼani a ɛnsɔ adeɛ no ho.
Therefore it will happen that when the Lord has performed his whole work on Mount Zion and on Jerusalem, I will punish the fruit of the willful proud heart of the king of Assyria, and the insolence of his arrogant looks.
13 Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, “‘Mede mʼahoɔden na ayɛ yei, na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri sɛ mewɔ nimdeɛ. Mesɛee amanaman ahyeɛ. Mefoo wɔn ademudeɛ; mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbrane.
For he has said, “By the strength of my hand I have done it, and by my wisdom, for I have understanding. I have removed the boundaries of the peoples, and have robbed their treasures. Like a valiant man I have brought down their rulers.
14 Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no, saa ara nso na mɛtene me nsa wɔ amanaman no ahonyadeɛ so; sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya hɔ no saa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano; obiara ammɔ ne ntaban mu, na wammue nʼano ansu.’”
My hand has found the riches of the peoples like a nest, and like one gathers eggs that are abandoned, I have gathered all the earth. There was no one who moved their wing, or that opened their mouth, or chirped.”
15 Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ? Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no yɛ adwuma anaa? Ayɛ te sɛ deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so, anaa sɛ aporibaa ankasa tumi nante!
Should an ax brag against him who chops with it? Should a saw exalt itself above him who saws with it? As if a rod should lift those who lift it up, or as if a staff should lift up someone who is not wood.
16 Afei Awurade, Asafo Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no; na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛre ahye wɔn animuonyam.
Therefore the Lord, Yahweh of Armies, will send among his fat ones leanness; and under his glory a burning will be kindled like the burning of fire.
17 Israel Hann no bɛdane ogya. Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ; ɔde dakoro bɛhye na wasɛe ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse.
The light of Israel will be for a fire, and his Holy One for a flame; and it will burn and devour his thorns and his briers in one day.
18 Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no, ɛbɛsɛe pasapasa te sɛ ɔyarefoɔ a ne so reteɛ.
He will consume the glory of his forest and of his fruitful field, both soul and body. It will be as when a standard bearer faints.
19 Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ.
The remnant of the trees of his forest shall be few, so that a child could write their number.
20 Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ, Yakob fiefoɔ a wɔbɛka no remfa wɔn ho nto no so bio. Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam no mmom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm.
It will come to pass in that day that the remnant of Israel, and those who have escaped from the house of Jacob will no more again lean on him who struck them, but shall lean on Yahweh, the Holy One of Israel, in truth.
21 Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn.
A remnant will return, even the remnant of Jacob, to the mighty God.
22 Ao Israel, ɛwom sɛ wo nkurɔfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea deɛ, nanso nkaeɛfoɔ bi pɛ na wɔbɛsane aba. Wɔahyɛ ɔsɛeɛ ho mmara denden a ɛbɛbunkam nnipa no so, na mmara no yɛ.
For though your people, Israel, are like the sand of the sea, only a remnant of them will return. A destruction is determined, overflowing with righteousness.
23 Awurade, Asafo Awurade, ɔsɛeɛ a wahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.
For the Lord, Yahweh of Armies, will make a full end, and that determined, throughout all the earth.
24 Enti, yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ, “Ao Me nkurɔfoɔ a mote Sion monnsuro Asiriafoɔ no, wɔn a wɔde mmaa hwe mo na wɔde aporibaa bobɔ mo, sɛdeɛ Misraim yɛeɛ no.
Therefore the Lord, Yahweh of Armies, says, “My people who dwell in Zion, don’t be afraid of the Assyrian, though he strike you with the rod, and lift up his staff against you, as Egypt did.
25 Ɛrenkyɛre koraa mʼabufuo a ɛtia mo no ano bɛdwo na mʼaniberɛ bɛkɔ wɔn sɛeɛ so.”
For yet a very little while, and the indignation against you will be accomplished, and my anger will be directed to his destruction.”
26 Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn, sɛdeɛ ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no; na ɔbɛtene ne poma nsuo no so, sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.
Yahweh of Armies will stir up a scourge against him, as in the slaughter of Midian at the rock of Oreb. His rod will be over the sea, and he will lift it up like he did against Egypt.
27 Ɛda no, wɔbɛyi wɔn adesoa no afiri wo mmatire so; wɔn kɔnnua afiri wo kɔn mu; wɔbubu kɔnnua no na afiri mo so.
It will happen in that day that his burden will depart from off your shoulder, and his yoke from off your neck, and the yoke shall be destroyed because of the anointing oil.
28 Wɔhyɛne Ayat; wɔfa Migron; na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas.
He has come to Aiath. He has passed through Migron. At Michmash he stores his baggage.
29 Wɔtwam wɔ kwantempɔn no so, na wɔka sɛ, “yɛbɛda Geba anadwo yi.” Rama ho popo; Saulo kuro Gibea nso dwane.
They have gone over the pass. They have taken up their lodging at Geba. Ramah trembles. Gibeah of Saul has fled.
30 Teaam Ɔbabaa Galim! Tie, Ao Laisa! Anatot Mmɔborɔni!
Cry aloud with your voice, daughter of Gallim! Listen, Laishah! You poor Anathoth!
31 Madmena redwane; Gebimfoɔ kɔtetɛ.
Madmenah is a fugitive. The inhabitants of Gebim flee for safety.
32 Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina wɔ Nob; wɔbɛwoso wɔn nsa wɔ Ɔbabaa Sion bepɔ no so wɔ Yerusalem kokoɔ no so.
This very day he will halt at Nob. He shakes his hand at the mountain of the daughter of Zion, the hill of Jerusalem.
33 Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no, ɔde tumi kɛseɛ bɛtwitwa dua mman no. Wɔbɛbubu nnua atentene no agu fam; deɛ ɛwoware no bɛba fam.
Behold, the Lord, Yahweh of Armies, will lop the boughs with terror. The tall will be cut down, and the lofty will be brought low.
34 Ɔde akuma bɛtwitwa kwaeɛm dɔtɔ agu fam. Lebanon bɛhwe ase Ɔkɛseɛ no anim.
He will cut down the thickets of the forest with iron, and Lebanon will fall by the Mighty One.

< Yesaia 10 >