< Hosea 13 >

1 Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; wɔpagyaa no wɔ Israelman mu. Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ. 2 Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara; wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, nsɛsodeɛ no nyinaa no. Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ. Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ, “Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛ na wɔfe anantwie mma ahoni ano.” 3 Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera, sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea sɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ. 4 “Nanso mene Awurade wo Onyankopɔn, a meyii wo firii Misraim. Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me, anaa Ɔgyefoɔ biara sɛ me. 5 Mehwɛɛ wo wɔ anweatam so, asase a ɛso yɛ hye yie no so. 6 Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ; wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan; na wɔn werɛ firii me. 7 Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata, mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ. 8 Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mu te sɛ sisire bi a wɔawia ne mma. Mɛwe wɔn te sɛ gyata; wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu. 9 “Wɔasɛe wo, Ao Israel, ɛfiri sɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo ɔboafoɔ. 10 Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he? Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he, wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no? 11 Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene, na mʼanibereɛ mu no, meyii no hɔ. 12 Efraim afɔdie no wɔaboaboa ano wɔatwerɛ ne bɔne agu hɔ. 13 Ɔbɛte ɔyea te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ, na abɔfra no nnim nyansa nti; sɛ berɛ no duru a, ɔmma awotwaa no ano. 14 “Mɛpata agye wɔn afiri damena tumi mu. Mɛgye wɔn afiri owuo nsam. Owuo wo nwowɔeɛ wɔ he? Asaman wo sɛeɛ wɔ he? “Merennya ayamhyehyeɛ, (Sheol h7585) 15 mpo sɛ ɔyɛ yie wɔ ne nuanom mu a. Apueeɛ mframa a ɛfiri Awurade hɔ bɛba, ɛbɛbɔ afiri anweatam so; osuo rentɔ osutɔberɛ na nʼabura bɛwe. Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛma deɛ ɛsom bo no nyinaa. 16 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu, ɛfiri sɛ wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn. Wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano; wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam, wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”

< Hosea 13 >