< 1 Mose 5 >

1 Sɛdeɛ Adam asefoɔ nnidisoɔ teɛ nie. Ɛberɛ a Onyankopɔn nwonoo onipa no, ɔnwonoo no sɛ ɔno ara ne sɛso. 2 Ɔbɔɔ ɔbaa ne ɔbarima, na ɔhyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wieeɛ no, ɔtoo wɔn edin onipa. 3 Adam dii mfeɛ ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo no edin Set. 4 Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe a, ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 5 Sɛ wɔka Adam mfeɛ nyinaa bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduasa, ansa na ɔrewu. 6 Set dii mfeɛ ɔha ne enum no, ɔwoo Enos. 7 Set woo Enos akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 8 Sɛ wɔka Set mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne dumienu, ansa na ɔrewu. 9 Enos dii mfeɛ aduɔkron no, ɔwoo Kenan. 10 Enos woo Kenan akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe ne dunum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 11 Sɛ wɔka Enos mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne enum, ansa na ɔrewu. 12 Kenan dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Mahalalel. 13 Kenan woo Mahalalel akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe aduanan, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 14 Sɛ wɔka Kenan mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne edu, ansa na ɔrewu. 15 Mahalalel dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Yared. 16 Mahalalel woo Yared akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 17 Sɛ wɔka Mahalalel mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nwɔtwe aduɔkron enum, ansa na ɔrewu. 18 Yared dii mfeɛ ɔha aduosia mmienu no, ɔwoo Henok. 19 Yared woo Henok akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 20 Sɛ wɔka Yared mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia mmienu, ansa na ɔrewu. 21 Henok dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Metusela. 22 Henok woo Metusela akyiri no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfeɛ ahasa, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 23 Sɛ wɔka Henok mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahasa aduosia enum. 24 Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhunu no bio, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn faa no kɔeɛ. 25 Metusela dii mfeɛ ɔha aduɔwɔtwe nson no, ɔwoo Lamek. 26 Metusela woo Lamek akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanson aduɔwɔtwe mmienu, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 27 Sɛ wɔka Metusela mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia nkron, ansa na ɔrewu. 28 Lamek dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe mmienu no, ɔwoo ɔbabarima. 29 Ɔtoo no edin Noa, na ɔkaa sɛ, ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegyeɛ afiri kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so. 30 Lamek woo Noa akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanum aduɔkron enum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 31 Sɛ wɔka Lamek mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahanson aduɔson nson, ansa na ɔrewu. 32 Noa dii mfeɛ ahanum no, ɔwoo mmammarima baasa a, wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.

< 1 Mose 5 >