< 1 Mose 42 >

1 Ɛberɛ a Yakob tee sɛ aburoo wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Adɛn enti na moatete agyinagyina rehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim yi?”
וירא יעקב כי יש שבר במצרים ויאמר יעקב לבניו למה תתראו
2 Yakob toaa so sɛ, “Mate sɛ aburoo wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɛkɔm ankum yɛn.”
ויאמר--הנה שמעתי כי יש שבר במצרים רדו שמה ושברו לנו משם ונחיה ולא נמות
3 Enti, Yosef nuammarima mpanimfoɔ edu no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburoo no bi.
וירדו אחי יוסף עשרה לשבר בר ממצרים
4 Nanso, Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ biribi bɛyɛ no.
ואת בנימין אחי יוסף לא שלח יעקב את אחיו כי אמר פן יקראנו אסון
5 Enti, Israel mmammarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfoɔ a wɔfifiri aman ahodoɔ so kɔtɔ aburoo wɔ Misraim no ho, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no atrɛ akɔduru Kanaan asase so mmaa nyinaa.
ויבאו בני ישראל לשבר בתוך הבאים כי היה הרעב בארץ כנען
6 Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburoo ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuammarima no kɔduruu nʼanim no, wɔbuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuu fam.
ויוסף הוא השליט על הארץ--הוא המשביר לכל עם הארץ ויבאו אחי יוסף וישתחוו לו אפים ארצה
7 Ɛberɛ a Yosef ani bɔɔ anuanom no so ara pɛ, ɔhunuu sɛ wɔyɛ ne nuanom, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛdeɛ ɔnnim wɔn, kasaa anihanehane so kyerɛɛ wɔn. Ɔpoopoo nʼani, bisaa wɔn sɛ, “Mofiri he?” Anuanom no buaa no sɛ, “Yɛfiri Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduane.”
וירא יוסף את אחיו ויכרם ויתנכר אליהם וידבר אתם קשות ויאמר אלהם מאין באתם ויאמרו מארץ כנען לשבר אכל
8 Ɛwom sɛ na Yosef ahunu wɔn sɛ ne nuanom, nanso ne nuanom no deɛ, na wɔnhunuu sɛ, ɔno ne Yosef.
ויכר יוסף את אחיו והם לא הכרהו
9 Yosef kaee daeɛ a mmerɛ bi ɔso faa wɔn ho no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ akwansrafoɔ! Morebɛhwɛ sɛdeɛ ɛkɔm yi ama yɛn asase yi agyigya.”
ויזכר יוסף--את החלמות אשר חלם להם ויאמר אלהם מרגלים אתם לראות את ערות הארץ באתם
10 Anuanom no teaam sɛ, “Dabi yɛn wura, ɛnte saa. Yɛbaeɛ sɛ yɛrebɛtɔ aduane.
ויאמרו אליו לא אדני ועבדיך באו לשבר אכל
11 Yɛn nyinaa firi agya baako. Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ saa.”
כלנו בני איש אחד נחנו כנים אנחנו לא היו עבדיך מרגלים
12 Nanso, Yosef ka tii mu sɛ, “Dabi, morebɛhwɛ sɛdeɛ asase no asi agyigya afa.”
ויאמר אלהם לא כי ערות הארץ באתם לראות
13 Anuanom no buaa sɛ, “Yɛn, wʼasomfoɔ, yɛyɛ anuanom dumienu. Yɛyɛ ɔpanin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Seesei, yɛn kaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn, ɛnna ɔbaako nso afiri mu.”
ויאמרו שנים עשר עבדיך אחים אנחנו בני איש אחד--בארץ כנען והנה הקטן את אבינו היום והאחד איננו
14 Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ moyɛ akwansrafoɔ no, ɛno ara ne no.
ויאמר אלהם יוסף הוא אשר דברתי אלכם לאמר--מרגלים אתם
15 Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, meremma mo mfiri Misraim asase so ha nkɔ da, kɔsi sɛ mode mo kaakyire no bɛba.
בזאת תבחנו חי פרעה אם תצאו מזה כי אם בבוא אחיכם הקטן הנה
16 Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyire no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa bɛgu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahunu sɛ, mo asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ. Sɛ ɛkɔba sɛ monni nuabarima kumaa a ɔyɛ mo kaakyire a, mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, na ɛkyerɛ sɛ moyɛ akwansrafoɔ ampa!”
שלחו מכם אחד ויקח את אחיכם ואתם האסרו ויבחנו דבריכם האמת אתכם ואם לא--חי פרעה כי מרגלים אתם
17 Enti, ɔde wɔn guu afiase hɔ nnansa.
ויאסף אתם אל משמר שלשת ימים
18 Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno enti, merebɛma mo ɛkwan ama moasane mo ho sɛ monyɛ akwansrafoɔ.
ויאמר אלהם יוסף ביום השלישי זאת עשו וחיו את האלהים אני ירא
19 Sɛ moyɛ nokwafoɔ ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha. Mo a moaka no nso, monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no.
אם כנים אתם--אחיכם אחד יאסר בבית משמרכם ואתם לכו הביאו שבר רעבון בתיכם
20 Nanso, ɛkwan biara so no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ, asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Na sɛ nokorɛ na moreka deɛ a, mɛgyaa mo.” Wɔpenee abisadeɛ a Yosef de too wɔn anim no so.
ואת אחיכם הקטן תביאו אלי ויאמנו דבריכם ולא תמותו ויעשו כן
21 Afei, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Nokorɛm, yɛn nuabarima yi enti na wɔretwe yɛn aso. Yɛhunuu sɛdeɛ wabɔ huboa ne sɛdeɛ ɔsrɛɛ ne nkwa no, nanso yɛantie. Ɛno enti na saa amanehunu yi a aba yɛn so ɛnnɛ yi.”
ויאמרו איש אל אחיו אבל אשמים אנחנו על אחינו אשר ראינו צרת נפשו בהתחננו אלינו ולא שמענו על כן באה אלינו הצרה הזאת
22 Afei, anuanom no mu panin a wɔfrɛ no Ruben no kaa sɛ, “Manka mankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yɛbu ne mogya ho akonta”
ויען ראובן אתם לאמר הלוא אמרתי אליכם לאמר אל תחטאו בילד--ולא שמעתם וגם דמו הנה נדרש
23 Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no enti, na wɔnnim sɛ Yosef te wɔn kasa.
והם לא ידעו כי שמע יוסף כי המליץ בינתם
24 Yosef sɔre firii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ. Ɔsane baeɛ ne wɔn bɛkasaa bio. Ɔyii Simeon firii wɔn mu, ma wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.
ויסב מעליהם ויבך וישב אלהם וידבר אלהם ויקח מאתם את שמעון ויאסר אתו לעיניהם
25 Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotokuo no aburoo ma ma, na wɔnsane mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburoo nhyɛ ne kotokuo mu, na wɔmma wɔn akwansoduane nso nka ho. Wɔyɛɛ yei maa wɔn.
ויצו יוסף וימלאו את כליהם בר ולהשיב כספיהם איש אל שקו ולתת להם צדה לדרך ויעש להם כן
26 Wɔhyehyɛɛ wɔn aburoo nkotokuo no wɔ mfunumu no so, siim sɛ wɔrekɔ wɔn kurom.
וישאו את שברם על חמריהם וילכו משם
27 Wɔrekɔ no ara, wɔgyinaa ɛkwan so anadwo homeeɛ. Ɛhɔ na wɔn mu baako sanee ne kotokuo ano sɛ ɔrema nʼafunumu aduane adi. Ɔsanee ne kotokuo no ano no, ɔhunuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ kotokuo no fa baabi.
ויפתח האחד את שקו לתת מספוא לחמרו--במלון וירא את כספו והנה הוא בפי אמתחתו
28 Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Wɔde me sika no asane ahyɛ me kotokuo no mu. Monhwɛ. Ɛno nie!” Saa asɛm yi maa wɔn akoma tutuiɛ. Enti, wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kaa sɛ, “Ɛdeɛn anwanwadeɛ na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”
ויאמר אל אחיו הושב כספי וגם הנה באמתחתי ויצא לבם ויחרדו איש אל אחיו לאמר מה זאת עשה אלהים לנו
29 Wɔduruu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amaneɛ. Wɔkaa sɛ,
ויבאו אל יעקב אביהם ארצה כנען ויגידו לו את כל הקרת אתם לאמר
30 “Yɛduruu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no a ɔyɛ asase no so ɔhene ɔboafoɔ no poopoo nʼani, kasaa anihanehane so kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛyɛ akwansrafoɔ.
דבר האיש אדני הארץ אתנו--קשות ויתן אתנו כמרגלים את הארץ
31 Nanso, yɛbuaa no sɛ, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ.
ונאמר אליו כנים אנחנו לא היינו מרגלים
32 Yɛyɛ anuanom dumienu a yɛfiri agya baako. Ɔbaako afiri mu. Seesei, yɛn kaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’
שנים עשר אנחנו אחים בני אבינו האחד איננו והקטן היום את אבינו בארץ כנען
33 “Afei, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: Monnya mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no.
ויאמר אלינו האיש אדני הארץ בזאת אדע כי כנים אתם אחיכם האחד הניחו אתי ואת רעבון בתיכם קחו ולכו
34 Nanso, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ monyɛ akwansrafoɔ na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mobɛtumi abɛtɔ aburoo no bi wɔ asase yi so mpɛn dodoɔ biara a mopɛ.’”
והביאו את אחיכם הקטן אלי ואדעה כי לא מרגלים אתם כי כנים אתם את אחיכם אתן לכם ואת הארץ תסחרו
35 Ɛberɛ a wɔrehwiehwie wɔn aburoo no afiri wɔn nkotokuo no mu no, obiara hunuu ne sika a anka ɔde rekɔtua aburoo no ka wɔ ne kotokuo no ano. Wɔne wɔn agya hunuu sika no, wɔn akoma tutuiɛ.
ויהי הם מריקים שקיהם והנה איש צרור כספו בשקו ויראו את צררות כספיהם המה ואביהם--וייראו
36 Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”
ויאמר אלהם יעקב אביהם אתי שכלתם יוסף איננו ושמעון איננו ואת בנימן תקחו עלי היו כלנה
37 Ruben ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Sɛ mamfa Benyamin ansane amma a, wowɔ ho kwan sɛ wokum me mmammarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsane mede no abrɛ wo.”
ויאמר ראובן אל אביו לאמר את שני בני תמית אם לא אביאנו אליך תנה אתו על ידי ואני אשיבנו אליך
38 Nanso, Yakob buaa sɛ, “Me babarima no ne monnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ, ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa akwantuo a morebɛtu yi, asiane bi kɔsiane no a, mɛwu.” (Sheol h7585)
ויאמר לא ירד בני עמכם כי אחיו מת והוא לבדו נשאר וקראהו אסון בדרך אשר תלכו בה והורדתם את שיבתי ביגון שאולה (Sheol h7585)

< 1 Mose 42 >