< 1 Mose 37 >

1 Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔhoɔ no so.
Jacob lived in the land of his father’s travels, in the land of Canaan.
2 Yosef abusua ho asɛm nie: Ɛberɛ a Yakob ba Yosef dii mfirinhyia dunson no, na ɔne ne nuanom hwɛ wɔn agya Yakob nnwan so. Na ɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmammarima no ɔboafoɔ. Na ɔyɛ obi a nneɛma a ne nuanom no yɛ a ɛnyɛ no, ɔtaa bɛka kyerɛ wɔn agya Yakob.
This is the history of the generations of Jacob. Joseph, being seventeen years old, was feeding the flock with his brothers. He was a boy with the sons of Bilhah and Zilpah, his father’s wives. Joseph brought an evil report of them to their father.
3 Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sene ne mma a aka no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu; ɛno enti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no.
Now Israel loved Joseph more than all his children, because he was the son of his old age, and he made him a tunic of many colors.
4 Ɛberɛ a ne nuanom no hunuu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sene wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.
His brothers saw that their father loved him more than all his brothers, and they hated him, and couldn’t speak peaceably to him.
5 Ɛda bi, Yosef soo daeɛ. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no kyɛnee kane no mpo.
Joseph dreamed a dream, and he told it to his brothers, and they hated him all the more.
6 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie daeɛ bi a maso.
He said to them, “Please hear this dream which I have dreamed:
7 Mesoo daeɛ, na yɛrekyekyere aburoo afiafi wɔ afuom. Ɛberɛ a yɛgu so rekyekyere aburoo no, amonom hɔ ara, me afiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me deɛ no ho hyiaeɛ, kotoo no.”
for behold, we were binding sheaves in the field, and behold, my sheaf arose and also stood upright; and behold, your sheaves came around, and bowed down to my sheaf.”
8 Yosef nuanom no bisaa no sɛ, “Enti, wʼadwene ne sɛ wobɛdi yɛn so anaa? Wogye di sɛ, ampa ara, wobɛtumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne daeɛ a ɔsoeɛ no ne asɛm a ɔkaeɛ no enti, ɛmaa ne nuanom no kyirii no kɔkɔɔkɔ.
His brothers asked him, “Will you indeed reign over us? Will you indeed have dominion over us?” They hated him all the more for his dreams and for his words.
9 Afei, ɔsane soo daeɛ bio. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie: Maso daeɛ foforɔ bio. Mesoo daeɛ, na owia, ɔsrane ne nsoromma dubaako rekoto me.”
He dreamed yet another dream, and told it to his brothers, and said, “Behold, I have dreamed yet another dream: and behold, the sun and the moon and eleven stars bowed down to me.”
10 Saa daeɛ yi deɛ, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne nuammarimanom no. Nʼagya tee saa daeɛ no, ɔkaa nʼanim sɛ, “Ɛdeɛn daeɛ na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo maame ne me ne wo nuammarimanom no bɛba abɛkoto wo anaa?”
He told it to his father and to his brothers. His father rebuked him, and said to him, “What is this dream that you have dreamed? Will I and your mother and your brothers indeed come to bow ourselves down to the earth before you?”
11 Yei maa ne nuammarimanom no ani beree no mmorosoɔ. Nanso, nʼagya deɛ, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri.
His brothers envied him, but his father kept this saying in mind.
12 Ɛda bi, Yosef nuammarimanom no de wɔn agya nnwan kɔɔ adidi wɔ Sekem.
His brothers went to feed their father’s flock in Shechem.
13 Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.” Yosef buaa sɛ, “Yoo, agya, mate.”
Israel said to Joseph, “Aren’t your brothers feeding the flock in Shechem? Come, and I will send you to them.” He said to him, “Here I am.”
14 Enti, Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ho te sɛn, na nnwan no nso, na sane bɛka biribi kyerɛ me.” Enti, Israel somaa Yosef firii Hebron subɔnhwa no mu. Ɛberɛ a Yosef duruu Sekem no,
He said to him, “Go now, see whether it is well with your brothers, and well with the flock; and bring me word again.” So he sent him out of the valley of Hebron, and he came to Shechem.
15 ɔbarima bi hunuu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no sɛ, “Worehwehwɛ ɛdeɛn?”
A certain man found him, and behold, he was wandering in the field. The man asked him, “What are you looking for?”
16 Yosef buaa no sɛ, “Merehwehwɛ me nuammarima. Mesrɛ wo, wobɛtumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nnwan no kɔ adidi?”
He said, “I am looking for my brothers. Tell me, please, where they are feeding the flock.”
17 Ɔbarima no buaa no sɛ, “Wo nuammarimanom no afiri ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’” Enti, Yosef tii ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ.
The man said, “They have left here, for I heard them say, ‘Let’s go to Dothan.’” Joseph went after his brothers, and found them in Dothan.
18 Ɛberɛ a Yosef fitiiɛ no, wɔhunuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔreduru wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛkum no.
They saw him afar off, and before he came near to them, they conspired against him to kill him.
19 Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Monhwɛ! Ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no!
They said to one another, “Behold, this dreamer comes.
20 Mommra seesei ara, na yɛnkum no, na yɛnto no ntwene amena no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya sɛ, aboa bi akye no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi bɛfiri ne daeɛ ahodoɔ no mu aba anaa.”
Come now therefore, and let’s kill him, and cast him into one of the pits, and we will say, ‘An evil animal has devoured him.’ We will see what will become of his dreams.”
21 Ruben a ɔyɛ wɔn nua panin tee saa asɛm yi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛgye Yosef nkwa. Ɔkaa sɛ, “Mommma yɛnkum no.
Reuben heard it, and delivered him out of their hand, and said, “Let’s not take his life.”
22 Monnhwie mogya ngu. Momma yɛnto no ntwene amena a ɛwɔ ɛserɛ yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no firii wɔn nsam, sɛdeɛ ɔbɛnya ɛkwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa.
Reuben said to them, “Shed no blood. Throw him into this pit that is in the wilderness, but lay no hand on him”—that he might deliver him out of their hand, to restore him to his father.
23 Yosef bɛduruu ne nuammarimanom no nkyɛn no, wɔworɔɔ ne batakari fɛfɛ a ɛhyɛ no no.
When Joseph came to his brothers, they stripped Joseph of his tunic, the tunic of many colors that was on him;
24 Afei, wɔtoo no twenee amena bi mu. Saa amena no, na nsuo biara nni mu.
and they took him, and threw him into the pit. The pit was empty. There was no water in it.
25 Afei, ɛberɛ a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani hunuu sɛ nyoma bebree sa so reba faako a na wɔrebɛdidi hɔ no. Wɔhunuu sɛ saa nkurɔfoɔ no yɛ Ismaelfoɔ adwadifoɔ bi a wɔsoso hyehwam, akyenkyennuro ne kurobo a wɔde firi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so.
They sat down to eat bread, and they lifted up their eyes and looked, and saw a caravan of Ishmaelites was coming from Gilead, with their camels bearing spices and balm and myrrh, going to carry it down to Egypt.
26 Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Sɛ yɛkum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya.
Judah said to his brothers, “What profit is it if we kill our brother and conceal his blood?
27 Momma yɛnyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ adwadifoɔ yi, sene sɛ yɛbɛkum no. Ɛkɔsi sɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa a ɔyɛ yɛn busuani.” Ne nuanom mmarima no penee nʼadebisa no so.
Come, and let’s sell him to the Ishmaelites, and not let our hand be on him; for he is our brother, our flesh.” His brothers listened to him.
28 Ɛberɛ a Midian adwadifoɔ no bɛduru hɔ no, Yosef nuanom no yii no firii amena no mu, tɔn no gyee dwetɛ gram ahanu aduonu nwɔtwe maa Ismaelfoɔ no, maa wɔde no kɔɔ Misraim.
Midianites who were merchants passed by, and they drew and lifted up Joseph out of the pit, and sold Joseph to the Ishmaelites for twenty pieces of silver. The merchants brought Joseph into Egypt.
29 Ruben sane nʼakyi baa amena no ho, na ɔhunuu sɛ Yosef nni amena no mu no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.
Reuben returned to the pit, and saw that Joseph wasn’t in the pit; and he tore his clothes.
30 Ɔkɔɔ ne nuammarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti, seesei menyɛ me ho dɛn ni!”
He returned to his brothers, and said, “The child is no more; and I, where will I go?”
31 Afei, anuanom no faa Yosef batakari no, kumm abirekyie, de batakari no nuu ne mogya no mu.
They took Joseph’s tunic, and killed a male goat, and dipped the tunic in the blood.
32 Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛhunuu saa atadeɛ yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atadeɛ anaa?”
They took the tunic of many colors, and they brought it to their father, and said, “We have found this. Examine it, now, and see if it is your son’s tunic or not.”
33 Wɔn agya hunuiɛ ampa, kaa sɛ, “Nokorɛ, ɛyɛ me ba Yosef atadeɛ! Aboa bi akye no awe. Ampa ara sɛ, aboa ko no atete Yosef ɛnam pasaa.”
He recognized it, and said, “It is my son’s tunic. An evil animal has devoured him. Joseph is without doubt torn in pieces.”
34 Na Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, suu ne ba no nna bebree.
Jacob tore his clothes, and put sackcloth on his waist, and mourned for his son many days.
35 Ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, kyekyeree ne werɛ, nanso ankɔsi hwee. Yakob kaa sɛ, “Dabi, mede awerɛhoɔ bɛwu akɔto me ba no asamando.” Enti, nʼagya Yakob suu no. (Sheol h7585)
All his sons and all his daughters rose up to comfort him, but he refused to be comforted. He said, “For I will go down to Sheol to my son, mourning.” His father wept for him. (Sheol h7585)
36 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, Midianfoɔ no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfoɔ so panin.
The Midianites sold him into Egypt to Potiphar, an officer of Pharaoh’s, the captain of the guard.

< 1 Mose 37 >