< 1 Mose 17 >

1 Abram dii mfeɛ aduɔkron nkron no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ, “Mene Otumfoɔ Onyankopɔn, nante mʼanim na yɛ pɛ. 2 Mɛsi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefoɔ adɔɔso.” 3 Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, 4 “Me fa mu deɛ, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya. 5 Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ, mayɛ wo aman bebree agya. 6 Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afiri wɔn mu. 7 Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefoɔ ne awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefoɔ Onyankopɔn. 8 Mede Kanaan asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. Ɛbɛyɛ asase a ɛyɛ wʼagyapadeɛ afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn.” 9 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo deɛ, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di mʼapam no so. 10 Yei ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di so. Ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbarima biara twetia. 11 Ɛsɛ sɛ motwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. 12 Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, ɔdi nnawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fie ne ɔnanani biara a woyii sika tɔɔ no firii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia saa ara. 13 Sɛ wɔwoo no wo fie oo, sɛ nso, wokarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam. 14 Wɔbɛpam ɔbarima biara a wɔntwaa no twetia no afiri ne nkurɔfoɔ mu, ɛfiri sɛ, saa onipa no anni mʼapam no so.” 15 Onyankopɔn sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara. 16 Mɛhyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mɛhyira no ma wabɛyɛ aman nyinaa maame. Nʼasefoɔ mu na amanaman mu ahemfo bɛfiri.” 17 Abraham de nʼanim butuu fam bio. Ɔsere bisaa ne ho sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfeɛ ɔha bɛwo ɔba anaa? Sara nso a wadi mfeɛ aduɔkron no nso, ɔbɛtumi awo ɔba anaa?” 18 Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Ao, Onyankopɔn ɛnneɛ, hyira Ismael!” 19 Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. 20 Na Ismael ho asɛm a wokaeɛ no nso, mate. Mɛhyira no ama nʼase adɔre bebree. Ɔbɛyɛ aberempɔn dumienu agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ. 21 Nanso, me ne Isak a Sara bɛwo no, afe sɛsɛɛ no, na ɛbɛyɛ mʼapam no.” 22 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wieeɛ no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ. 23 Saa ɛda no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fie ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn firii ananafoɔ nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. 24 Wɔtwaa Abraham twetia no, na wadi mfeɛ aduɔkron nkron. 25 Ne babarima Ismael nso, wɔtwaa no twetia no, na wadi mfeɛ dumiɛnsa. 26 Saa ɛda no ara, na wɔtwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. 27 Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fie, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fie ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no firii ɔnanani bi nkyɛn no, wɔtwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho.

< 1 Mose 17 >