< Ɛsra 7 >

1 Persiahene Artasasta ahennie mu mfeɛ bebree akyi no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima
Now after these things, in the reign of Artaxerxes king of Persia, Ezra the son of Seraiah, the son of Azariah, the son of Hilkiah,
2 na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima
the son of Shallum, the son of Zadok, the son of Ahitub,
3 na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima
the son of Amariah, the son of Azariah, the son of Meraioth,
4 a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima
the son of Zerahiah, the son of Uzzi, the son of Bukki,
5 a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasa babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanin no babarima.
the son of Abishua, the son of Phinehas, the son of Eleazar, the son of Aaron the chief priest—
6 Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛni a ɔnim Mose mmara no a Awurade, Israel Onyankopɔn, de ama Israelfoɔ no yie. Ɔfiri Babilonia baa Yerusalem na biribiara a ɔbisaa ɔhene no, ɔde maa no, ɛfiri sɛ, na Awurade ahummɔborɔ nsa no wɔ ne so.
this Ezra went up from Babylon. He was a skilled scribe in the law of Moses, which Yahweh, the God of Israel, had given; and the king granted him all his request, according to Yahweh his God’s hand on him.
7 Israelhene no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ ne asɔredan mu asomfoɔ ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ nson so.
Some of the children of Israel, including some of the priests, the Levites, the singers, the gatekeepers, and the temple servants went up to Jerusalem in the seventh year of Artaxerxes the king.
8 Saa afe no, Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem.
He came to Jerusalem in the fifth month, which was in the seventh year of the king.
9 Ɔfirii Babilonia Abib bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so ɛnan. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ ne so.
For on the first day of the first month he began to go up from Babylon; and on the first day of the fifth month he came to Jerusalem, according to the good hand of his God on him.
10 Ɛfiri sɛ, na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, ɔbɛsua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfoɔ saa mmara no.
For Ezra had set his heart to seek Yahweh’s law, and to do it, and to teach statutes and ordinances in Israel.
11 Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfoɔ Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛni a ɔsuaeɛ, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ Awurade mmara no. Ɔtwerɛɛ sɛ:
Now this is the copy of the letter that King Artaxerxes gave to Ezra the priest, the scribe, even the scribe of the words of Yahweh’s commandments, and of his statutes to Israel:
12 Me ahene mu ɔhene Artasasta, nkyea a merekyea ɔsɔfoɔ Ɛsra ne Awurade a ɔte sorosoro no mmarakyerɛni no nie:
Artaxerxes, king of kings, To Ezra the priest, the scribe of the law of the perfect God of heaven. Now
13 Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼahemman mu a asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka ho no nyinaa mfiri wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem.
I make a decree that all those of the people of Israel and their priests and the Levites in my realm, who intend of their own free will to go to Jerusalem, go with you.
14 Me ne mʼagyinatufoɔ baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Onyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho.
Because you are sent by the king and his seven counselors to inquire concerning Judah and Jerusalem, according to the law of your God which is in your hand,
15 Yɛbɔ wʼaba so nso sɛ, fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔrebɔdeɛ a yɛrebɔ ama Israel Onyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ.
and to carry the silver and gold, which the king and his counselors have freely offered to the God of Israel, whose habitation is in Jerusalem,
16 Ɛno akyi, gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wobɛnya afiri Babilonia ne deɛ wɔde bɛkyɛ wo biara afiri ɔmanfoɔ ne asɔfoɔ nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho.
and all the silver and gold that you will find in all the province of Babylon, with the free will offering of the people and of the priests, offering willingly for the house of their God which is in Jerusalem.
17 Saa akyɛdeɛ yi, deɛ ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, nnwennini, nnwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔrebukyia so.
Therefore you shall with all diligence buy with this money bulls, rams, and lambs with their meal offerings and their drink offerings, and shall offer them on the altar of the house of your God which is in Jerusalem.
18 Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wʼafɛfoɔ mfa nni dwuma biara a mogye di sɛ ɛyɛ mo Onyankopɔn pɛ.
Whatever seems good to you and to your brothers to do with the rest of the silver and the gold, do that according to the will of your God.
19 Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Onyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no.
The vessels that are given to you for the service of the house of your God, deliver before the God of Jerusalem.
20 Sɛ mo sika sa wɔ biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mommisa sika mfiri adehyeɛ fotoɔ mu.
Whatever more will be needed for the house of your God, which you may have occasion to give, give it out of the king’s treasure house.
21 Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapadeɛ akoraeɛ a ɛwɔ asuo Eufrate apueeɛ fam sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne ɔsorosoro Onyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛni.
I, even I, Artaxerxes the king, make a decree to all the treasurers who are beyond the River, that whatever Ezra the priest, the scribe of the law of the God of heaven, requires of you, it shall be done with all diligence,
22 Ɛsɛ sɛ moma no kɔsi dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, atokoɔ susukora ahanum, nsã gyare ahanum aduonum, ngo gyare ahanum aduonum ne nkyene a wɔbu ano a ɛnyɛ yie.
up to one hundred talents of silver, and to one hundred cors of wheat, and to one hundred baths of wine, and to one hundred baths of oil, and salt without prescribing how much.
23 Monhwɛ yie, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuo ba ɔhene ne ne mmammarima so?
Whatever is commanded by the God of heaven, let it be done exactly for the house of the God of heaven; for why should there be wrath against the realm of the king and his sons?
24 Mesane hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ, Lewini, dwomtofoɔ, ɛpono ano sohwɛfoɔ, asɔredan mu ɔsomfoɔ anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu tua toɔ biara.
Also we inform you that it shall not be lawful to impose tribute, custom, or toll on any of the priests, Levites, singers, gatekeepers, temple servants, or laborers of this house of God.
25 Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ a wɔnim mo Onyankopɔn mmara no, na wɔdi nnipa a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn.
You, Ezra, according to the wisdom of your God that is in your hand, appoint magistrates and judges who may judge all the people who are beyond the River, who all know the laws of your God; and teach him who doesn’t know them.
26 Obiara a ɔbɛbu mo Onyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wɔbɛkum no, wɔbɛtwa no asuo, wɔbɛfa nʼagyapadeɛ anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe.
Whoever will not do the law of your God and the law of the king, let judgment be executed on him with all diligence, whether it is to death, or to banishment, or to confiscation of goods, or to imprisonment.
27 Ayɛyie nka Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ ɔnsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no.
Blessed be Yahweh, the God of our fathers, who has put such a thing as this in the king’s heart, to beautify Yahweh’s house which is in Jerusalem;
28 Na ayɛyie nka no sɛ, ɔdaa ne dɔ kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me animuonyam wɔ ɔhene, nʼagyinatufoɔ ne nʼahenemma atumfoɔ no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, ɛfiri sɛ, na Awurade, me Onyankopɔn nsa wɔ me so. Na meboaboaa Israel ntuanofoɔ no bi ano sɛ, wɔnka me ho na yɛnkɔ Yerusalem.
and has extended loving kindness to me before the king and his counselors, and before all the king’s mighty princes. I was strengthened according to Yahweh my God’s hand on me, and I gathered together chief men out of Israel to go up with me.

< Ɛsra 7 >