< Ɛsra 2 >

1 Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 2 Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie: 3 Dodoɔ a wɔyɛ Paros abusuafoɔ 2,172 4 Sefatia abusuafoɔ 372 5 Arah abusuafoɔ 775 6 Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,812 7 Elam abusuafoɔ 1,254 8 Satu abusuafoɔ 945 9 Sakai abusuafoɔ 760 10 Bani abusuafoɔ 642 11 Bebai abusuafoɔ 623 12 Asgad abusuafoɔ 1,222 13 Adonikam abusuafoɔ 666 14 Bigwai abusuafoɔ 2,056 15 Adin abusuafoɔ 454 16 Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 98 17 Besai abusuafoɔ 323 18 Yora abusuafoɔ 112 19 Hasum abusuafoɔ 223 20 Gibar abusuafoɔ 95 21 Betlehemfoɔ 123 22 Netofafoɔ 56 23 Anatotfoɔ 128 24 Asmawetfoɔ 42 25 Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 743 26 Ramafoɔ ne Gebafoɔ 621 27 Mikmasfoɔ 122 28 Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 223 29 Nebo ɔman mma 52 30 Magbis ɔman 156 31 Elam ɔman mma 1,254 32 Harim ɔman mma 320 33 Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 725 34 Yeriko ɔman mma 345 35 Senaa ɔman mma 3,630 36 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 973 37 Imer abusuafoɔ 1,052 38 Pashur abusuafoɔ 1,247 39 Harim abusuafoɔ 1,017 40 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74 41 Nnwontofoɔ: Asaf abusuafoɔ 128 42 Aponoanohwɛfoɔ: Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139 43 Asɔredan asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ, 44 Keros, Siaha, Padon asefoɔ, 45 Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ, 46 Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ, 47 Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ, 48 Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ, 49 Usa, Paseah, Besai asefoɔ, 50 Asna, Meunim, Nefus asefoɔ, 51 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ, 52 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ, 53 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ, 54 Nesia ne Hatifa. 55 Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ: Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ, 56 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ, 57 Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami. 58 Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ 392 59 Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ. Saa nnipakuo yi ne: 60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ 652 61 Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.) 62 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 63 Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho. 64 Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia, 65 a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson nka ho, ne nnwomtofoɔ ahanu a wɔyɛ mmarima ne mmaa. 66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia, mfunumu ahanu aduanan enum, 67 nyoma ahanan aduasa enum ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu kaa wɔn ho kɔeɛ. 68 Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ. 69 Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako, dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne asɔfotadeɛ ɔha a wɔde bɛma asɔfoɔ. 70 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.

< Ɛsra 2 >