< Hesekiel 7 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Moreover Yahweh’s word came to me, saying,
2 “Onipa ba, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Israel asase no: “‘Awieeɛ no, awieeɛ no aduru asase no ntweaso ɛnan no so!
“You, son of man, the Lord Yahweh says to the land of Israel, ‘An end! The end has come on the four corners of the land.
3 Awieeɛ no aduru wɔ wo so, na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so. Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.
Now the end is on you, and I will send my anger on you, and will judge you according to your ways. I will bring on you all your abominations.
4 Merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no, na moahunu sɛ me ne Awurade.’
My eye will not spare you, neither will I have pity; but I will bring your ways on you, and your abominations will be among you. Then you will know that I am Yahweh.’
5 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da nam ɛkwan so reba!
“The Lord Yahweh says: ‘A disaster! A unique disaster! Behold, it comes.
6 Awieeɛ no aba! Awieeɛ no aba! Apagya ne ho atia wo. Aba!
An end has come. The end has come! It awakes against you. Behold, it comes.
7 Ɔsɛeɛ aduru mo, mo a mote asase no so. Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn; huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ.
Your doom has come to you, inhabitant of the land! The time has come! The day is near, a day of tumult, and not of joyful shouting, on the mountains.
8 Merebɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so de awie mʼabufuo a ɛtia wo no. Mɛgyina wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.
Now I will shortly pour out my wrath on you, and accomplish my anger against you, and will judge you according to your ways. I will bring on you all your abominations.
9 Merenhunu wo mmɔbɔ, na meremfa wo ho nkyɛ wo. Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ.
My eye won’t spare, neither will I have pity. I will punish you according to your ways. Your abominations will be among you. Then you will know that I, Yahweh, strike.
10 “‘Ɛda no nie! Hwɛ aba! Atemmuo da no apue, abaa no afefɛ, ahantan ahanehane!
“‘Behold, the day! Behold, it comes! Your doom has gone out. The rod has blossomed. Pride has budded.
11 Akakabensɛm ayɛ abaa a wɔde twe amumuyɛ aso. Nnipa no mu biara renka, nnipakuo no mu biara, ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka.
Violence has risen up into a rod of wickedness. None of them will remain, nor of their multitude, nor of their wealth. There will be nothing of value among them.
12 Ɛberɛ no aso! Ɛda no aduru. Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye anaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.
The time has come! The day draws near. Don’t let the buyer rejoice, nor the seller mourn; for wrath is on all its multitude.
13 Deɛ ɔtɔn no nsa renka asase a watɔn no bio wɔ ɛberɛ a wɔn mmienu te ase, Ɛfiri sɛ anisoadehunu a ɛfa nnipakuo no nyinaa no rensesa. Wɔn bɔne enti, wɔn mu baako koraa remfa ne ho nni.
For the seller won’t return to that which is sold, although they are still alive; for the vision concerns the whole multitude of it. None will return. None will strengthen himself in the iniquity of his life.
14 “‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto, na wɔboaboa biribiara ano deɛ, nanso obiara renkɔ ɔsa, ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.
They have blown the trumpet, and have made all ready; but no one goes to the battle, for my wrath is on all its multitude.
15 Akofena wɔ mfikyire; na ɔyaredɔm ne ɛkɔm wɔ efie. Wɔn a wɔwɔ ɔman no mu bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no, ɔyaredɔm ne ɛkɔm bɛkum wɔn.
“‘The sword is outside, and the pestilence and the famine within. He who is in the field will die by the sword. He who is in the city will be devoured by famine and pestilence.
16 Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu na wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so. Na wɔakurum te sɛ mmɔnhwa mu mmorɔnoma wɔ wɔn mu biara bɔne enti.
But of those who escape, they will escape and will be on the mountains like doves of the valleys, all of them moaning, everyone in his iniquity.
17 Nsa nyinaa bɛdwodwo na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo.
All hands will be feeble, and all knees will be weak as water.
18 Wɔbɛfirafira ayitoma na wɔabɔ huboa. Aniwuo bɛkata wɔn anim na wɔayi wɔn tirinwi.
They will also clothe themselves with sackcloth, and horror will cover them. Shame will be on all faces, and baldness on all their heads.
19 “‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuhyeɛ ɛda no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu.
They will cast their silver in the streets, and their gold will be as an unclean thing. Their silver and their gold won’t be able to deliver them in the day of Yahweh’s wrath. They won’t satisfy their souls or fill their bellies; because it has been the stumbling block of their iniquity.
20 Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ ne nsɛsodeɛ tantane; enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn.
As for the beauty of his ornament, he set it in majesty; but they made the images of their abominations and their detestable things therein. Therefore I have made it to them as an unclean thing.
21 Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ, na wɔbɛgu ho fi.
I will give it into the hands of the strangers for a prey, and to the wicked of the earth for a plunder; and they will profane it.
22 Mɛyi mʼani afiri wɔn so na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi. Wɔbɛwura hɔ na wɔagu ho fi.
I will also turn my face from them, and they will profane my secret place. Robbers will enter into it, and profane it.
23 “‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.
“‘Make chains, for the land is full of bloody crimes, and the city is full of violence.
24 Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa ara abɛfa wɔn afie; mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ, na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi.
Therefore I will bring the worst of the nations, and they will possess their houses. I will also make the pride of the strong to cease. Their holy places will be profaned.
25 Sɛ ehu ba a, wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri ɛkwan, nanso ɛbɛbɔ wɔn.
Destruction comes! They will seek peace, and there will be none.
26 Atoyerɛnkyɛm bɛdi atoyerɛnkyɛm akyi aba; atesɛm bɛdi atesɛm akyi. Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛnya anisoadehunu afiri odiyifoɔ no hɔ, Ɔsɔfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn. Saa ara na wɔrennya afotuo mfiri mpanimfoɔ hɔ.
Mischief will come on mischief, and rumor will be on rumor. They will seek a vision of the prophet; but the law will perish from the priest, and counsel from the elders.
27 Ɔhene no bɛtwa adwo, ɔheneba no bɛfira abasamutuo, na asase no so nnipa nsa bɛpopo. Me ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ, na mɛgyina wɔn pɛpɛyɛ so abu wɔn atɛn. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.’”
The king will mourn, and the prince will be clothed with desolation. The hands of the people of the land will be troubled. I will do to them after their way, and according to their own judgments I will judge them. Then they will know that I am Yahweh.’”

< Hesekiel 7 >