< Hesekiel 39 >

1 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn.
“You, son of man, prophesy against Gog, and say, ‘The Lord Yahweh says: “Behold, I am against you, Gog, prince of Rosh, Meshech, and Tubal.
2 Mɛkyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo bɛfiri atifi fam nohoa tɔnn na mede aba Israel mmepɔ so.
I will turn you around, will lead you on, and will cause you to come up from the uttermost parts of the north; and I will bring you onto the mountains of Israel.
3 Afei, mɛbɔ wo tadua afiri wo nsa benkum mu na mama wʼagyan afiri wo nsa nifa mu agu fam.
I will strike your bow out of your left hand, and will cause your arrows to fall out of your right hand.
4 Wo ne wʼakodɔm nyinaa ne aman a wɔka wo ho bɛtotɔ wɔ Israel mmepɔ so. Mede wo bɛma nnomaa ahodoɔ a wɔpɛ deɛ aporɔ ne wiram mmoa sɛ wɔn aduane.
You will fall on the mountains of Israel, you, and all your hordes, and the peoples who are with you. I will give you to the ravenous birds of every sort and to the animals of the field to be devoured.
5 Mobɛtotɔ wɔ mfuo so, ɛfiri sɛ makasa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
You will fall on the open field, for I have spoken it,” says the Lord Yahweh.
6 Mɛtɔ ogya agu Magog so ne wɔn a wɔtete hɔ asomdwoeɛ mu wɔ mpoano nsase so no na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
“I will send a fire on Magog and on those who dwell securely in the islands. Then they will know that I am Yahweh.
7 “‘Mɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ahunu me din kronkron wɔ wɔn mu na meremma ho ɛkwan mma wɔnngu me din kronkron ho fi, na aman no bɛhunu sɛ me Awurade mene Ɔkronkronni no wɔ Israel.
“‘“I will make my holy name known among my people Israel. I won’t allow my holy name to be profaned any more. Then the nations will know that I am Yahweh, the Holy One in Israel.
8 Ɛreba! Na ampa ara ɛbɛsi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɛda a maka ho asɛm no nie.
Behold, it comes, and it will be done,” says the Lord Yahweh. “This is the day about which I have spoken.
9 “‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkuro soɔ bɛfiri adi na wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya, akokyɛm nketewa ne akɛseɛ, tadua ne agyan, mporibaa ne mpea. Wɔde bɛyɛ anyina asɔ ogya mfeɛ nson.
“‘“Those who dwell in the cities of Israel will go out and will make fires of the weapons and burn them, both the shields and the bucklers, the bows and the arrows, and the war clubs and the spears, and they will make fires with them for seven years;
10 Ɛrenhia sɛ wɔbɛkɔ anyina wɔ mfuo no so anaasɛ wɔbɛpɛ bi wɔ kwaeɛ mu, ɛfiri sɛ wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya. Na wɔbɛfom wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nneɛma, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
so that they will take no wood out of the field, and not cut down any out of the forests; for they will make fires with the weapons. They will plunder those who plundered them, and rob those who robbed them,” says the Lord Yahweh.
11 “‘Saa ɛda no, mɛyɛ amusieeɛ wɔ Israel ama Gog, wɔ bɔnhwa a ɛda baabi a wɔn a wɔtu ɛkwan kɔ apueeɛ fam wɔ ɛpo no ho fa. Ɛbɛsi akwantufoɔ ɛkwan ɛfiri sɛ Gog ne ne nipadɔm no, wɔbɛsie wɔn wɔ hɔ. Ɛno enti wɔbɛfrɛ hɔ sɛ Hamon Gog bɔnhwa.
“‘“It will happen in that day, that I will give to Gog a place for burial in Israel, the valley of those who pass through on the east of the sea; and it will stop those who pass through. They will bury Gog and all his multitude there, and they will call it ‘The valley of Hamon Gog’.
12 “‘Na Israel efie de abosome nson bɛsie wɔn de adwira asase no.
“‘“The house of Israel will be burying them for seven months, that they may cleanse the land.
13 Nnipa a wɔwɔ asase no so bɛsie wɔn, na ɛda a wɔbɛhyɛ me animuonyam no bɛyɛ nkaeɛda ama wɔn, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
Yes, all the people of the land will bury them; and they will become famous in the day that I will be glorified,” says the Lord Yahweh.
14 Ɛberɛ biara, wɔbɛfa mmarima daa ama wɔaprapra asase no so. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so. “‘Abosome nson akyi no, wɔbɛfiri aseɛ ahwehwɛ asase no so.
“‘“They will set apart men of continual employment who will pass through the land. Those who pass through will go with those who bury those who remain on the surface of the land, to cleanse it. After the end of seven months they will search.
15 Ɛberɛ a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ akɔsi sɛ asiefoɔ bɛfa akɔsie wɔ Hamon Gog bɔnhwa no mu.
Those who search through the land will pass through; and when anyone sees a man’s bone, then he will set up a sign by it, until the undertakers have buried it in the valley of Hamon Gog.
16 (Kuro bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sei na wɔbɛdwira asase no.’
Hamonah will also be the name of a city. Thus they will cleanse the land.”’
17 “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Frɛ nnomaa ahodoɔ ne wiram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mommoaboa mo ho ano mfiri mmeammea mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛseɛ wɔ Israel mmepɔ so. Ɛhɔ na mobɛwe ɛnam na moanom mogya.
“You, son of man, the Lord Yahweh says: ‘Speak to the birds of every sort, and to every animal of the field, “Assemble yourselves, and come; gather yourselves on every side to my sacrifice that I sacrifice for you, even a great sacrifice on the mountains of Israel, that you may eat meat and drink blood.
18 Mobɛwe nnɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ deɛ wɔyɛ nnwennini ne nnwammaa, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan ayɛmmoa a wɔadɔre sradeɛ.
You shall eat the flesh of the mighty, and drink the blood of the princes of the earth, of rams, of lambs, and of goats, of bulls, all of them fatlings of Bashan.
19 Afɔdeɛ a meresiesie ama mo no, mobɛdi sradeɛ kɔsi sɛ mobɛyɛ pintinn na moanom mogya akɔsi sɛ mobɛbobo.
You shall eat fat until you are full, and drink blood until you are drunk, of my sacrifice which I have sacrificed for you.
20 Mobɛwe apɔnkɔ ne sotefoɔ, nnɔmmarima ne asraafoɔ ahodoɔ nyinaa ɛnam amee wɔ me ɛpono so,’ Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
You shall be filled at my table with horses and charioteers, with mighty men, and with all men of war,” says the Lord Yahweh.’
21 “Mɛda mʼanimuonyam adi wɔ amanaman no mu na wɔn nyinaa bɛhunu asotwe ne nsa a mede ato wɔn so.
“I will set my glory among the nations. Then all the nations will see my judgment that I have executed, and my hand that I have laid on them.
22 Ɛfiri saa ɛda no rekorɔ, Israel efie bɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no.
So the house of Israel will know that I am Yahweh their God, from that day and forward.
23 Na amanaman no bɛhunu sɛ Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu wɔn bɔne enti, ɛfiri sɛ wɔanni me nokorɛ. Ɛno enti mede mʼanim hintaa wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa na wɔn nyinaa totɔɔ wɔ akofena ano.
The nations will know that the house of Israel went into captivity for their iniquity, because they trespassed against me, and I hid my face from them; so I gave them into the hand of their adversaries, and they all fell by the sword.
24 Me ne wɔn diiɛ sɛdeɛ wɔn ho fi ne wɔn mfomsoɔ teɛ, mede mʼanim hintaa wɔn.
I did to them according to their uncleanness and according to their transgressions. I hid my face from them.
25 “Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Yakob bɛfiri nkoasom mu aba na manya ahummɔborɔ ama Israelfoɔ nyinaa, na mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu.
“Therefore the Lord Yahweh says: ‘Now I will reverse the captivity of Jacob and have mercy on the whole house of Israel. I will be jealous for my holy name.
26 Wɔn werɛ bɛfiri wɔn animguaseɛ ne nokorɛ a wɔanni me ɛberɛ a na wɔte hɔ asomdwoeɛ mu wɔ wɔn asase so a obiara nhunahuna wɔn.
They will forget their shame and all their trespasses by which they have trespassed against me, when they dwell securely in their land. No one will make them afraid
27 Sɛ mede wɔn firi amanaman no so sane ba na meboaboa wɔn ano firi wɔn atamfoɔ nsase so a, mɛfa wɔn so ada me kronkronyɛ adi wɔ amanaman no nyinaa ani so.
when I have brought them back from the peoples, gathered them out of their enemies’ lands, and am shown holy among them in the sight of many nations.
28 Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade wɔn Onyankopɔn no, ɛfiri sɛ ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ nnommumfa mu wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano akɔ wɔn ankasa asase so a merennya wɔn mu biara wɔ akyire.
They will know that I am Yahweh their God, in that I caused them to go into captivity among the nations, and have gathered them to their own land. Then I will leave none of them captive any more.
29 Meremfa mʼanim nhinta wɔn bio, ɛfiri sɛ mɛhwie me Honhom agu Israel efie so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
I won’t hide my face from them any more, for I have poured out my Spirit on the house of Israel,’ says the Lord Yahweh.”

< Hesekiel 39 >