< Hesekiel 39 >

1 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn. 2 Mɛkyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo bɛfiri atifi fam nohoa tɔnn na mede aba Israel mmepɔ so. 3 Afei, mɛbɔ wo tadua afiri wo nsa benkum mu na mama wʼagyan afiri wo nsa nifa mu agu fam. 4 Wo ne wʼakodɔm nyinaa ne aman a wɔka wo ho bɛtotɔ wɔ Israel mmepɔ so. Mede wo bɛma nnomaa ahodoɔ a wɔpɛ deɛ aporɔ ne wiram mmoa sɛ wɔn aduane. 5 Mobɛtotɔ wɔ mfuo so, ɛfiri sɛ makasa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 6 Mɛtɔ ogya agu Magog so ne wɔn a wɔtete hɔ asomdwoeɛ mu wɔ mpoano nsase so no na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. 7 “‘Mɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ahunu me din kronkron wɔ wɔn mu na meremma ho ɛkwan mma wɔnngu me din kronkron ho fi, na aman no bɛhunu sɛ me Awurade mene Ɔkronkronni no wɔ Israel. 8 Ɛreba! Na ampa ara ɛbɛsi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɛda a maka ho asɛm no nie. 9 “‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkuro soɔ bɛfiri adi na wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya, akokyɛm nketewa ne akɛseɛ, tadua ne agyan, mporibaa ne mpea. Wɔde bɛyɛ anyina asɔ ogya mfeɛ nson. 10 Ɛrenhia sɛ wɔbɛkɔ anyina wɔ mfuo no so anaasɛ wɔbɛpɛ bi wɔ kwaeɛ mu, ɛfiri sɛ wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya. Na wɔbɛfom wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nneɛma, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 11 “‘Saa ɛda no, mɛyɛ amusieeɛ wɔ Israel ama Gog, wɔ bɔnhwa a ɛda baabi a wɔn a wɔtu ɛkwan kɔ apueeɛ fam wɔ ɛpo no ho fa. Ɛbɛsi akwantufoɔ ɛkwan ɛfiri sɛ Gog ne ne nipadɔm no, wɔbɛsie wɔn wɔ hɔ. Ɛno enti wɔbɛfrɛ hɔ sɛ Hamon Gog bɔnhwa. 12 “‘Na Israel efie de abosome nson bɛsie wɔn de adwira asase no. 13 Nnipa a wɔwɔ asase no so bɛsie wɔn, na ɛda a wɔbɛhyɛ me animuonyam no bɛyɛ nkaeɛda ama wɔn, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. 14 Ɛberɛ biara, wɔbɛfa mmarima daa ama wɔaprapra asase no so. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so. “‘Abosome nson akyi no, wɔbɛfiri aseɛ ahwehwɛ asase no so. 15 Ɛberɛ a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ akɔsi sɛ asiefoɔ bɛfa akɔsie wɔ Hamon Gog bɔnhwa no mu. 16 (Kuro bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sei na wɔbɛdwira asase no.’ 17 “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Frɛ nnomaa ahodoɔ ne wiram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mommoaboa mo ho ano mfiri mmeammea mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛseɛ wɔ Israel mmepɔ so. Ɛhɔ na mobɛwe ɛnam na moanom mogya. 18 Mobɛwe nnɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ deɛ wɔyɛ nnwennini ne nnwammaa, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan ayɛmmoa a wɔadɔre sradeɛ. 19 Afɔdeɛ a meresiesie ama mo no, mobɛdi sradeɛ kɔsi sɛ mobɛyɛ pintinn na moanom mogya akɔsi sɛ mobɛbobo. 20 Mobɛwe apɔnkɔ ne sotefoɔ, nnɔmmarima ne asraafoɔ ahodoɔ nyinaa ɛnam amee wɔ me ɛpono so,’ Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 21 “Mɛda mʼanimuonyam adi wɔ amanaman no mu na wɔn nyinaa bɛhunu asotwe ne nsa a mede ato wɔn so. 22 Ɛfiri saa ɛda no rekorɔ, Israel efie bɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no. 23 Na amanaman no bɛhunu sɛ Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu wɔn bɔne enti, ɛfiri sɛ wɔanni me nokorɛ. Ɛno enti mede mʼanim hintaa wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa na wɔn nyinaa totɔɔ wɔ akofena ano. 24 Me ne wɔn diiɛ sɛdeɛ wɔn ho fi ne wɔn mfomsoɔ teɛ, mede mʼanim hintaa wɔn. 25 “Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Yakob bɛfiri nkoasom mu aba na manya ahummɔborɔ ama Israelfoɔ nyinaa, na mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu. 26 Wɔn werɛ bɛfiri wɔn animguaseɛ ne nokorɛ a wɔanni me ɛberɛ a na wɔte hɔ asomdwoeɛ mu wɔ wɔn asase so a obiara nhunahuna wɔn. 27 Sɛ mede wɔn firi amanaman no so sane ba na meboaboa wɔn ano firi wɔn atamfoɔ nsase so a, mɛfa wɔn so ada me kronkronyɛ adi wɔ amanaman no nyinaa ani so. 28 Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade wɔn Onyankopɔn no, ɛfiri sɛ ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ nnommumfa mu wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano akɔ wɔn ankasa asase so a merennya wɔn mu biara wɔ akyire. 29 Meremfa mʼanim nhinta wɔn bio, ɛfiri sɛ mɛhwie me Honhom agu Israel efie so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

< Hesekiel 39 >