< Hesekiel 34 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nnwanhwɛfoɔ hwɛ nnwankuo no anaa? 3 Monom nufosuo, mode mmoa no ho nwi fira mo ho na mokum mmoa a wɔadɔre nanso monhwɛ nnwankuo no. 4 Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛ no den, nsaa ayarefoɔ yadeɛ na monkyekyeree apirafoɔ akuro. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmaeɛ na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimuɔden na ahwɛ wɔn so. 5 Ɛno enti wɔbɔ hweteeɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hwɛfoɔ, na wɔbɔ hweteeɛ no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wiram mmoa nyinaa. 6 Me nnwan kyinkyini mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn. 7 “‘Enti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm: 8 Nokorɛm, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, ɛsiane sɛ me nnwankuo nni ɔhwɛfoɔ enti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wiram mmoa, na ɛsiane sɛ nnwanhwɛfoɔ no anhwehwɛ me nnwan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nnwan no asaworam 9 enti, nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm: 10 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne nnwanhwɛfoɔ no anya na mɛma wɔabu me nnwankuo no ho akonta. Memma wɔnhwɛ nnwankuo no bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkum nnwan no nnwe; mɛgye me nnwankuo afiri wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduane bio. 11 “‘Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mahwɛ wɔn so. 12 Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan a wɔahwete ɛberɛ a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nnwan so. Mɛyi wɔn afiri mmea mmea a wɔhwete kɔeɛ wɔ omununkum ne esum ɛda no. 13 Mede wɔn bɛfiri amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔ so, subɔnhwa ne asase no so atenaeɛ nyinaa. 14 Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔ atentene so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na ɛhɔ na wɔbɛwe ɛserɛ frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔ so. 15 Me ara mɛhwɛ me nnwan na mama wɔadeda hɔ. Awurade asɛm nie. 16 Mɛhwehwɛ deɛ wayera na mede deɛ wabɔ ko asane aba. Mɛkyekyere deɛ wapira no akuro, na mahyɛ deɛ ɔyɛ mmerɛ no den, nanso deɛ wadɔre ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede tenenee bɛhwɛ nnwankuo no. 17 “‘Na mo, me nnwankuo, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn ne mpapo ne nnwennini ntam. 18 Adidibea papa a modidi soɔ no, ɛyɛ ade ketewa ma mo anaa? Ɛsɛ sɛ mode mo nan tiatia mo adidibea a aka no nso so anaa? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsuo a ani yɛ korɔgyenn anaa? Ɛsɛ sɛ mode mo nan hono nkaeɛ no anaa? 19 Ɛsɛ sɛ me nnwankuo di deɛ moatiatia so na wɔnom deɛ mode mo nan ahono anaa? 20 “‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre ne nnwan a wɔafonfɔn ntam atɛn. 21 Esiane sɛ, mode mo nkyɛnmu ne mmatire puapua nnwan a wɔnni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kɔsi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri enti, 22 mɛgye me nnwankuo na wɔrenfom wɔn bio. Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn. 23 Mɛma odwanhwɛfoɔ baako, me ɔsomfoɔ Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfoɔ. 24 Na me, Awurade, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na me ɔsomfoɔ Dawid ayɛ wɔn mu ɔberempɔn. Me Awurade na maka. 25 “‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛdeɛ wɔbɛtumi atena ɛserɛ so na wɔadeda kwaeɛ mu asomdwoeɛ mu. 26 Mɛhyira wɔn ne mmea mmea a atwa me kokoɔ ho ahyia. Mɛtɔ bosuo wɔ ne berɛ mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosuo. 27 Mfuo so nnua bɛso wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduane. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mɛbubu wɔn kɔnnua na magye wɔn afiri wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. 28 Amanaman no renyɛ wɔn fomfa adeɛ bio, na wiram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoeɛ mu na obiara renhunahuna wɔn. 29 Na mɛma wɔn asase a ɛso nnɔbaeɛ ama agye din, na aduanekɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no. 30 Afei wɔbɛhunu sɛ me Awurade, wɔn Onyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israel efie yɛ me nkurɔfoɔ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 31 Mo, me nnwan, mʼadidibea nnwan yɛ me nkurɔfoɔ, na mene mo Onyankopɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”

< Hesekiel 34 >