< Hesekiel 32 >

1 Mfeɛ dumienu mu, bosome a ɛtɔ so dumienu no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Mfe dumien mu, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 “Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no sɛ: “‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ ɛpo mu aboa a ne ho yɛ hu wobubu afuni wɔ wo asutene mu, wode wo nan boro asutene no de hono nsuo no.
“Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no se: “‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ po mu aboa a ne ho yɛ hu wububu dikyi wɔ wo nsuten mu, wode wo nan boro nsuten no de fono nsu no.
3 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Mede nipadɔm bɛba abɛto mʼasau agu wo so, na wɔbɛtwe wo afiri mʼasau mu.
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mede dɔm bɛba abɛtow mʼasau agu wo so, na wɔbɛtwe wo afi mʼasau mu.
4 Mɛto wo atwene asase no so na mahuri wo ato ɛserɛ so. Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so.
Mɛtow wo akyene asase no so na mahiri wo ato sare so. Mɛma wim nnomaa nyinaa abesisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam afrɛ so.
5 Mɛhata wo nam wɔ mmepɔ no so na mede wo funu ahyɛ mmɔnhwa ma.
Mɛhata wo nam wɔ mmepɔw no so na mede wo funu ahyɛ aku ma.
6 Mede wo mogya a ɛretene no bɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ no na wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma.
Mede wo mogya a ɛresen no afɔw asase no de akɔka mmepɔw no na wo nam bɛhyɛ abon nketewa no ma.
7 Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani na madundum wɔn nsoromma; mede omununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renhyerɛn.
Sɛ mitwa wo fi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani na madunnum wɔn nsoromma; mede omununkum bɛkata owia ani, na ɔsram renhyerɛn.
8 Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa mɛma aduru sum wɔ wo so; mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Ɔsoro akanea a ɛhyerɛn nyinaa mɛma aduru sum wɔ wo so; mɛma sum aduru wʼasase, Otumfo Awurade asɛm ni.
9 Mɛma nnipa bebree akoma atutu ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu, nsase a wonnya nhunuiɛ mu.
Mɛma nnipa bebree koma atutu bere a mede wo sɛe aba aman no mu, nsase a wunnya nhuu mu.
10 Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho, wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim. Ɛda a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwoso berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti.
Mɛma nnipa bebree ho adwiriw wɔn wɔ wo ho, wo nti, hu bɛma wɔn ahene ho apopo bere a merehim mʼafoa wɔ wɔn anim no. Da a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwosow bere nyinaa mu wɔ wɔn nkwa nti.
11 “‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Babiloniahene akofena bɛsɔre wo so.
“‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Babiloniahene afoa bɛsɔre wɔ wo so.
12 Mɛma wo nipadɔm no atotɔ wɔ nnɔmmarima akofena ano, wɔ aman a wɔyɛ tutugyagu mu. Wɔbɛsɛe Misraim ahomasoɔ pasaa na ne nipadɔm no nyinaa bɛdi nkoguo.
Mɛma wo dɔm no atotɔ wɔ dɔmmarima afoa ano, wɔ aman a wɔyɛ anuɔdenfo mu. Wɔbɛsɛe Misraim ahomaso pasaa na ne dɔm no nyinaa bedi nkogu.
13 Mɛkunkum nʼanantwie nyinaa afiri nsuo bebree no ho na nnipa nan rentiatia mu bio na anantwie nan nso renhono no.
Mekunkum nʼanantwi nyinaa afi nsu bebree no ho na onipa nan rentiatia mu bio na anantwi tɔte nso remfono no.
14 Afei mɛma ne nsuo ani ate na mama ne asutene atene sɛ ngo,
Afei mɛma ne nsu ani atew na mama ne nsuten ateɛ sɛ ngo,
15 Sɛ mema Misraim da mpan na meyi biribiara firi asase no so, sɛ mekum wɔn a wɔte soɔ nyinaa a, afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’
Sɛ mema Misraim da mpan na miyi biribiara fi asase no so, sɛ mikum wɔn a wɔte so nyinaa a, afei na wobehu sɛ mene Awurade no.’
16 “Yei ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmammaa bɛto ama Misraim ne ne nipadɔm nyinaa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
“Eyi ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmabea bɛto ama Misraim ne ne dɔm nyinaa, Otumfo Awurade asɛm ni.”
17 Afe a ɛtɔ so dumienu no no bosome ɛda a ɛtɔ so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Afe a ɛto so dumien no ne sram da a ɛto so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
18 “Onipa ba, twa adwo ma Misraim nipadɔm na ma ɔne amanaman akɛseɛ no mmammaa nsiane nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no ho.
“Onipa ba, twa adwo ma Misraim dɔm na ma ɔne amanaman akɛse no mmabea nsian nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no ho.
19 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Wadom mo dodo sene wɔn a aka no anaa? Monsiane nkɔ na mo ne momonotofoɔ no nkɔda.’
Ka kyerɛ wɔn se, ‘Wadom mo dodo sen wɔn a aka no ana? Munsian nkɔ na mo ne momonotofo no nkɔda.’
20 Wɔbɛka wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no ho. Wɔatwe akofena no, ma wɔntwe ɔno ne nipadɔm no ase nkɔ.
Wɔbɛka wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no ho. Wɔatwe afoa no, ma wɔntwe ne nnipadɔm no ase nkɔ.
21 Akannifoɔ akɛseɛ a wɔwɔ damena mu bɛka wɔ Misraim ne ne mpamfoɔ ho sɛ, ‘Wɔasiane aba na wodeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no.’ (Sheol h7585)
Akannifo akɛse a wɔwɔ ɔda mu bɛka afa Misraim ne ne dɔm ho se, ‘Wɔasian aba na wɔdeda momonotofo mu, wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no.’ (Sheol h7585)
22 “Asiria ne nʼasraadɔm nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wakunkum wɔn no damena atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no.
“Asiria ne nʼasraafo nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wɔakunkum wɔn no nna atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no.
23 Wɔn adamena no wɔ amena no ase tɔnn na nʼasraadɔm deda ne damena ho nyinaa. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano.
Wɔn nna no wɔ amoa no ase tɔnn na nʼasraafo deda ne nna ho nyinaa. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano.
24 “Elam wɔ hɔ, ne nipadɔm nyinaa atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so nyinaa siane kɔɔ asase ase sɛ momonotofoɔ. Wɔde wɔn animguaseɛ kɔka wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no ho.
“Elam wɔ hɔ, ne nnipadɔm nyinaa atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so nyinaa sian kɔɔ asase ase sɛ momonotofo. Wɔde wɔn animguase kɔka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho.
25 Wɔato mpa ama no wɔ atɔfoɔ no mu, na ne nipadɔm atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛɛ wɔ ateasefoɔ asase soɔ no enti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfoɔ no mu.
Wɔato mpa ama no wɔ atɔfo no mu, na ne dɔm atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛw wɔ ateasefo asase so no nti, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfo no mu.
26 “Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn nipadɔm atwa wɔn adamena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ wɔtrɛtrɛɛ wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefoɔ asase so.
“Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn dɔm atwa wɔn nna ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano efisɛ wɔtrɛtrɛw wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefo asase so.
27 Ɛnyɛ wɔ ne akofoɔ momonotofoɔ foforɔ a wɔatotɔ na ɛdeda hɔ anaa? Wɔn a wɔne wɔn akodeɛ siane kɔɔ damena mu na wɔn tiri deda wɔn akofena soɔ no. Wɔn amumuyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofoɔ yi ahunahuna atrɛtrɛ wɔ ateasefoɔ asase so. (Sheol h7585)
Ɛnyɛ wɔn ne akofo momonotofo foforo a wɔatotɔ na wɔdeda hɔ no ana? Wɔn a wɔne wɔn akode sian kɔɔ nna mu na wɔn ti deda wɔn afoa so no. Wɔn amumɔyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofo yi ahunahuna atrɛtrɛw wɔ ateasefo asase so. (Sheol h7585)
28 “Ao Farao, wo nso wɔbɛbubu wo mu na woakɔda momonotofoɔ mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no.
“Farao, wo nso wobebubu wo mu na woakɔda momonotofo mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no.
29 “Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofoɔ mu, wɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no.
“Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofo mu, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no.
30 “Mmapɔmma a wɔfiri atifi fam nyinaa ne Sidonfoɔ nyinaa wɔ hɔ, wɔ ne atɔfoɔ kɔɔ wɔ animguaseɛ mu, wɔn tumi a wɔde hunahunaeɛ no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofoɔ, wɔne wɔn a wɔkum wɔn wɔ akofena ano, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no asoa wɔn animguaseɛ.
“Mmapɔmma a wofi atifi fam nyinaa ne Sidonfo nyinaa wɔ hɔ, wɔne atɔfo kɔɔ wɔ animguase mu, wɔn tumi a wɔde hunahuna no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofo, wɔne wɔn a wokum wɔn wɔ afoa ano, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn animguase.
31 “Farao, ɔne nʼasraadɔm nyinaa bɛhunu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne nipadɔm a wɔkunkum wɔn wɔ akofena ano no ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
“Farao, ɔne nʼasraafo nyinaa behu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne dɔm a wokunkum wɔn wɔ afoa ano no ho, Otumfo Awurade asɛm ni.
32 Mmom me na memaa Farao ne ne nipadɔm de ahunahuna trɛtrɛɛ ateasefoɔ asase so deɛ, nanso wɔbɛdeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔde akofena kunkumm wɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
Mmom me na memaa Farao ne ne nnipadɔm de ahunahuna trɛtrɛw wɔ ateasefo asase so de, nanso wɔbɛdeda momonotofo mu, wɔn a wɔde afoa kunkum wɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.”

< Hesekiel 32 >