< Hesekiel 27 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Yahweh’s word came again to me, saying,
2 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.
“You, son of man, take up a lamentation over Tyre;
3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Woka sɛ, Ao Tiro, “Me ho yɛ fɛ yie.”
and tell Tyre, ‘You who dwell at the entry of the sea, who are the merchant of the peoples to many islands, the Lord Yahweh says: “You, Tyre, have said, ‘I am perfect in beauty.’
4 Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri; wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ
Your borders are in the heart of the seas. Your builders have perfected your beauty.
5 Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa yɛ pepeaa a ɛfiri Senir. Wɔde Lebanon ntweneduro na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ.
They have made all your planks of cypress trees from Senir. They have taken a cedar from Lebanon to make a mast for you.
6 Odum nnua a ɛfiri Basan na wɔde yɛɛ wʼatabono; Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so.
They have made your oars of the oaks of Bashan. They have made your benches of ivory inlaid in cypress wood from the islands of Kittim.
7 Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma a ɛyɛɛ wo frankaa nso; wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma a ɛfiri Elisa mpoano.
Your sail was of fine linen with embroidered work from Egypt, that it might be to you for a banner. Blue and purple from the islands of Elishah was your awning.
8 Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn; wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu.
The inhabitants of Sidon and Arvad were your rowers. Your wise men, Tyre, were in you. They were your pilots.
9 Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro. Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa.
The old men of Gebal and its wise men were your repairers of ship seams in you. All the ships of the sea with their mariners were in you to deal in your merchandise.
10 “‘Persia, Lidia ne Put mmarima someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu. Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ sensɛnee wʼafasuo ho, de hyɛɛ wo animuonyam.
“‘“Persia, Lud, and Put were in your army, your men of war. They hung the shield and helmet in you. They showed your beauty.
11 Arwad ne Helek mmarima wɛnee wʼafasuo ho nyinaa. Gammad mmarima tenaa wʼaban atentene mu. Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho maa wʼahoɔfɛ dii mu.
The men of Arvad with your army were on your walls all around, and valiant men were in your towers. They hung their shields on your walls all around. They have perfected your beauty.
12 “‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.
“‘“Tarshish was your merchant by reason of the multitude of all kinds of riches. They traded for your wares with silver, iron, tin, and lead.
13 “‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.
“‘“Javan, Tubal, and Meshech were your traders. They traded the persons of men and vessels of bronze for your merchandise.
14 “‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ.
“‘“They of the house of Togarmah traded for your wares with horses, war horses, and mules.
15 “‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka.
“‘“The men of Dedan traded with you. Many islands were the market of your hand. They brought you horns of ivory and ebony in exchange.
16 “‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ.
“‘“Syria was your merchant by reason of the multitude of your handiworks. They traded for your wares with emeralds, purple, embroidered work, fine linen, coral, and rubies.
17 “‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ.
“‘“Judah and the land of Israel were your traders. They traded wheat of Minnith, confections, honey, oil, and balm for your merchandise.
18 “‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti.
“‘“Damascus was your merchant for the multitude of your handiworks by reason of the multitude of all kinds of riches, with the wine of Helbon, and white wool.
19 Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ.
“‘“Vedan and Javan traded with yarn for your wares; wrought iron, cassia, and calamus were among your merchandise.
20 “‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa.
“‘“Dedan was your merchant in precious saddle blankets for riding.
21 “‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa.
“‘“Arabia and all the princes of Kedar were your favorite dealers in lambs, rams, and goats. In these, they were your merchants.
22 “‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa.
“‘“The traders of Sheba and Raamah were your traders. They traded for your wares with the best of all spices, all precious stones, and gold.
23 “‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa.
“‘“Haran, Canneh, Eden, the traders of Sheba, Asshur and Chilmad, were your traders.
24 Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa.
These were your traders in choice wares, in wrappings of blue and embroidered work, and in cedar chests of rich clothing bound with cords, among your merchandise.
25 “‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ ɛpo no mfimfini.
“‘“The ships of Tarshish were your caravans for your merchandise. You were replenished and made very glorious in the heart of the seas.
26 Wʼaharefoɔ no fa wo de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete wɔ ɛpo no mfimfini.
Your rowers have brought you into great waters. The east wind has broken you in the heart of the seas.
27 Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro, wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa, ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ.
Your riches, your wares, your merchandise, your mariners, your pilots, your repairers of ship seams, the dealers in your merchandise, and all your men of war who are in you, with all your company which is among you, will fall into the heart of the seas in the day of your ruin.
28 Mpoano asase bɛwoso ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam.
At the sound of the cry of your pilots, the pasture lands will shake.
29 Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa bɛgya wɔn ahyɛn hɔ; hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa bɛgyinagyina mpoano.
All who handle the oars, the mariners and all the pilots of the sea, will come down from their ships. They will stand on the land,
30 Wɔbɛma wɔn ɛnne so asu osu yaaya ama wo; wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so na wɔayantanyantam nsõ mu.
and will cause their voice to be heard over you, and will cry bitterly. They will cast up dust on their heads. They will wallow in the ashes.
31 Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa na wɔafirafira ayitoma. Wɔde ɔkra mu ahoyera ne awerɛhoɔ a emu yɛ den bɛgyam wo.
They will make themselves bald for you, and clothe themselves with sackcloth. They will weep for you in bitterness of soul, with bitter mourning.
32 Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no, wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ: “Hwan na wama no atɔre mumu te sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?”
In their wailing they will take up a lamentation for you, and lament over you, saying, ‘Who is there like Tyre, like her who is brought to silence in the middle of the sea?’
33 Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no woboaa aman bebree; Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛ maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.
When your wares came from the seas, you filled many peoples. You enriched the kings of the earth with the multitude of your riches and of your merchandise.
34 Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete wɔ nsuo no bunu mu wʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaa ne wo amem kɔ nsuo ase.
In the time that you were broken by the seas, in the depths of the waters, your merchandise and all your company fell within you.
35 Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa ho adwiri wɔn wɔ wo ho; ehu ma wɔn ahemfo ho popo na wɔn anim sinsiam.
All the inhabitants of the islands are astonished at you, and their kings are horribly afraid. They are troubled in their face.
36 Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo so woaba awieeɛ a ɛyɛ hu na wɔrenhunu wo bio.’”
The merchants among the peoples hiss at you. You have come to a terrible end, and you will be no more.”’”

< Hesekiel 27 >