< Hesekiel 25 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Yahweh’s word came to me, saying,
2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfoɔ so na hyɛ nkɔm tia wɔn.
“Son of man, set your face toward the children of Ammon, and prophesy against them.
3 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wokaa “Ahaa” guu me kronkronbea so ɛberɛ a wɔguu ho fi ne Israel asase ɛberɛ a ɛdaa mpan, ne Yudafoɔ ɛberɛ a wɔkɔɔ nnommumfa mu
Tell the children of Ammon, ‘Hear the word of the Lord Yahweh! The Lord Yahweh says, “Because you said, ‘Aha!’ against my sanctuary when it was profaned, and against the land of Israel when it was made desolate, and against the house of Judah when they went into captivity,
4 enti, mede mo rebɛma nnipa a wɔfiri Apueeɛ fam na wɔde mo ayɛ wɔn dea. Wɔbɛkyekyere wɔn nsraban, asisi wɔn ntomadan wɔ mo mu; wɔbɛdi mo nnuaba na wɔanom mo nufosuo.
therefore, behold, I will deliver you to the children of the east for a possession. They will set their encampments in you and make their dwellings in you. They will eat your fruit and they will drink your milk.
5 Mɛdane Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ baabi a nnwan gye wɔn ahome. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
I will make Rabbah a stable for camels and the children of Ammon a resting place for flocks. Then you will know that I am Yahweh.”
6 Na sei na Otumfoɔ Awurade sɛe: Esiane sɛ moabɔ mo nsam de mo nan apempem hɔ, na mo de akoma mu bɔne nyinaa adi ahurisie atia Israel asase enti,
For the Lord Yahweh says: “Because you have clapped your hands, stamped with the feet, and rejoiced with all the contempt of your soul against the land of Israel,
7 mɛtene me nsa atia mo na moayɛ afodeɛ ama amanaman no. Mɛtwa mo afiri amanaman no mu na matɔre mo ase wɔ nsase no mu. Mɛsɛe mo na mobɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
therefore, behold, I have stretched out my hand on you, and will deliver you for a plunder to the nations. I will cut you off from the peoples, and I will cause you to perish out of the countries. I will destroy you. Then you will know that I am Yahweh.”
8 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Moab ne Seir kaa sɛ, “Monhwɛ, Yuda efie ayɛ sɛ amanaman a aka no”
“‘The Lord Yahweh says: “Because Moab and Seir say, ‘Behold, the house of Judah is like all the nations,’
9 enti, mɛbue Moab nkyɛn mu, afiri nkuro a ɛdeda nʼahyeɛ so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no animuonyam.
therefore, behold, I will open the side of Moab from the cities, from his cities which are on its frontiers, the glory of the country, Beth Jeshimoth, Baal Meon, and Kiriathaim,
10 Na mede Moab bɛka Amonfoɔ ho ama nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam de ayɛ wɔn dea, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfoɔ wɔ amanaman no mu;
to the children of the east, to go against the children of Ammon; and I will give them for a possession, that the children of Ammon may not be remembered among the nations.
11 na mɛtwe Moab aso. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
I will execute judgments on Moab. Then they will know that I am Yahweh.”
12 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Edom tɔɔ werɛ wɔ Yuda efie so na ɔnam so dii fɔ no enti,
“‘The Lord Yahweh says: “Because Edom has dealt against the house of Judah by taking vengeance, and has greatly offended, and taken revenge on them,”
13 deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa. Mɛma asase a ɛda Teman kɔsi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano.
therefore the Lord Yahweh says, “I will stretch out my hand on Edom, and will cut off man and animal from it; and I will make it desolate from Teman. They will fall by the sword even to Dedan.
14 Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so wereɛ na wɔ ne no bɛdi no sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ teɛ; wɔbɛhunu mʼaweretɔ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
I will lay my vengeance on Edom by the hand of my people Israel. They will do in Edom according to my anger and according to my wrath. Then they will know my vengeance,” says the Lord Yahweh.
15 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Filistifoɔ tɔɔ awere, na wɔde akoma mu nsusuiɛ bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtane a ɛfiri tete sɛee Yuda enti,
“‘The Lord Yahweh says: “Because the Philistines have taken revenge, and have taken vengeance with contempt of soul to destroy with perpetual hostility,”
16 sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Merebɛtene me nsa atia Filistifoɔ, na matwa Keretifoɔ no agu na masɛe wɔn a wɔaka wɔ mpoano hɔ no.
therefore the Lord Yahweh says, “Behold, I will stretch out my hand on the Philistines, and I will cut off the Cherethites, and destroy the remnant of the sea coast.
17 Mɛtɔ wɔn so were a ɛso, na matwe wɔn aso wɔ mʼabufuhyeɛ mu. Na sɛ metɔ wɔn so were a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
I will execute great vengeance on them with wrathful rebukes. Then they will know that I am Yahweh, when I lay my vengeance on them.”’”

< Hesekiel 25 >