< Hesekiel 18 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Yahweh’s word came to me again, saying,
2 “Sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ ɛdeɛn: “‘Agyanom adi bobe bunu, nanso wɔn mma mmom se afem anaa?’
“What do you mean, that you use this proverb concerning the land of Israel, saying, ‘The fathers have eaten sour grapes, and the children’s teeth are set on edge’?
3 “Nokorɛm, sɛ mete ase yi, sei na Awurade seɛ, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel.
“As I live,” says the Lord Yahweh, “you shall not use this proverb any more in Israel.
4 Ɔkra teasefoɔ biara wɔ me, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa wɔ me. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo.
Behold, all souls are mine; as the soul of the father, so also the soul of the son is mine. The soul who sins, he shall die.
5 “Sɛ ɛba sɛ onipa tenenee bi wɔ hɔ a ɔyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ;
“But if a man is just, and does that which is lawful and right,
6 ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israel efie. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbaa a wabu ne nsa nna.
and has not eaten on the mountains, hasn’t lifted up his eyes to the idols of the house of Israel, hasn’t defiled his neighbor’s wife, hasn’t come near a woman in her impurity,
7 Ɔnhyɛ obiara so, na ɔde boseagyeni awowasideɛ sane ma no. Ɔmmɔ korɔno mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de no na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma.
and has not wronged any, but has restored to the debtor his pledge, has taken nothing by robbery, has given his bread to the hungry, and has covered the naked with a garment;
8 Ɔmmɔ bosea nye nsiho na ɔnnye mfɛntom mmorosoɔ. Ɔtwe ne ho firi mfomsoɔyɛ ho na ɔbu nnipa baanu ntam atɛntenenee.
he who hasn’t lent to them with interest, hasn’t taken any increase from them, who has withdrawn his hand from iniquity, has executed true justice between man and man,
9 Ɔdi mʼahyɛdeɛ so na ɔdi me mmara so nokorɛm. Saa onipa no na ɔtene; na ampa ara ɔbɛnya nkwa Awurade asɛm nie.
has walked in my statutes, and has kept my ordinances, to deal truly; he is just, he shall surely live,” says the Lord Yahweh.
10 “Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a ɔdi akakabensɛm na ɔhwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a
“If he fathers a son who is a robber who sheds blood, and who does any one of these things,
11 (bɔne a nʼagya mpo anyɛ bi da): “Ɔdidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu. Ɔgu ne yɔnko yere ho fi.
or who does not do any of those things but has eaten at the mountain shrines and defiled his neighbor’s wife,
12 Ɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so. Ɔbɔ korɔno. Ɔmmfa boseagyeni awowasideɛ mma no. Ɔde ne ho to abosom so. Ɔyɛ akyiwadeɛ.
has wronged the poor and needy, has taken by robbery, has not restored the pledge, and has lifted up his eyes to the idols, has committed abomination,
13 Ɔbɔ bosea gye nsiho na ɔgye mfɛntom mmorosoɔ. Saa onipa yi bɛnya nkwa anaa? Dabi! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa enti, ampa ara, wɔbɛkum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so.
has lent with interest, and has taken increase from the poor, shall he then live? He shall not live. He has done all these abominations. He shall surely die. His blood will be on him.
14 “Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ɔhunu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnnyɛ saa nneɛma no bi:
“Now, behold, if he fathers a son who sees all his father’s sins which he has done, and fears, and doesn’t do likewise,
15 “Ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israel efie so. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi.
who hasn’t eaten on the mountains, hasn’t lifted up his eyes to the idols of the house of Israel, hasn’t defiled his neighbor’s wife,
16 Ɔnhyɛ obiara so na ɔnnye boseagyeni hɔ awowasideɛ. Ɔmmɔ korɔno, mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de noɔ na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma.
hasn’t wronged any, hasn’t taken anything to pledge, hasn’t taken by robbery, but has given his bread to the hungry, and has covered the naked with a garment;
17 Ɔtwe ne ho firi bɔne ho, na ɔnnye nsiho anaa mfɛntom mmorosoɔ. Ɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ so. Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara ɔbɛnya nkwa.
who has withdrawn his hand from the poor, who hasn’t received interest or increase, has executed my ordinances, has walked in my statutes; he shall not die for the iniquity of his father. He shall surely live.
18 Nanso nʼagya no bɛwu wɔ ɔno ara bɔne enti, ɛfiri sɛ ɔsisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔno, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfoɔ mu.
As for his father, because he cruelly oppressed, robbed his brother, and did that which is not good among his people, behold, he will die in his iniquity.
19 “Nanso mobisa sɛ, ‘Adɛn enti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdie no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yie adi mʼahyɛdeɛ nyinaa so enti, ampa ara ɔbɛnya nkwa.
“Yet you say, ‘Why doesn’t the son bear the iniquity of the father?’ When the son has done that which is lawful and right, and has kept all my statutes, and has done them, he will surely live.
20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdie no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdie ho asotwe no bi. Ɔteneneeni adeteneneeyɛ no bɛdi ama no, na wɔde omumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm bɛbu atia no.
The soul who sins, he shall die. The son shall not bear the iniquity of the father, neither shall the father bear the iniquity of the son. The righteousness of the righteous shall be on him, and the wickedness of the wicked shall be on him.
21 “Na sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi mʼahyɛdeɛ so, na afei ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ampa ara ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu.
“But if the wicked turns from all his sins that he has committed, and keeps all my statutes, and does that which is lawful and right, he shall surely live. He shall not die.
22 Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne tenenee nneyɛɛ enti, ɔbɛnya nkwa.
None of his transgressions that he has committed will be remembered against him. In his righteousness that he has done, he shall live.
23 Mʼani gye amumuyɛfoɔ wuo ho anaa? Otumfoɔ Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho na wɔnya nkwa a, mʼani nnye anaa?
Have I any pleasure in the death of the wicked?” says the Lord Yahweh, “and not rather that he should return from his way, and live?
24 “Na sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee adeyɛ ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwadeɛ a amumuyɛfoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Wɔrenkae ne tenenee nneyɛɛ no. Esiane sɛ ɔdi nokorɛdie ho fɔ na wayɛ bɔne enti, ɔbɛwu.
“But when the righteous turns away from his righteousness, and commits iniquity, and does according to all the abominations that the wicked man does, should he live? None of his righteous deeds that he has done will be remembered. In his trespass that he has trespassed, and in his sin that he has sinned, in them he shall die.
25 “Nanso moka sɛ, ‘Awurade ɛkwan ntene.’ Montie, Israel efie, Me ɛkwan ntene anaa? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛntene?
“Yet you say, ‘The way of the Lord is not equal.’ Hear now, house of Israel: Is my way not equal? Aren’t your ways unequal?
26 Sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee nneyɛɛ ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu, bɔne a wayɛ enti, ɔbɛwu.
When the righteous man turns away from his righteousness, and commits iniquity, and dies in it, then he dies in his iniquity that he has done.
27 Nanso sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi amumuyɛsɛm a wayɛ ho, na ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ɔbɛgye ne kra nkwa.
Again, when the wicked man turns away from his wickedness that he has committed, and does that which is lawful and right, he will save his soul alive.
28 Esiane sɛ wahunu ne mmarato na watwe ne ho afiri ho enti, ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu.
Because he considers, and turns away from all his transgressions that he has committed, he shall surely live. He shall not die.
29 Nanso, Israel efie ka sɛ, ‘Awurade ɛkwan ntene.’ Mʼakwan ntene? Israel efie, ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛntene anaa?
Yet the house of Israel says, ‘The way of the Lord is not fair.’ House of Israel, aren’t my ways fair? Aren’t your ways unfair?
30 “Ɛno enti, Israel efie, mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfiri mo mmaratoɔ nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehweɛ mu bio.
“Therefore I will judge you, house of Israel, everyone according to his ways,” says the Lord Yahweh. “Return, and turn yourselves from all your transgressions, so iniquity will not be your ruin.
31 Monto mfomsoɔ a moayɛ nyinaa ngu na moanya akoma foforɔ ne honhom foforɔ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuo, Ao Israel efie?
Cast away from you all your transgressions in which you have transgressed; and make yourself a new heart and a new spirit. For why will you die, house of Israel?
32 Mʼani nnye obiara owuo ho, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’
For I have no pleasure in the death of him who dies,” says the Lord Yahweh. “Therefore turn yourselves, and live!

< Hesekiel 18 >