< Hesekiel 1 >

1 Afe a ɛtɔ so aduasa no, bosome a ɛtɔ so ɛnan no ɛda a ɛtɔ so enum, ɛberɛ a na me ka atukɔfoɔ ho wɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro bueɛ na mehunuu Onyankopɔn wɔ anisoadehunu mu. 2 Ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so enum no, na ɔhene Yehoiakin adi atukorɔ mu mfeɛ enum. 3 Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfoɔ nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so. 4 Mehwɛeɛ na mehunuu sɛ ahum kɛseɛ bi firi atifi fam reba, omununkum kɛseɛ bi a ɛrete ayerɛmo na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dadeɛ a asɔ kɔɔ. 5 Na ogya no mu na na wɔhunu biribi te sɛ ateasefoɔ ɛnan. Na wɔn su te sɛ onipa, 6 wɔn mu biara anim yɛ ɛnan na wɔwowɔ ntaban ɛnan ɛnan. 7 Wɔn nan yɛ kyirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwie ba deɛ, na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔahoa ho. 8 Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afa afa ɛnan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa ɛnan a baako wɔ ntaban biara ase, 9 na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee a wɔnnanedane wɔn ho. 10 Na sei na wɔn anim teteɛ: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwie anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔdeɛ anim. 11 Saa na na wɔn anim teteɛ. Wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu kɔ ɔsoro; na wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu mmienu, a emu biara si ɔfoforɔ deɛ anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban mmienu nso katakata wɔn ho. 12 Obiara kɔ nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ɛhɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnane wɔn ho. 13 Ateasefoɔ no suban te sɛ ogyasramma a ɛrederɛ anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba wɔ ateasefoɔ no mu; ɛhyerɛn na emu na anyinam firi dwidwa. 14 Na ateasefoɔ no di akɔneaba mmirika so te sɛ anyinam a ɛredwidwa. 15 Ɛberɛ a merehwɛ ateasefoɔ no, mehunuu sɛ ntwahonan si fam wɔ ateasefoɔ a wɔn mu biara anim yɛ ɛnan no nkyɛn mu. 16 Sei na na ntwahonan no bɔberɛ teɛ: ɛtwa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ, na ɛnan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ emu biara te sɛ ntwahonan a ɛbea ntwahonan foforɔ mu. 17 Sɛ ntwahonan no nam a, wɔkɔ faako a ateasefoɔ no ani kyerɛ; ntwahonan no, ɛnnanedane ɛberɛ a ateasefoɔ no nam. 18 Wɔn nhankra no korɔn, na ɛyɛ nwanwa, na aniwa tuatua nhankra ɛnan no nyinaa ho. 19 Sɛ ateasefoɔ no nante a, ntwahonan a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, ntwahonan no nso ma wɔn ho so. 20 Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefoɔ no nso bɛkɔ, na ntwahonan no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu. 21 Sɛ ateasefoɔ no tu tene a, ntwahonan no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefoɔ no pagya wɔn ho a, ntwahonan no ne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu. 22 Na ntrɛmu bi wɔ ateasefoɔ no atifi a ɛpa yerɛyerɛ te sɛ nsukyeneeɛ, na ɛyɛ nwanwa. 23 Na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban no mu asisi anim wɔ ntrɛmu no ase, na ateasefoɔ no mu biara wɔ ntaban mmienu a ɛkata ne ho. 24 Ateasefoɔ no tu teneeɛ no, metee wɔn ntaban no nnyegyeɛ, a ɛte sɛ nsuo a ɛreworo so, te sɛ Otumfoɔ no nne, anaa akodɔm hooyɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu. 25 Na ɛnne bi firi ntrɛmu a ɛkata wɔn so no atifi baeɛ, ɛberɛ a wɔagyaagyaa wɔn ntaban mu na wɔgyinagyina hɔ no. 26 Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa wɔ ntrɛmu a ɛkata ateasefoɔ no atifi so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahennwa so wɔ soro hɔ. 27 Mehunuu sɛ, ɛfiri deɛ ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne soro no, na ɔte sɛ dadeɛ a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na ɛfiri hɔ reba ne fam no, na ɔte sɛ egyadɛreɛ; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia. 28 Sɛdeɛ nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ ɛda no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ. Yei yɛ Awurade animuonyam ahoyie no sɛso. Na mehunuuɛ no, me de mʼanim butuu fam, na metee obi a ɔrekasa nne.

< Hesekiel 1 >