< 2 Mose 6 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wobɛhunu deɛ mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfoɔ no akɔ. Nokorɛm, mɛhyɛ no ama wapam wɔn afiri asase no so.”
Yahweh said to Moses, “Now you shall see what I will do to Pharaoh, for by a strong hand he shall let them go, and by a strong hand he shall drive them out of his land.”
2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mene Awurade no.
God spoke to Moses, and said to him, “I am Yahweh.
3 Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfoɔ. Nanso, mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn.
I appeared to Abraham, to Isaac, and to Jacob, as God Almighty; but by my name Yahweh I was not known to them.
4 Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ.
I have also established my covenant with them, to give them the land of Canaan, the land of their travels, in which they lived as aliens.
5 Afei, mate Israelfoɔ apinisie ne nya a Misraimfoɔ di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.
Moreover I have heard the groaning of the children of Israel, whom the Egyptians keep in bondage, and I have remembered my covenant.
6 “Enti, ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwanwadeɛ de ayi wɔn afiri nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.
Therefore tell the children of Israel, ‘I am Yahweh, and I will bring you out from under the burdens of the Egyptians, and I will rid you out of their bondage, and I will redeem you with an outstretched arm, and with great judgments.
7 Mɛgye wɔn atom sɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn a wagye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam no.
I will take you to myself for a people. I will be your God; and you shall know that I am Yahweh your God, who brings you out from under the burdens of the Egyptians.
8 Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapadeɛ. Mene Awurade no.’”
I will bring you into the land which I swore to give to Abraham, to Isaac, and to Jacob; and I will give it to you for a heritage: I am Yahweh.’”
9 Enti, Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, ɛsiane abasamutuo a ɛfiri ɔhyɛ ntrasoɔ enti.
Moses spoke so to the children of Israel, but they didn’t listen to Moses for anguish of spirit, and for cruel bondage.
10 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
Yahweh spoke to Moses, saying,
11 “Sane kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔ.”
“Go in, speak to Pharaoh king of Egypt, that he let the children of Israel go out of his land.”
12 Nanso, Mose kaa sɛ, “Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?”
Moses spoke before Yahweh, saying, “Behold, the children of Israel haven’t listened to me. How then shall Pharaoh listen to me, when I have uncircumcised lips?”
13 Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsane nkɔ Israelfoɔ no ne Farao a ɔyɛ Misraimfoɔ ɔhene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim asase so nkɔ.
Yahweh spoke to Moses and to Aaron, and gave them a command to the children of Israel, and to Pharaoh king of Egypt, to bring the children of Israel out of the land of Egypt.
14 Nnipa a na wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no edin na ɛdidi so yi: Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmammarima yɛ: Hanok, Palu, Hesron, Karmi. Yeinom na wɔwoo Ruben asefoɔ.
These are the heads of their fathers’ houses. The sons of Reuben the firstborn of Israel: Hanoch, and Pallu, Hezron, and Carmi; these are the families of Reuben.
15 Simeon mmammarima: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne maame yɛ Kanaanni. Yeinom na wɔwoo Simeon asefoɔ.
The sons of Simeon: Jemuel, and Jamin, and Ohad, and Jachin, and Zohar, and Shaul the son of a Canaanite woman; these are the families of Simeon.
16 Lewi mmammarima: Gerson, Kohat, Merari. (Lewi dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)
These are the names of the sons of Levi according to their generations: Gershon, and Kohath, and Merari; and the years of the life of Levi were one hundred thirty-seven years.
17 Gerson mmammarima: Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.
The sons of Gershon: Libni and Shimei, according to their families.
18 Kohat mmammarima: Amram, Ishar, Hebron, Usiel. (Kohat dii mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.)
The sons of Kohath: Amram, and Izhar, and Hebron, and Uzziel; and the years of the life of Kohath were one hundred thirty-three years.
19 Merari mmammarima: Mahli, Musi. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no no yɛ Lewi abusuafoɔ.
The sons of Merari: Mahli and Mushi. These are the families of the Levites according to their generations.
20 Amram waree nʼagya nuabaa Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron. (Amram dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)
Amram took Jochebed his father’s sister to himself as wife; and she bore him Aaron and Moses. The years of the life of Amram were one hundred thirty-seven years.
21 Ishar mmammarima: Kora, Nefeg, Sikri.
The sons of Izhar: Korah, and Nepheg, and Zichri.
22 Usiel mmammarima: Misael, Elsafan, Sitri.
The sons of Uzziel: Mishael, Elzaphan, and Sithri.
23 Aaron waree Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabaa Wɔn mma edin nie: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
Aaron took Elisheba, the daughter of Amminadab, the sister of Nahshon, as his wife; and she bore him Nadab and Abihu, Eleazar and Ithamar.
24 Kora mmammarima: Asir, Elkana, Abiasaf. Yeinom ne Kora asefoɔ.
The sons of Korah: Assir, Elkanah, and Abiasaph; these are the families of the Korahites.
25 Aaron babarima Eleasa waree Putiel mmammaa no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako. Nnipa a wɔabobɔ wɔn edin yi ne wɔn a na wɔtuatua Lewifoɔ mmusuakuo no ano.
Eleazar Aaron’s son took one of the daughters of Putiel as his wife; and she bore him Phinehas. These are the heads of the fathers’ houses of the Levites according to their families.
26 Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔyi Israelfoɔ nyinaa mfiri Misraim asase so” no.
These are that Aaron and Moses to whom Yahweh said, “Bring out the children of Israel from the land of Egypt according to their armies.”
27 Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔsrɛɛ no ɛkwan sɛ ɔmma wɔnni Israelfoɔ no anim nyi wɔn mfiri asase no so.
These are those who spoke to Pharaoh king of Egypt, to bring out the children of Israel from Egypt. These are that Moses and Aaron.
28 Ɛda a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no,
On the day when Yahweh spoke to Moses in the land of Egypt,
29 ɔkaa sɛ, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim ɔhempɔn no.”
Yahweh said to Moses, “I am Yahweh. Tell Pharaoh king of Egypt all that I tell you.”
30 Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio sɛ “Mʼano nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”
Moses said before Yahweh, “Behold, I am of uncircumcised lips, and how shall Pharaoh listen to me?”

< 2 Mose 6 >