< 2 Mose 35 >

1 Afei, Mose frɛɛ nnipa no nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ modi so. 2 Monyɛ adwuma nnansia. Na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, momfa nhome; ɛyɛ ɛda kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɔbɛwu. 3 Ɛda no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afie mu.” 4 Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ nie. 5 Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara mmrɛ Awurade: “sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ; 6 ntoma a wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan ayɛ ne abirekyie nwi, 7 odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne mmirekyie nhoma a wɔahyɛ, okuo dua; 8 kanea ngo, ɔsra ngo; nnuhwam a wɔhyeɛ; 9 aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no mu. 10 “Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribi yɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ deɛ Awurade aka no nyinaa te sɛ: 11 “Ahyiaeɛ Ntomadan no so ntoma ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ, aponnwa nnua a ɛsisi mu, adum ne nnyinasoɔ; 12 Apam Adaka no ne nnua a ɛsisi ho; Mpata Beaeɛ ntwamutam a ɛkata kronkronbea hɔ, 13 Ɛpono ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Hyiadan mu Burodo; 14 nkanea nnua ne nʼakanea ne ngo; 15 aduhwam afɔrebukyia ne nnua a wɔde bɛsoa; srango ne aduhwam a ɛyi hwa pa, nsɛnanimu a wɔde bɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano; 16 kɔbere Afɔrebukyia a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, kɔbere otwitwadeɛ ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma, ne deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu, 17 adihɔ hɔ no ntwamutam, adum ne ne nnyinasoɔ, ntoma a wɔde bɛkata adihɔ hɔ ɛkwan ano, 18 Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ nnua ne ne ntampehoma, 19 asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.” 20 Enti, nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn ntomadan mu kɔyɛɛ akyɛdeɛ no ho ahoboa. 21 Wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn akoma no de wɔn akyɛdeɛ a wɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ɛho nneɛma ne deɛ wɔde bɛpam atadeɛ kronkron no brɛɛ Awurade. 22 Mmaa ne mmarima a asɛm no kaa wɔn akoma no nyinaa baeɛ. Wɔde sikakɔkɔɔ, agudeɛ, nsonkawa, nkawa, kɔnmuadeɛ ne sikadwinneɛ bebree brɛɛ Awurade. 23 Wɔn a wɔwɔ ntoma pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibire, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nhoma a ɛyɛ fɛ nso de baeɛ. 24 Afoforɔ nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛdeɛ. Ebinom de okuo nnua nso baeɛ. 25 Mmaa no bi a wɔnim adepam yie no too asaawa tuntum, bibire ne koogyan de yɛɛ ntoma a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade. 26 Afoforɔ nso de anigyeɛ nam wɔn dom akyɛdeɛ so de abirekyie nwi yɛɛ ntoma. 27 Mpanimfoɔ a wɔdi wɔn anim no de aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ baeɛ sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotadeɛ no ne nʼadaaboɔ. 28 Wɔde nnuhwam ne ngo a wɔde bɛgu nkanea mu ne deɛ wɔde bɛfra srango no ne nnuhwam no ma adi mu no nso baeɛ. 29 Yei di ho adanseɛ sɛ Israel mmarima ne mmaa a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadie a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no firi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛdeɛ brɛɛ no. 30 Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ɔfiri Yuda abusua mu nana 31 no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. 32 Ɔbɛtumi adi adwini afiri sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu. 33 Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 34 Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusuakuo mu babarima adom akyɛdeɛ a wɔnam so kyerɛ afoforɔ adeɛ. 35 Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛdeɛ sononko sɛ adwumfoɔ, duadwumfoɔ, adenwonofoɔ a wɔtumi nwono nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan mu. Wɔnim saa adwinneɛ yi nyinaa di ma ɛboro so.

< 2 Mose 35 >