< 2 Mose 20 >

1 Afei, Onyankopɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn: 2 “Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom mu wɔ Misraim no. 3 “Monnsom onyame foforɔ biara nnka me ho. 4 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase. 5 Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, Awurade mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so. 6 Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so. 7 Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ. 8 Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron. 9 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, 10 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara. 11 Ɛfiri sɛ, Awurade de nna nsia na ɛbɔɔ ɛsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, ɛnna ɔhomee ne nnanson so; enti ɔhyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome. 12 Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no. 13 Nni awu. 14 Nsɛe awadeɛ. 15 Mmɔ korɔno. 16 Nni adansekurumu. 17 Mma wʼani mmerɛ wo yɔnko fie anaa ne yere anaa nʼasomfoɔ anaa nʼanantwie anaa ne mfunumu anaa biribiara a ɛyɛ ne dea.” 18 Nnipa no nyinaa hunuu ayerɛmo ne wisie kumɔnn wɔ bepɔ no so. Wɔtee aprannaa ne totorobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ dendeenden. Enti, wɔte gyinaeɛ a ehu ama wɔn ho rewoso. 19 Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.” 20 Mose nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, mobɛsuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.” 21 Nanso, nnipa no tee wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose deɛ, ɔwuraa esum kabii no mu kɔɔ baabi a Onyankopɔn wɔ hɔ. 22 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfoɔ no. ‘Modi ho adanseɛ nokorɛm sɛ, mefiri soro ada me pɛ adi akyerɛ mo. 23 Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforɔ ayɛ. 24 “‘Dɔteɛ afɔrebukyia na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔdeɛ mma me. Mo ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a mode nnwan ne anantwie bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Baabi a mɛkyerɛ mo sɛ monsi afɔrebukyia no na monsi na mɛba hɔ abɛhyira mo. 25 Motumi de aboɔ nso si afɔrebukyia, nanso aboɔ a wɔntwaeɛ na momfa nsi. Sɛ mode afidie bi twa aboɔ no di no adwini a, ɛnyɛ sɛ wɔde si, ɛfiri sɛ, moagu ho fi. 26 Monnyɛ atrapoe mma afɔrebukyia no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntadeɛ ase ahunu mo adagya mu.’

< 2 Mose 20 >