< 2 Mose 13 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Te Israelfoɔ mmammarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.” 3 Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Ɛnnɛ yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ mokae ɛda biara—ɛda a motu firii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no. Awurade ayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree akyerɛ mo. Enti, monkae sɛ, sɛ afe duru na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔreka mfra mo aduane; na mommfa bi nkɔ mo afie nso mu koraa. 4 Afe biara mu Abib bosome awieeɛ (bɛyɛ Ɔbenem awieeɛ), monkae saa atutena yi. 5 Awurade de mo baa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ nsase a ɛwoɔ ne nufosuo sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so. 6 Mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu nko ara nnanson. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, monto ɛpono kɛseɛ mma Awurade. 7 Ɛnsɛ sɛ obiara kora mmɔreka wɔ ne fie anaa mo asase no ahyeɛ so baabiara. 8 Ɛduru afirinhyia na moredi nna yi a, monkyerɛ mo mma deɛ enti a moredi saa afahyɛ no. Ɛyɛ afahyɛ a mode bɛkae deɛ Awurade yɛ maa mo ɛberɛ a motu firii Misraim asase so no. 9 Saa afe biara mu nnawɔtwe afahyɛ yi, ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ te sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae adeɛ. Momma Awurade mmara ntena mo anom, ɛfiri sɛ tumi kɛseɛ na ɔde yii mo firii Misraim. 10 Afe biara, ɛrekɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) awieeɛ no, monni afahyɛ yi. 11 “Sɛ Awurade de mo ba asase a ɔhyɛɛ mo agyanom ho bɔ tete no a Kanaanfoɔ te so seesei no so a, monkae sɛ, 12 mo mmammarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ Awurade dea. Enti momfa mma no. 13 Motumi de odwan ba anaa abirekyie ba kɔsesa afunumu ba abakan. Na sɛ woyɛ wʼadwene sɛ woremfa afunumu no nni nsesa a, ɛsɛ sɛ wobu afunumu no kɔn mu kum no. Nanso mo mmammarima abakan deɛ, ɛsɛ sɛ motɔ wɔn ti. 14 “Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn a, monka nkyerɛ wɔn sɛ, Awurade nam anwanwadeɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ so na ɔyii yɛn firii nkoasom mu wɔ Misraim. 15 Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn ɛkwan ma yɛkɔ enti, Awurade kumm mmammarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno enti na yɛde mmammarima a wɔyɛ mmakan rema Awurade yi, nanso nnipa mmammarima mmakan no deɛ, wɔtɔ wɔn ti.’ 16 Meti mu meka bio sɛ, saa afahyɛ yi bɛda mo nso sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛ deɛ ɔde nʼagyiraeɛhyɛdeɛ abɔ mo moma so sɛ ɔdedea. Ɛyɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛseɛ no so na ɔde yii yɛn firii Misraim.” 17 Akyire no, Farao maa nnipa no kɔeɛ. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wɔfa Filistifoɔ asase a ɛkwan no da mu tee kɔsi Bɔhyɛ Asase no so, nanso Onyankopɔn ma wɔfaa ɛkwan foforɔ so. Deɛ enti a Onyankopɔn ma wɔfaa ɛkwan foforɔ so no ne sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛwom sɛ wɔkura wɔn akodeɛ deɛ, nanso sɛ wɔkɔ na wɔkɔhyia akodie bi a, wɔn aba mu bɛbu ama wɔasane aba Misraim. 18 Enti, Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa ɛserɛ so kɔntɔnkyekwan a ɛrekɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no so. 19 Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afiri Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn bɛyi wɔn afiri Misraim asase so.” 20 Wɔfiri Sukot no, wɔkɔkyeree sraban wɔ Etam ɛserɛ no ano. 21 Awurade de omununkum kyerɛɛ wɔn ɛkwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo. Enti na wɔtumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa. 22 Ɛberɛ biara na wɔhunu omununkum ne ogya no.

< 2 Mose 13 >