< Ɔsɛnkafoɔ 12 >

1 Kae wo Bɔfoɔ wɔ wo mmeranteberɛ mu, ansa na nnabɔne no aba na mfeɛ a wobɛka sɛ, “Menni mu anigyeɛ biara” no reba,
Remember also your Creator in the days of your youth, before the evil days come, and the years draw near, when you will say, “I have no pleasure in them;”
2 ansa na owia ne hann, ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na omununkum asane aba osutɔ akyi.
Before the sun, the light, the moon, and the stars are darkened, and the clouds return after the rain;
3 Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo, na mmarima ahoɔdenfoɔ akom, ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, sɛ wɔsua enti na wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu;
in the day when the keepers of the house shall tremble, and the strong men shall bow themselves, and the grinders cease because they are few, and those who look out of the windows are darkened,
4 ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu na ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase; ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane, nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase;
and the doors shall be shut in the street; when the sound of the grinding is low, and one shall rise up at the voice of a bird, and all the daughters of music shall be brought low;
5 ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro kɔ ne mmɔntene so amanenyasɛm; ɛberɛ a sorɔno dua bɛgu nhyerɛnne na abɛbɛ wea korɔ na nkatedeɛ ho adwodwoɔ. Afei onipa kɔ ne daa homeɛ mu na agyaadwotwafoɔ tu gu mmɔntene so.
yes, they shall be afraid of heights, and terrors will be on the way; and the almond tree shall blossom, and the grasshopper shall be a burden, and desire shall fail; because man goes to his everlasting home, and the mourners go about the streets;
6 Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate, anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ; ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho, anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu,
before the silver cord is severed, or the golden bowl is broken, or the pitcher is broken at the spring, or the wheel broken at the cistern,
7 na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ, na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.
and the dust returns to the earth as it was, and the spirit returns to God who gave it.
8 “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Biribiara yɛ ahuhudeɛ!”
“Vanity of vanities,” says the Preacher. “All is vanity!”
9 Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree.
Further, because the Preacher was wise, he still taught the people knowledge. Yes, he pondered, sought out, and set in order many proverbs.
10 Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso.
The Preacher sought to find out acceptable words, and that which was written blamelessly, words of truth.
11 Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yie. Saa nsɛm yi nyinaa firi Odwanhwɛfoɔ baako nkyɛn.
The words of the wise are like goads; and like nails well fastened are words from the masters of assemblies, which are given from one shepherd.
12 Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho firi biribiara a ɛka yeinom ho, me babarima. Nwoma bebrebe atwerɛ nni awieeɛ, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛ.
Furthermore, my son, be admonished: of making many books there is no end; and much study is a weariness of the flesh.
13 Afei ne nyinaa atɔ asom; nsɛm no awieeɛ nie: Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so, na onipa asɛdeɛ nyinaa nie.
This is the end of the matter. All has been heard. Fear God and keep his commandments; for this is the whole duty of man.
14 Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn, deɛ wɔayɛ asie nso ka ho, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.
For God will bring every work into judgment, with every hidden thing, whether it is good, or whether it is evil.

< Ɔsɛnkafoɔ 12 >