< Daniel 8 >

1 Ɔhene Belsasar adedie mfeɛ mmiɛnsa so, me, Daniel, menyaa anisoadehunu foforɔ bi a na ɛdi deɛ ada ne ho adi akyerɛ me dada no akyi.
In the third year of the reign of King Belshazzar, a vision appeared to me, even to me, Daniel, after that which appeared to me at the first.
2 Mʼanisoadehunu mu no, mehunuu sɛ na mewɔ Susa abankɛsewa a ɛwɔ Elam mantam; na mʼanisoadehunu mu no, na mewɔ Nsuka Ulai ho.
I saw the vision. Now it was so, that when I saw, I was in the citadel of Susa, which is in the province of Elam. I saw in the vision, and I was by the river Ulai.
3 Memaa mʼani so no, mehunuu odwennini a ɔwɔ mmɛn atentene mmienu na ɔgyina nsuka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sene baako, nanso deɛ ɛware no na ɛnyinii akyire koraa.
Then I lifted up my eyes and saw, and behold, a ram which had two horns stood before the river. The two horns were high, but one was higher than the other, and the higher came up last.
4 Mehwɛɛ odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agye obi foforɔ afiri ne nsa mu. Ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ, na ɔyɛɛ kɛseɛ.
I saw the ram pushing westward, northward, and southward. No animals could stand before him. There wasn’t any who could deliver out of his hand, but he did according to his will, and magnified himself.
5 Ɛberɛ a megu so redwene yie ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛseɛ bi a ɛtua nʼani mmienu no ntam pue firii atɔeɛ fam, twaam faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam.
As I was considering, behold, a male goat came from the west over the surface of the whole earth, and didn’t touch the ground. The goat had a notable horn between his eyes.
6 Ɔde nʼani kyerɛɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no a mehunuu sɛ na ɔgyina nsuka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ no so.
He came to the ram that had the two horns, which I saw standing before the river, and ran on him in the fury of his power.
7 Ɔpapo no sii ntɔkwanan a emu yɛ den, na ɔpem odwennini bubuu ne mmɛn mmienu no. Odwenini no yɛɛ mmerɛ na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfiri ne nsa mu.
I saw him come close to the ram, and he was moved with anger against him, and struck the ram, and broke his two horns. There was no power in the ram to stand before him; but he cast him down to the ground and trampled on him. There was no one who could deliver the ram out of his hand.
8 Ɔpapo no bɛyɛɛ ɔniɛdenfoɔ kɛseɛ. Nanso, nʼaniɛden no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, nʼabɛn kɛseɛ no buiɛ, na nʼanan mu no, mmɛn akɛseɛ ɛnan fifiriiɛ a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa ɛnan no so.
The male goat magnified himself exceedingly. When he was strong, the great horn was broken; and instead of it there came up four notable horns toward the four winds of the sky.
9 Abɛn foforɔ bi pueeɛ mmɛn akɛseɛ no mu baako ho. Ɛhyɛɛ aseɛ kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛseɛ kɔɔ anafoɔ ne apueeɛ fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so.
Out of one of them came out a little horn which grew exceedingly great—toward the south, and toward the east, and toward the glorious land.
10 Ɛnyiniiɛ ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotoo asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma bɛguguu fam, tiatiaa wɔn so.
It grew great, even to the army of the sky; and it cast down some of the army and of the stars to the ground and trampled on them.
11 Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho kɛseɛ sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ɔgyee daa daa afɔdeɛ firii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ.
Yes, it magnified itself, even to the prince of the army; and it took away from him the continual burnt offering, and the place of his sanctuary was cast down.
12 Esiane atuateɛ no enti, wɔde ahotefoɔ asafo no ne wɔn daa daa afɔdeɛ maa no. Na wɔtoo nokorɛ tweneeɛ.
The army was given over to it together with the continual burnt offering through disobedience. It cast down truth to the ground, and it did its pleasure and prospered.
13 Afei, metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforɔ bisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na anisoadehunu yi bɛba mu—deɛ ɛfa daa daa afɔdeɛ, atuateɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba, kronkron tenabea a wɔbɛgyaa mu ama, ne Awurade asafo a wɔbɛtiatia wɔn so no?”
Then I heard a holy one speaking; and another holy one said to that certain one who spoke, “How long will the vision about the continual burnt offering, and the disobedience that makes desolate, to give both the sanctuary and the army to be trodden under foot be?”
14 Ɔbuaa no sɛ, “Ɛbɛdi anwummerɛ ne anɔpa 2,300, ansa na wɔasane ate kronkron tenabea no ho.”
He said to me, “To two thousand and three hundred evenings and mornings. Then the sanctuary will be cleansed.”
15 Ɛberɛ a me Daniel, merehwɛ anisoadehunu na mepɛɛ sɛ mete aseɛ no, obi a ɔte sɛ ɔbarima bɛgyinaa mʼanim.
When I, even I Daniel, had seen the vision, I sought to understand it. Then behold, there stood before me someone with the appearance of a man.
16 Na metee onipa nne a ɛrefrɛ firi Ulai mu sɛ, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehunu no ase.”
I heard a man’s voice between the banks of the Ulai, which called and said, “Gabriel, make this man understand the vision.”
17 Ɔrebɛn baabi a na megyina no, mesuroeɛ, na mede mʼanim butuu fam. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, te aseɛ sɛ anisoadehunu no fa awieɛberɛ no ho.”
So he came near where I stood; and when he came, I was frightened, and fell on my face; but he said to me, “Understand, son of man, for the vision belongs to the time of the end.”
18 Ɛberɛ a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butu fam. Na ɔsɔɔ me mu de me gyinaa me nan so.
Now as he was speaking with me, I fell into a deep sleep with my face toward the ground; but he touched me and set me upright.
19 Ɔkaa sɛ, “Merebɛka deɛ ɛbɛsi akyire no wɔ abufuberɛ mu akyerɛ wo, ɛfiri sɛ anisoadehunu no fa awieeɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no ho.
He said, “Behold, I will make you know what will be in the latter time of the indignation, for it belongs to the appointed time of the end.
20 Odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no.
The ram which you saw, that had the two horns, they are the kings of Media and Persia.
21 Ɔpapo niɛdenfoɔ no yɛ Helahene, na abɛn kɛseɛ a ɛtua nʼani ntam no yɛ ɔhene a ɔdi ɛkan no.
The rough male goat is the king of Greece. The great horn that is between his eyes is the first king.
22 Mmɛn ɛnan a ɛbɛsii abɛn a ɛbubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahennie ɛnan a ɛbɛsɔre afiri ne ɔman no mu, nanso wɔn tumidie renyɛ pɛ.
As for that which was broken, in the place where four stood up, four kingdoms will stand up out of the nation, but not with his power.
23 “Wɔn adedie no rekɔ awieeɛ no, ɛberɛ a atuatefoɔ no ayɛ atirimuɔden mmorosoɔ no, ɔhene a ɔyɛ den, na ɔdi kontonkyisɛm bɛsɔre.
“In the latter time of their kingdom, when the transgressors have come to the full, a king of fierce face, and understanding riddles, will stand up.
24 Ɔbɛyɛ den yie a ɛmfiri nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe adeɛ ama nnipa ho adwiri wɔn, na ɔbɛdi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ.
His power will be mighty, but not by his own power. He will destroy awesomely, and will prosper in what he does. He will destroy the mighty ones and the holy people.
25 Ɔbɛma nnaadaa agye ntini, na ɔbɛyɛ ahomasoɔ. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkaeɛ, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a ɛmfiri onipa ahoɔden mu.
Through his policy he will cause deceit to prosper in his hand. He will magnify himself in his heart, and he will destroy many in their security. He will also stand up against the prince of princes, but he will be broken without human hands.
26 “Anwummerɛ ne anɔpa anisoadehunu a wɔde ama wo no yɛ nokorɛ, nanso, sɔ ano, ɛfiri sɛ ɛfa daakye bi a ɛnnya mmaeɛ ho.”
“The vision of the evenings and mornings which has been told is true; but seal up the vision, for it belongs to many days to come.”
27 Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛ, na meyaree nna kakra. Akyire yi, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehunu no yɛɛ me ahodwirie; na ɛboro nteaseɛ so.
I, Daniel, fainted, and was sick for some days. Then I rose up and did the king’s business. I wondered at the vision, but no one understood it.

< Daniel 8 >