< Daniel 12 >

1 “Saa ɛberɛ no, Mikael, ɔhene babarima titire a ɔbɔ wo nkurɔfoɔ ho ban no bɛsɔre. Ahohia ɛberɛ bi bɛba a, ɛfiri aman no ahyɛaseɛ bɛsi saa da no, biribiara saa nsiiɛ da. Nanso saa ɛberɛ no, wo nkurɔfoɔ, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nwoma no mu no, wɔbɛgye no nkwa. 2 Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔteɛ mu no bɛnyane: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwuo ne daa ahohora mu. 3 Wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ no bɛhyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdanee afoforɔ kɔɔ tenenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daapem. 4 Nanso, wo Daniel, bobɔ na sɔ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no ano, kɔsi awieeɛ ɛberɛ no. Bebree bɛkyinkyini akɔpɛ nimdeɛ.” 5 Afei, me Daniel mehwɛ hunuu nnipa baanu bi wɔ mʼanim; ɔbaako gyina asubɔnten no konkɔn so, na ɔbaako nso gyina konkɔn a ɛhwɛ baako no anim no so. 6 Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera no a ɔgyina asuo no so no sɛ, “Ɛbɛdi nna ahe ansa na anwanwadeɛ yi aba mu?” 7 Ɔbarima no a ɔfira nwera na ɔwɔ nsuo no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ soro, na metee sɛ ɔde deɛ ɔte hɔ daa no kaa ntam sɛ, “Ɛbɛkɔ so saa ara akɔsi ɛberɛ bi, mmerɛ bi ne ɛberɛ sini bi. Sɛ nnipa kronkron no tumi sɛeɛ no ba awieeɛ koraa a, wɔbɛwie saa nneɛma yi nyinaa.” 8 Meteeɛ, nanso mante aseɛ. Enti, mebisaa sɛ, “Me Wura ɛdeɛn na ɛbɛfiri yeinom nyinaa mu aba?” 9 Na ɔbuaa sɛ, “Daniel kɔ, ɛfiri sɛ wɔabobɔ nsɛm no asɔ ano de akɔsi awieeɛ mmerɛ no. 10 Wɔbɛhohoro bebree ho a efi ne nkekaeɛ biara nni wɔn ho, nanso atirimuɔdenfoɔ bɛkɔ so ayɛ atirimuɔden; wɔn mu biara rente aseɛ, nanso anyansafoɔ deɛ, wɔbɛte aseɛ. 11 “Ɛfiri da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwadeɛ a ɔsɛeɛ nam ne so bɛba abɛsi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahanu aduɔkron. 12 Nhyira ne deɛ ɔtwɛn kɔsi nnafua apem ahasa aduasa enum awieeɛ no. 13 “Wo Daniel deɛ, tintim kɔduru awieeɛ. Wobɛhome, na nna no awieeɛ no, wobɛsɔre na woakɔgye wo kyɛfa a ɛwɔ agyapadeɛ no mu.”

< Daniel 12 >