< Daniel 11 >

1 Na Mediani Dario ahennie afe a ɛdi ɛkan no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛgyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.) 2 “Na afei, mɛka mu nokorɛ akyerɛ wo: ahemfo mmiɛnsa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, deɛ ɔtɔ so ɛnan a ɔbɛnya ne ho akyɛn nkaeɛ no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden bɛhwanyane obiara atia Hela ahennie. 3 Afei, ɔhene kɛseɛ bi bɛsɔre wɔ tumi mu a ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ. 4 Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu ɛnan. Ɛrenkɔ nʼasefoɔ nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, ɛfiri sɛ, wɔbɛtutu nʼaheman no ase de ama afoforɔ. 5 “Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asene no na ɔde tumi a ɛyɛ den bɛdi ahemman no so. 6 Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ba baa bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabaa no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmerɛ no mu no, ɔhene babaa, adehyeɛ a wɔka ne ho, nʼagya ne deɛ ɔgyinaa nʼakyi nyinaa no, wɔbɛyi wɔn ama. 7 “Obi a ɔfiri anafoɔ fam babaa abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dom bɛba abɛhyɛne ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. 8 Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho. 9 Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛto ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no so, nanso ɔbɛsane nʼakyi akɔ nʼankasa asase so. 10 Ne mmammarima bɛsiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde akodɔm kɛseɛ bɛkɔ te sɛ nsuo a ayiri, akɔko ara akɔduru atamfoɔ no aban no ho. 11 “Afei, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de abufuo kɛseɛ bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ akodɔm kɛseɛ, na ɔbɛdi wɔn so nkonim. 12 Sɛ wɔde akodɔm no kɔ a, ahantan bɛhyɛ anafoɔ fam ɔhene no mu ma, na ɔbɛkunkum mpempem, nanso, ne nkonimdie no, ɛnkyɛre. 13 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa akodɔm foforɔ a wɔdɔɔso sene kane deɛ no, na mfirinhyia bebree akyi no, ɔde akodɔm kɛseɛ a wɔwɔ akodeɛ bɛtu ɔsa. 14 “Saa mmerɛ no mu, bebree bɛsɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Wɔn a wɔdi akakabensɛm wɔ wʼankasa wo nkurɔfoɔ mu no bɛte atua sɛdeɛ ɛteɛ wɔ anisoadehunu no mu no, nanso wɔrenni nkonim. 15 Afei, ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abɛsisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wagye ho ban. Akodɔm a wɔwɔ anafoɔ fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano. 16 Ntohyɛsoni no bɛyɛ deɛ ɔpɛ na obiara ntumi nnyina nʼanim. Ɔbɛgye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na ɔbɛnya tumi a ɔde bɛsɛe no. 17 Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahennie no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babaa bɛma no awadeɛ, na ɔnam so agu nʼahennie no, nanso nʼatirimpɔ yi renyɛ yie na ɛremmoa no. 18 Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi emu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomasoɔ bɛba awieeɛ na wadane abɔ no. 19 Yei akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhunu no bio. 20 “Deɛ ɔbɛdi nʼadeɛ no bɛsoma ɔtogyeni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya deɛ ɛbɛma nʼahennie no animuonyam atena hɔ. Mfirinhyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛmfiri abufuo anaa ɔko mu. 21 “Obi a wɔmmu no na ɔnnyɛ ɔdehyeɛ na ɔbɛdi nʼadeɛ. Ɔbɛto ahyɛ ahennie no so ɛberɛ a ɛso nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye. 22 Afei ɔbɛtɔre akodɔm a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ no ase. Wɔbɛsɛe akodɔm no ne ɔhene babarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no. 23 Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa ɛkwan so bɛnya nnipa kakra bi na wapere tumi. 24 Sɛ amantam a wɔyɛ adefoɔ no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛto ahyɛ wɔn so, na deɛ nʼagyanom ne ne nananom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ afodeɛ ne ahonyadeɛ ama nʼakyidifoɔ. Ɔbɛbɔ abantuo ho pɔ, nanso ɛbɛyɛ nna tiawa bi mu. 25 “Ɔbɛnya akodɔm kɛseɛ na wanya ahoɔden ne akokoɔduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de akodɔm a wɔdɔɔso na wɔyɛ den bɛtu ɔsa, nanso, ɔrentumi nnyina, ɛsiane ɛpɔ ahodoɔ a wɔabɔ de atia no enti. 26 Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhoma no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwan nʼase; wɔbɛtwi afa ɔhene no asraafoɔ no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu. 27 Ahemfo mmienu a bɔne adi wɔn tiri mu dɛm bɛtena ɛpono baako ho, adi atorɔ akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛnkɔsi hwee, ɛfiri sɛ, awieeɛ no bɛba ne ɛberɛ a wɔahyɛ no. 28 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyadeɛ bebree bɛsane akɔ ne ɔman mu, nanso, nʼakoma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasane akɔ ne ɔman mu. 29 “Ɛberɛ a wɔahyɛ no duru a, ɔbɛto ahyɛ anafoɔ aman so bio, nanso saa ɛberɛ yi deɛ, ɛrenyɛ yie mma no sɛ kane no. 30 Ahyɛn a wɔfiri aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔeɛ fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bɛbu. Enti ɔbɛsane nʼakyi na ɔde nʼabufuo akɔwie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako. 31 “Na nʼasraadɔm bɛsɔre. Wɔbɛgu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daadaa afɔrebɔ no. Wɔde abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba bɛsi anan mu. 32 Ɔde nnaadaa bɛkɔ so asɛe wɔn a wɔbu apam no so, nanso wɔn a wɔnim wɔn Onyankopɔn no bɛsɔre atia no dendeenden. 33 “Anyansafoɔ bɛkyerɛkyerɛ bebree, nanso, berɛ bi mu no, wɔbɛtotɔ akofena ano, wɔbɛhye wɔn, wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfom wɔn nneɛma. 34 Sɛ wɔhwe ase a, wɔbɛnya mmoa kakra, na bebree a wɔnni nokorɛ bɛkɔ akɔdɔm wɔn. 35 Anyansafoɔ no mu bi bɛsuntisunti. Ɛnam so bɛma wɔasiesie wɔn, ahohoro wɔn ho fi na wɔayɛ wɔn a wɔn ho nni nkekaawa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛbɛba ɛberɛ a wɔahyɛ no. 36 “Ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, ɔbɛma ne ho so, ayɛ ne ho kɛseɛ asene onyame biara, na waka deɛ obi ntee da afa anyame mu Onyame no ho. Ɔbɛnya nkɔsoɔ akɔsi sɛ abufuo berɛ no bɛba awieeɛ, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ deɛ wɔahyɛ ato hɔ no ba mu. 37 Ɔbɛbu nʼagyanom anyame animtia. Ɔremfa mmaa no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforɔ biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so. 38 Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim bɛsi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmoɔ ne akyɛdeɛ a ɛsom bo bɛdi no ni. 39 Ɔde mmoa a ɔnya firi ananafoɔ nyame hɔ no bɛto ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wɔgye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn animuonyam. Ɔbɛyɛ wɔn sodifoɔ wɔ nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua. 40 “Awieeɛ no duru a, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ne no bɛko, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nso de nteaseɛnam, apɔnkɔsotefoɔ ne ɛpo so akodɔm bebree ahyia no. Ɔbɛto ahyɛ aman bebree so na watwi afa wɔn so te sɛ nsuyire. 41 Ɔbɛto ahyɛ Asase Fɛɛfɛ no so. Aman bebree bɛhwehwe ase, nanso wɔbɛgye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛseɛ afiri ne nsa mu. 42 Ɔde ne tumi bɛkɔ aman bebree so; na Misraim remfiri mu mfi. 43 Ɔde ne nsa bɛto ademudeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne Misraim ahonyadeɛ nyinaa so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ ayɛ nʼasomfoɔ. 44 Nanso, amaneɛ a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuhyeɛ bɛfiri akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase. 45 Ɔbɛsi nʼadehye ntomadan wɔ ɛpo no ne bepɔ kronkron fɛfɛ no ntam. Na nʼawieeɛ bɛba a ɔrennya mmoa biara.

< Daniel 11 >