< Kolosefoɔ 2 >

1 Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wɔnhunuu me da no hunu aperepereɛ denden a meredi wɔ wɔn ho. 2 Me botaeɛ ne sɛ, wɔbɛnya nkuranhyɛ wɔ wɔn akoma mu na wɔatena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya nteaseɛ a ɛwie pɛyɛ. Na wɔbɛhunu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no. 3 Ɔno so na wɔnam hunu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene. 4 Meka kyerɛ mo sɛ, mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo. 5 Ɛwom sɛ menni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam deɛ, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidie so aka mo ho abom gyina hɔ pintinn. 6 Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura enti, mo ne no mmom ntena. 7 Monnye nhini wɔ ne mu; momfa mo nkwa nto ne so na mo gyidie mu nyɛ den daa sɛdeɛ wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase. 8 Monhwɛ yie na obi amfa ne nnaadaa a ɛfiri nnipa nkyerɛkyerɛ ne ewiase ahonhom mu a ɛmfiri Kristo no amfa mo nnommum. 9 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo onipadua mu, 10 na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidie ne mpaninnie biara hyɛ Kristo ase. 11 Mo ne no ka bɔɔ mu no, wɔtwaa mo twetia a ɛnyɛ onipa na ɔtwaa mo, na mmom, ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔtwaa mo twetia de tee mo firii onipadua a ɛho nteɛ no tumi ase. 12 Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Afei wonyanee mo baa nkwa mu, ɛfiri sɛ na mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn tumi mu a ɛnyanee Kristo firii awufoɔ mu no. 13 Esiane mo bɔne enti, ɛberɛ bi a atwam no, na moyɛ honhom mu awufoɔ ne amanamanmufoɔ a monni Mmara. Nanso, afei Onyankopɔn anyane yɛn ne Kristo. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn. 14 Onyankopɔn pepaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asɛnnua so kɔbɔɔ no asɛnnua mu. 15 Ɛhɔ na Kristo dii mpaninnie ne tumidie nyinaa so. Ɔmaa ewiase nyinaa hunuu sɛdeɛ ɔfaa wɔn sɛ nneduafoɔ ɛberɛ a ɔhyɛɛ ne nkonimdie ho fa no. 16 Enti, mommma obiara nnhyehyɛ mmara a ɛfa deɛ modi anaa monom, deɛ ɛfa nna kronkron anaa deɛ ɛfa asrane foforɔ afahyɛ anaa deɛ ɛfa home nna ho mmma mo. 17 Saa nneɛma no nyinaa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ a ɛbɛba no. Kristo ne nokorɛ no. 18 Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfoɔ nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehunu. Saa ahantanfoɔ yi wɔ anifire su. 19 Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ onipadua no nyinaa Ti no dea bio. Kristo na ɔma onipadua no ahoɔden na ɔka onipadua no akwaa nyinaa bɔ mu, ma ɛnyini sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛnyini no. 20 Mo ne Kristo awu enti, moate mo ho afiri ahonhom a wɔdi ewiase so no ho. Adɛn enti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa ewiase no ase? Adɛn enti na modi saa mmara no a ɛkyerɛ sɛ, 21 “Monnsɔ yei mu, monnni yei, mommfa mo nsa nka!” no so? 22 Saa mmara ahodoɔ yi nyinaa yɛ nnipa ahyɛdeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa nneɛma a yɛyɛ wɔ asase yi so a daakye ɛbɛtwam. 23 Ayɛ sɛ saa Mmara yi so die yɛ pa ara, na ɛma wodɔ Onyankopɔn, anaasɛ ɛma wobrɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso, saa mmara yi nni tumi biara wɔ onipa akɔnnɔ bɔne so.

< Kolosefoɔ 2 >