< Amos 3 >

1 Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa: 2 “Mo nko ara na mayi mo wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; enti mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho.” 3 Nnipa baanu bɛtumi abom anante, wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa? 4 Gyata bobom wɔ dɔtɔ ase wɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa? Ɔpɔ so wɔ ne buo mu wɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa? 5 Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ fam wɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa? Afidie hwan wɔ ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa? 6 Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo anaa? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa? 7 Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi a ɔnna ne nhyehyeɛ adi nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no. 8 Gyata no abobom, hwan na ɔnnsuro? Otumfoɔ Awurade akasa, hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm? 9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.” 10 “Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia sie wɔ wɔn aban mu. 11 Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ, “Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so; Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu, na wafo wʼaban.” 12 Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin firi gyata anom no, saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.” 13 “Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie. 14 “Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El; wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn na abu ahwe fam. 15 Mɛdwiri awɔberɛ efie ne ahuhuro berɛ efie agu; na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

< Amos 3 >