< Asomafoɔ 25 >

1 Festo bɛsii Felike ananmu sɛ amrado wɔ Kaesarea no, ne nnansa so ɔkɔɔ Yerusalem.
Festus, étant donc arrivé dans sa province, monta trois jours après de Césarée à Jérusalem.
2 Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim.
Les chefs des prêtres et les principaux d'entre les Juifs vinrent lui porter plainte contre Paul. Avec beaucoup d'instances
3 Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔ sɛ wɔbɛtɛ no ɛkwan so akum no enti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem.
ils lui demandèrent comme une faveur, dans un but hostile à l'Apôtre, qu'il le fît transférer à Jérusalem; ils préparaient un guet-apens pour le faire périr en route.
4 Nanso, Festo buaa wɔn sɛ, ɛsiane sɛ Paulo da afiase wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛre biara ɔno ankasa bɛkɔ hɔ enti,
Festus répondit que Paul était gardé à Césarée et que lui-même y retournerait sous peu.
5 wɔn a wɔdi asɛm no anim no ne no nkɔ nkɔdi asɛm no wɔ hɔ.
" Que ceux d'entre vous, ajouta-t-il, qui ont qualité pour cela, descendent avec moi, et s'il y a des charges contre cet homme, qu'ils l'accusent. "
6 Festo dii bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu ansa na ɔresane aba Kaesarea. Ɔbɛduruu adekyeeɛ no, ɔtenaa adwa mu dii Paulo asɛm.
Après avoir seulement passé huit ou dix jours à Jérusalem, Festus descendit à Césarée. Le lendemain, ayant pris place sur son tribunal, il fit amener Paul.
7 Ɛberɛ a Paulo bɛduruu asɛnniiɛ hɔ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem no twaa ne ho hyiaeɛ firii aseɛ kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ too ne so.
Quand on l'eut amené, les Juifs venus de Jérusalem l'entourèrent, en portant contre lui de nombreuses et graves accusations, qu'ils ne pouvaient prouver.
8 Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menni biribiara ho fɔ, ɛfiri sɛ, menkasa ntiaa Yudafoɔ mmara; menguu asɔredan ho fi, ɛnna menkasa ntiaa Roma aban nso.”
Paul dit pour sa défense: " Je n'ai rien fait de répréhensible, ni contre la loi des Juifs, ni contre le temple, ni contre César. "
9 Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ no ani enti, ɔbisaa Paulo sɛ, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kɔdi wʼasɛm wɔ hɔ anaa?”
Festus, qui voulait faire plaisir aux Juifs, dit à Paul: " Veux-tu monter à Jérusalem et y être jugé sur ces griefs en ma présence? "
10 Paulo buaa sɛ, “Esiane sɛ Ɔhempɔn Kaesare asɛnniiɛ na megyina enti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wɔdi mʼasɛm, bu me atɛn, ɛfiri sɛ menyɛɛ Yudafoɔ bɔne biara sɛdeɛ wo ara wonim no.
Paul répondit: " Je suis devant le tribunal de César; c'est là que je dois être jugé. Je n'ai fait aucun tort aux Juifs, comme tu le sais bien toi-même.
11 Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔbu me kumfɔ a, mensuro. Nanso, sɛ nsɛm a saa Yudafoɔ yi ka tia me no nyɛ nokorɛ a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Medwane metoa Ɔhempɔn Kaesare.”
Si j'ai commis quelque injustice ou quelque attentat qui mérite la mort, je ne refuse pas de mourir; mais s'il n'y a rien de fondé dans leurs accusations, personne n'a le droit de me livrer à eux. J'en appelle à César. "
12 Festo ne ne mpanimfoɔ tuu agyina wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Esiane sɛ woadwane atoa Ɔhempɔn Kaesare no enti, yɛde wo bɛkɔ nʼanim.”
Alors Festus, après en avoir conféré avec son conseil, répondit: " Tu en as appelé à César, tu iras à César. "
13 Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba.
Quelques jours après le roi Agrippa et Bérénice arrivèrent à Césarée pour saluer Festus.
14 Wɔwɔ hɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaa no odeduani;
Comme ils y passèrent plusieurs jours, Festus exposa au roi l'affaire de Paul, en disant: " Il y a ici un homme que Félix a laissé prisonnier.
15 na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanin kaa nsɛm bi tiaa no sɛ mennyina so mmu no kumfɔ.
Lorsque j'étais à Jérusalem, les princes des prêtres et les Anciens des Juifs ont porté plainte contre lui, demandant sa condamnation.
16 “Nanso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, Roma mmara mma ho kwan sɛ wɔbu obi fɔ ɛberɛ a wɔnnii nʼasɛm; wɔma no ho kwan na ɔyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho.
Je leur ai répondu que ce n'est pas la coutume des Romains de livrer un homme avant d'avoir confronté l'accusé avec ses accusateurs et de lui avoir donné les moyens de se justifier de ce dont on l'accuse.
17 Wɔbaeɛ no mansɛe berɛ koraa na adeɛ kyeeɛ no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na menni nʼasɛm.
Ils sont donc venus ici, et, sans différer, j'ai pris place le lendemain sur mon tribunal, et j'ai ordonné de m'amener cet homme.
18 Nanso, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so.
Les accusateurs, s'étant présentés, ne lui imputèrent aucun des crimes que je supposais;
19 Nsɛm a wɔkaeɛ no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a ɔwuiɛ nanso Paulo ka sɛ ɔte ase no ho.
mais ils eurent avec lui des controverses ayant trait à leur religion particulière et à un certain Jésus, qui est mort et que Paul affirmait être vivant.
20 Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene no enti, mebisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ mekɔdi nʼasɛm wɔ Yerusalem anaa?
Comme j'étais embarrassé pour faire une enquête sur ces matières, je lui demandai s'il voulait aller à Jérusalem et y être jugé sur ces accusations.
21 Nanso, Paulo dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesane maa wɔde no kɔtoo afiase kɔsi ɛberɛ a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim.”
Mais Paul en ayant appelé, pour que sa cause fût réservée à la connaissance de l'empereur, j'ai ordonné de le garder jusqu'à ce que je l'envoie à César. "
22 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Mepɛ sɛ mʼankasa metie nʼano asɛm.” Festo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼano asɛm.”
Agrippa dit à Festus: " J'aurais voulu, moi aussi, entendre cet homme. " — " Demain, répondit Festus, tu l'entendras. "
23 Adeɛ kyeeɛ no, Ɔhene Agripa ne Berenike de ahyehyɛ ne ahokeka de asraafoɔ mpanimfoɔ ne kuro no mu mpanin kaa ne ho kɔɔ asɛnniiɛ hɔ. Festo hyɛ maa wɔde Paulo baa asɛnniiɛ hɔ.
Le lendemain, Agrippa et Bérénice vinrent en grand faste. Quand ils furent dans la salle d'audience avec les tribuns et les principaux personnages de la ville, Paul fut amené par l'ordre de Festus.
24 Festo kaa sɛ, “Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafoɔ a wɔwɔ ha ne Yerusalem no aka nsɛm atia no, de no abrɛ me sɛ memmu no kumfɔ no,
Et Festus dit: " Roi Agrippa, et vous tous qui êtes présents avec nous, vous avez devant vous l'homme au sujet duquel les Juifs sont venus en foule me parler soit à Jérusalem, soit ici, en criant qu'il ne fallait plus le laisser vivre.
25 nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bɛbu no kumfɔ. Esiane sɛ ɔno ankasa dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare no enti, mayɛ mʼadwene sɛ mede no bɛkɔ nʼanim.
Pour moi, ayant reconnu qu'il n'a rien fait qui mérite la mort, et lui-même en ayant appelé à l'empereur, j'ai résolu de le lui envoyer.
26 Esiane sɛ menni asɛm pɔtee bi a mɛtwerɛ akɔma Ɔhempɔn Kaesare enti, na mede no aba wo Ɔhene Agripa anim sɛ, sɛ wowie wo nhwehwɛmu a, manya biribi agyina so matwerɛ ne ho asɛm.
Comme je n'ai rien de précis à écrire à l'empereur sur son compte, je l'ai fait comparaître devant vous, et surtout devant toi, roi Agrippa, afin qu'après cette audience je puisse rédiger mon rapport.
27 Mennye nni sɛ nteaseɛ wom sɛ mede odeduani bɛkɔ nʼanim a mentwerɛɛ biribi pɔtee bi a ɛtia no!”
Car il me paraît déraisonnable d'envoyer un prisonnier, sans indiquer en même temps de quoi on l'accuse. "

< Asomafoɔ 25 >