< 2 Timoteo 2 >

1 Na wo Timoteo, me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufoɔ, enti ma ɔnhyɛ wo den. 2 Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansedifoɔ bebree no, na fa hyɛ nnipa a wogye wɔn di na wɔbɛtumi akyerɛ afoforɔ nso nsa. 3 Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa. 4 Ɔsraani mfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panin ani. 5 Saa ara nso na obi a ɔfra akansie mu a ɔtu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ ɔdi akansie no mmara so. 6 Okuafoɔ a wadɔ nʼafuo no, ɛsɛ sɛ ɔnya mu nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan no. 7 Dwene nsɛm a mereka yi ho ɛfiri sɛ, Awurade bɛma woate biribiara ase. 8 Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no. 9 Esiane sɛ meka Asɛmpa no enti, mehunu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ. Nanso, Onyankopɔn asɛm no ngu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; 10 na yei enti, biribiara a ɛbɛba me so no, ɛsiane Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn no enti, megyina ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ ne animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no. (aiōnios g166) 11 Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so nie: “Sɛ yɛne no wuiɛ a, yɛne no bɛtena ase. 12 Sɛ yɛampa aba a, yɛne no bɛdi ɔhene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn. 13 Sɛ yɛnnyɛ nokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔrensesa nʼasɛm.” 14 Monkae mo nkurɔfoɔ wɔ yei ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim sɛ wɔnnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefoɔ no adwene. 15 Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim. 16 Twe wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nte ho ɛfiri sɛ, ɛno na ɛpam nnipa firi Onyankopɔn ho. 17 Deɛ wɔkyerɛ no te sɛ akusikuro a ɛdidi fa honam no ani. Saa akyerɛkyerɛfoɔ yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto. 18 Wɔamane afiri nokorɛ no ho na wɔka kyerɛ agyidifoɔ bi sɛ, yɛn wusɔreɛ no atwam dada, na wɔnam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene. 19 Nanso, obi rentumi nhinhim fapem denden a Onyankopɔn ato no, ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ saa nsɛm yi wɔ so: “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ,” na “Obiara a ɔka sɛ ɔyɛ Awurade dea no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho.” 20 Nkuku ne nkaka wɔ efi kɛseɛ mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforɔ nso wɔde dɔteɛ. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforɔ nso daa wɔde di dwuma. 21 Sɛ obi te ne ho firi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko ɛfiri sɛ, watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ ɔdi no, ɔbɛdi. 22 Dwane firi mmeranteberɛ mu akɔnnɔ, na ti nneɛma a ɛho teɛ te sɛ: tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma pa mu bom frɛ Awurade ma ɔboa no akyi. 23 Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnyeɛ a ɛmfa hwee mma no mu, ɛfiri sɛ, ɛde akasakasa ba. 24 Ɛnsɛ sɛ Awurade ɔsomfoɔ ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamyɛ ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa a ɔwɔ boasetɔ nso 25 a sɛ wɔn a wɔne no di asie fom a, ɔto ne bo ase tene wɔn so, sɛ ebia, Onyankopɔn bɛsakyera wɔn adwene na wɔahunu nokorɛ no. 26 Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔadwane afiri ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛdeɛ no afidie mu.

< 2 Timoteo 2 >