< 2 Samuel 8 >

1 Akyire yi, Dawid dii Filistifoɔ no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛseɛ no.
After this, David struck the Philistines and subdued them; and David took the bridle of the mother city out of the hand of the Philistines.
2 Dawid sane dii Moabfoɔ so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde ahoma susuu wɔn. Ɔsusu ahoma no mmienu a, na wakyerɛ sɛ wɔnkum saa nnipa no. Ɛnna ɔsusu ahoma no baako a, na wakyerɛ sɛ wɔnnyaa saa nkurɔfoɔ no. Enti, Moabfoɔ a wɔnyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfoɔ a na afe biara wɔyi ɛtoɔ brɛ no.
He defeated Moab, and measured them with the line, making them to lie down on the ground; and he measured two lines to put to death, and one full line to keep alive. The Moabites became servants to David, and brought tribute.
3 Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na ɔdi ɔhene wɔ Soba no akɔdɔm, ɛberɛ a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛɛ sɛ ɔkɔhyɛ ne nnisoɔ mu den.
David also struck Hadadezer the son of Rehob, king of Zobah, as he went to recover his dominion at the River.
4 Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ.
David took from him one thousand seven hundred horsemen and twenty thousand footmen. David hamstrung the chariot horses, but reserved enough of them for one hundred chariots.
5 Ɛberɛ a Aramfoɔ a wɔfiri Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm wɔn mu ɔpeduonu.
When the Syrians of Damascus came to help Hadadezer king of Zobah, David struck twenty two thousand men of the Syrians.
6 Na ɔde akodɔm a wɔyɛ bansifoɔ kɔtenaa Damasko, ma Aramfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkurɔfoɔ a na wɔyi toɔ brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
Then David put garrisons in Syria of Damascus; and the Syrians became servants to David, and brought tribute. Yahweh gave victory to David wherever he went.
7 Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem.
David took the shields of gold that were on the servants of Hadadezer, and brought them to Jerusalem.
8 Ɔde Beta ne Berotai a na ɛyɛ Hadadeser nkuro no mu kɔbere bebree kaa ne ho kɔɔeɛ.
From Betah and from Berothai, cities of Hadadezer, King David took a great quantity of bronze.
9 Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser akodɔm no ase pasaa no,
When Toi king of Hamath heard that David had struck all the army of Hadadezer,
10 ɔsomaa ne babarima Yoram wɔ Dawid nkyɛn, bɛkyiaa no maa no amo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfoɔ firi teteete a wɔako atia wɔn ho mpɛn bebree. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafraeɛ.
then Toi sent Joram his son to King David to greet him and to bless him, because he had fought against Hadadezer and struck him; for Hadadezer had wars with Toi. Joram brought with him vessels of silver, vessels of gold, and vessels of bronze.
11 Ɔhene Dawid too akyɛdeɛ no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔnya firii aman bi a ɔdii wɔn so no nyinaa ka ho.
King David also dedicated these to Yahweh, with the silver and gold that he dedicated of all the nations which he subdued—
12 Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne deɛ ɛfiri Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso.
of Syria, of Moab, of the children of Ammon, of the Philistines, of Amalek, and of the plunder of Hadadezer, son of Rehob, king of Zobah.
13 Yei maa Dawid gyee edin. Ɔsane nʼakyi kɔeɛ no, ɔkunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa mu.
David earned a reputation when he returned from striking down eighteen thousand men of the Syrians in the Valley of Salt.
14 Ɔde akodɔm bansifoɔ siisii Edom nyinaa ano. Na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ nhwɛsoɔ foforɔ a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii no baabiara a ɔkɔeɛ no.
He put garrisons in Edom. Throughout all Edom, he put garrisons, and all the Edomites became servants to David. Yahweh gave victory to David wherever he went.
15 Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene, na ɔne obiara tenaa yie.
David reigned over all Israel; and David executed justice and righteousness for all his people.
16 Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni.
Joab the son of Zeruiah was over the army, Jehoshaphat the son of Ahilud was recorder,
17 Sadok a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ. Na Seraia yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ.
Zadok the son of Ahitub and Ahimelech the son of Abiathar were priests, Seraiah was scribe,
18 Yehoiada babarima Benaia na na ɔdi Keretifoɔ ne Peletifoɔ so, ɛnna Dawid mmammarima tua asɔfodɔm ano.
Benaiah the son of Jehoiada was over the Cherethites and the Pelethites; and David’s sons were chief ministers.

< 2 Samuel 8 >