< 2 Samuel 24 >

1 Bio, Awurade abufuo baa Israel so enti, ɔhyɛɛ Dawid sɛ ɔmfa nnipakan so nha wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid sɛ, “Kɔ na kɔkan Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyinaa.” 2 Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab sɛ, “Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, ɛfiri Dan a ɛwɔ atifi fam, de bɛsi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam, na ama mahunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ ha.” 3 Na Yoab buaa ɔhene no sɛ, “Awurade mma wo ntena ase kɔsi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahennie yi mu ase bɛtrɛ mmɔho ɔha. Na adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ yei?” 4 Na ɔhene no hyɛɛ no ketee sɛ, wɔnkan nnipa enti, Yoab ne nʼadwumayɛfoɔ kɔkanee nnipa a wɔwɔ Israel. 5 Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtwaa Yordan kɔtenaa Aroer, kuro a ɛwɔ bɔnhwa no anafoɔ a ɛkyerɛ Gad no. Afei, wɔkɔɔ Yaser, 6 toaa so kɔduruu Gilead a ɛwɔ Tatim-hodsi, toaa so kɔɔ Dan Yaan ne Sidon fa mu. 7 Afei, wɔbaa Tiro aban mu ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nkuropɔn nyinaa mu. Wɔkɔɔ Yuda anafoɔ, kɔduruu Beer-Seba de wieeɛ. 8 Wɔwurawuraa asase no nyinaa so, de abosome nkron ne nnafua aduonu wiee nnipakan no, sane kɔɔ Yerusalem. 9 Yoab de ne nnipa dodoɔ a wɔnyaeɛ brɛɛ ɔhene no. Na mmarima a wɔaduru sraadie mfeɛ so wɔ Israel no dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe, na mpem ahanum nso wɔ Yuda. 10 Dawid kan nnipa no nyinaa wieeɛ no, nʼatiboa buu no fɔ, enti ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Deɛ meyɛeɛ yi enti, mayɛ bɔne kɛseɛ. Enti, Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbuo yi firi wo ɔsomfoɔ so. Mayɛ nkwaseadeɛ.” 11 Adeɛ kyeeɛ no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunufoɔ nkyɛn sɛ: 12 “Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede nsɛm mmiɛnsa reto wʼanim. Yi mu baako na mɛyɛ.’” 13 Enti, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfeɛ mmiɛnsa anaa? Anaa, atamfoɔ a wɔgu wo so no wobɛdwane wɔn abosome mmiɛnsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo ɔman yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yie, na ma menhunu mmuaeɛ a memfa nkɔma Awurade.” 14 Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ, “Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, ɛfiri sɛ, nʼadɔeɛ dɔɔso; nanso, mma me nkɔtɔ nnipa nsam.” 15 Enti, Awurade too ɔyaredɔm guu Israel so anɔpa no ma ɛdii nnansa. Na nnipa ɔpeduɔson firii Dan kɔsi Beer-Seba wuwuiɛ. 16 Ɛberɛ a ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho wɔ asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ! Gyae.” Saa ɛberɛ no na Awurade ɔbɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. 17 Ɛberɛ a Dawid hunuu ɔbɔfoɔ no, ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Me na mayɛ bɔne. Yeinom deɛ wɔnnim ho hwee, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo ɔbɔfoɔ nsɛe me ne me fiefoɔ.” 18 Ɛda no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.” 19 Na Dawid kɔyɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 20 Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene ne ne mmarima reba no, ɔpueeɛ, bɛkotoo ɔhene, de nʼanim butuu fam. 21 Arauna bisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba, me wura?” Dawid buaa sɛ, “Merebɛtɔ ayuporobea hɔ, na masi afɔrebukyia wɔ hɔ ama Awurade, sɛdeɛ Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.” 22 Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Me wura fa na fayɛ deɛ wopɛ. Nantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporeeɛ nnua ne nantwie mpamho nnua no ayɛ anyina wɔ afɔrebukyia no so. 23 Mede ne nyinaa bɛma wo, na mesrɛ sɛ, Awurade, wo Onyankopɔn nnye afɔdeɛ yi.” 24 Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi, mepɛ sɛ mɛtɔ, na merentumi mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, me Onyankopɔn, a mammɔ ho ka biara.” Enti, Dawid tuaa dwetɛ bɛyɛ gram ahanum aduɔson enum de tɔɔ ayuporobea ne nantwie no. 25 Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ hɔ. Na Awurade tiee ne mpaeɛbɔ maa ɔyaredɔm no gyaee.

< 2 Samuel 24 >