< 2 Samuel 17 >

1 Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ, “Mɛyi akodɔm mpem dumienu, na mafiri ha anadwo yi akɔtaa Dawid so.
Moreouer Ahithophel said to Absalom, Let me chuse out now twelue thousand men, and I will vp and follow after Dauid this night,
2 Mɛto no wɔ ɛberɛ a wabrɛ na nʼaba mu abu. Ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛbɔ hu na wɔadwane. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe,
And I will come vpon him: for he is wearie, and weake handed: so I will feare him, and all the people that are with him, shall flee, and I will smite the King onely,
3 na mede nnipa no asane abrɛ wo, sɛdeɛ ayeforɔ kɔ ne kunu nkyɛn. Saa onipa yi nkwa nko ara na worehwehwɛ. Afei nnipa no nyinaa bɛka a wɔrenha obiara.”
And I will bring againe all the people vnto thee, and when all shall returne, (the man whome thou seekest being slaine) all the people shalbe in peace.
4 Saa nhyehyɛeɛ yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa ani.
And the saying pleased Absalom well, and all the Elders of Israel.
5 Nanso, Absalom kaa sɛ, “Momfrɛ Husai a ɔfiri Arki no mmra na yɛntie deɛ ɔwɔ ka.”
Then said Absalom, Call now Hushai the Archite also, and let vs heare likewise what he sayth.
6 Husai baeɛ no, Absalom kaa deɛ Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei ɔbisaa no sɛ, “Wʼadwene ne sɛn? Yɛmfa Ahitofel afotuo no anaa? Na sɛ ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene.”
So when Hushai came to Absalom, Absalom spake vnto him, saying, Ahithophel hath spoken thus: shall we doe after his saying, or no? tell thou.
7 Husai buaa Absalom sɛ, “Mʼadwene ne sɛ saa ɛberɛ yi deɛ Ahitofel ayɛ mfomsoɔ.
Hushai then answered vnto Absalom, The counsel that Ahithophel hath giuen, is not good at this time.
8 Wonim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ. Saa ɛberɛ yi, wɔn ani abre sɛ sisire a wɔawia ne mma wɔ wiram. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de wɔ akodie mu. Ɔne nʼakodɔm no rentena anadwo yi.
For, said Hushai, thou knowest thy father, and his men, that they be strong men, and are chafed in minde as a beare robbed of her whelps in the fielde: also thy father is a valiant warrier, and will not lodge with the people.
9 Sɛ merekasa yi, wakɔtɛ ɔbodan bi mu anaa baabi foforɔ. Na sɛ ɔdi ɛkan to hyɛ mo so na mo mu kakra bi mpo totɔ a, ehu bɛtɔ wo dɔm no so na obiara bɛteam sɛ wɔrekunkum wo dɔm no.
Behold, he is hid now in some caue, or in some place: and though some of them be ouerthrowen at the first, yet the people shall heare, and say, The people that follow Absalom, be ouerthrowen.
10 Na sɛ ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a nʼakoma te sɛ gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim sɛ wʼagya yɛ ɔkofoɔ, na wɔn a wɔka ne ho no nso bo yɛ duru.
Then he also that is valiant whose heart is as the heart of a lion, shall shrinke and faint: for all Israel knoweth, that thy father is valiant, and they which be with him, stout men.
11 “Enti, metu wo fo sɛ, boa Israel nyinaa ano, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba. Woyɛ saa a wobɛnya akodɔm a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea. Na megye medi sɛ wʼankasa bɛdi akodɔm no anim.
Therefore my counsell is, that all Israel be gathered vnto thee, from Dan euen to Beer-sheba as the sand of the sea in nomber, and that thou goe to battell in thine owne person.
12 Na sɛ yɛhunu Dawid a, yɛbɛto ahyɛ no so, sɛdeɛ bosuo gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka.
So shall we come vpon him in some place, where we shall finde him, and we will vpon him as the dewe falleth on the ground: and of all the men that are with him, wee will not leaue him one.
13 Na sɛ Dawid adwane kɔ kuropɔn bi so a, wode Israel akodɔm nyinaa bɛkɔ hɔ. Afei, yɛbɛtumi afa ntampehoma de atwe kuro no afasuo, akɔgu bɔnhwa a ɛbɛn mu, kɔsi sɛ ɛboɔ biara a ɛwɔ mu no bɛyam.”
Moreouer if he be gotten into a citie, then shall all the men of Israel bring ropes to that citie, and we will draw it into the riuer, vntill there be not one small stone founde there.
14 Afei, Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa kaa sɛ, “Husai afotuo no yɛ sene Ahitofel deɛ no.” Ɛfiri sɛ, Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotuo pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.
Then Absalom and all the men of Israel sayde, The counsel of Hushai the Archite is better, then the counsell of Ahithophel: for the Lord had determined to destroy the good counsell of Ahithophel, that the Lord might bring euill vpon Absalom.
15 Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar.
Then said Hushai vnto Zadok and to Abiathar the Priests, Of this and that maner did Ahithophel and the Elders of Israel counsell Absalom: and thus and thus haue I counseled.
16 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no sɛ, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ ɔtwa kɔ ɛserɛ no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛwuwu.”
Now therefore sende quickely, and shewe Dauid, saying, Tarie not this night in the fieldes of the wildernesse, but rather get thee ouer, lest the King be deuoured and all the people that are with him.
17 Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kuro no mu na wɔnnsane mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛeɛ bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn.
Now Ionathan and Ahimaaz abode by En-rogel: (for they might not be seene to come into the citie) and a maid went, and tolde them, and they went and shewed King Dauid.
18 Nanso abarimaa bi hunuu wɔn sɛ wɔrefiri En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn enti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔdwane kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kɔsiee abura bi a ɛwɔ nʼadihɔ mu.
Neuerthelesse a yong man sawe them, and tolde it to Absalom. therefore they both departed quickely, and came to a mans house in Bahurim, who had a well in his court, into the which they went downe.
19 Ɔbarima no yere de ntoma hataa abura no so, de atokoɔ guu so te sɛ deɛ ɔrehata no awia so, na obiara ansusu sɛ nnipa hyɛ abura no mu.
And the wife tooke and spred a couering ouer the welles mouth, and spred ground corne thereon, that the thing should not be knowen.
20 Ɛberɛ a Absalom mmarima no duruu hɔ no, wɔbisaa ɔbaa no sɛ, “Woahunu Ahimaas ne Yonatan anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Na wɔwɔ ha deɛ, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhunu wɔn enti, wɔsane kɔɔ Yerusalem.
And when Absaloms seruants came to the wife into the house, they said, Where is Ahimaaz and Ionathan? And the woman answered them, They be gone ouer the brooke of water. And when they had sought them, and could not finde them, they returned to Ierusalem.
21 Afei mmarima baanu no firii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Firi ha tware asuo no ntɛm so anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotuo a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no.
And assoone as they were departed, the other came out of the well, and went and tolde King Dauid, and sayde vnto him, Vp, and get you quickely ouer the water: for such counsell hath Ahithophel giuen against you.
22 Enti, Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kɔtwaa Yordan. Ɛduruu ahemadakye no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya.
Then Dauid arose, and all the people that were with him, and they went ouer Iorden vntil the dawning of the day, so that there lacked not one of them, that was not come ouer Iorden.
23 Ahitofel hunuu sɛ nʼanim agu ase, ɛfiri sɛ wɔamfa nʼafotuo no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yie, na ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo. Enti, ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ nʼagya da mu.
Nowe when Ahithophel sawe that his counsell was not followed, he sadled his asse, and arose, and he went home vnto his citie, and put his houshold in order, and hanged him selfe, and dyed, and was buryed in his fathers graue.
24 Ankyɛre na Dawid duruu Mahanaim. Saa ɛberɛ yi na Absalom aboaboa Israel akodɔm no nyinaa ano a ɔdi wɔn anim rekɔtwa Asubɔnten Yordan.
Then Dauid came to Mahanaim. And Absalom passed ouer Iorden, he, and all the men of Israel with him.
25 Absalom yii Amasa de no tuaa akodɔm no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no ananmu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babaa, na ɔyɛ Seruia nuabaa, a ɔyɛ Yoab na no ba.
And Absalom made Amasa captaine of the hoste in the stead of Ioab: which Amasa was a mans sonne named Ithra an Israelite, that went in to Abigail the daughter of Nahash, sister to Zeruiah Ioabs mother.
26 Israelfoɔ no ne Absalom tenaa Gilead asase so.
So Israel and Absalom pitched in the land of Gilead.
27 Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas a ɔfiri Raba babarima Sobi Amonni no, kyeaa no fɛ so. Saa ara na Amiel a ɔfiri Lo-debar babarima Makir ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim nso gyee no fɛ so.
And when Dauid was come to Mahanaim, Shobi the sonne of Nahash out of Rabbah of the children of Ammon, and Machir the sonne of Ammiel out of Lo-debar, and Barzelai the Gileadite out of Rogel
28 Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atokoɔ, asikyiresiam, nkyeweɛ, asɛ ne asɛdua,
Brought beds, and basens, and earthen vessels, and wheat, and barley, and floure, and parched corne, and beanes, and lentiles, and parched corne.
29 ɛwoɔ ne nufosuo ani sradeɛ ne anantwie nufosuo a akyenkyene mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no. Na wɔkaa sɛ, “Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɛkɔm ne sukɔm de mo ɛfiri sɛ moanante ɛkwan tenten wɔ ɛserɛ so.”
And they brought hony, and butter, and sheepe, and cheese of kine for Dauid and for the people that were with him, to eate: for they said, The people is hungry, and wearie, and thirstie in the wildernesse.

< 2 Samuel 17 >