< 2 Ahemfo 8 >

1 Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ, “Wo ne wo fiefoɔ ntu nkɔ baabi foforɔ, ɛfiri sɛ, Awurade ahyɛ sɛ ɛkɔm mmra Israel mfeɛ nson.”
Now Elisha had spoken to the woman whose son he had restored to life, saying, “Arise, and go, you and your household, and stay for a while wherever you can; for Yahweh has called for a famine. It will also come on the land for seven years.”
2 Enti, ɔbaa no yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛeɛ no. Ɔfaa ne fiefoɔ kɔtenaa Filistifoɔ asase so mfeɛ nson.
The woman arose, and did according to the man of God’s word. She went with her household, and lived in the land of the Philistines for seven years.
3 Ɛkɔm no twaa mu no, ɔsane baa Israel asase so, kɔhunuu ɔhene no sɛ ɔregye ne fie ne nʼasase.
At the end of seven years, the woman returned from the land of the Philistines. Then she went out to beg the king for her house and for her land.
4 Ɔbaa mu no, na ɔhene no ne Gehasi a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ rekasa. Na ɔhene no rebisa sɛ: Ka nneɛma akɛseɛ a Elisa ayɛ no bi kyerɛ me.
Now the king was talking with Gehazi the servant of the man of God, saying, “Please tell me all the great things that Elisha has done.”
5 Saa ɛberɛ no ara na na Gehasi reka nyane a Elisa nyanee abarimaa bi no ho asɛm akyerɛ no. Ɛberɛ korɔ no ara mu, abarimaa no maame kɔɔ ɔhene no anim, kɔsrɛɛ ɔhene no fa nʼabisadeɛ no ho. Gehasi teaam sɛ, “Hwɛ, me wura! Ɔbaa no nie na ne babarima no nso nie—ɔno na Elisa nyanee no no!”
As he was telling the king how he had restored to life him who was dead, behold, the woman whose son he had restored to life begged the king for her house and for her land. Gehazi said, “My lord, O king, this is the woman, and this is her son, whom Elisha restored to life.”
6 Ɔhene no bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ anaa?” Ɔbaa no buaa sɛ ɛyɛ ampa. Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako sɛ ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Nʼafudeɛ a wɔtwaeɛ a na ɔnni hɔ nyinaa, wɔde maa no.
When the king asked the woman, she told him. So the king appointed to her a certain officer, saying, “Restore all that was hers, and all the fruits of the field since the day that she left the land, even until now.”
7 Na Elisa kɔɔ Damasko a ɛyɛ Aram kuropɔn no mu a na ɔhene Ben-Hadad yare da no. Obi ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Onyankopɔn onipa no aba hɔ,”
Elisha came to Damascus; and Benhadad the king of Syria was sick. He was told, “The man of God has come here.”
8 ɛberɛ a ɔhene no tee saa asɛm no, ɔka kyerɛɛ Hasael sɛ, “Fa akyɛdeɛ kɔma Onyankopɔn onipa no. Na ka kyerɛ no, na ɔmmisa Awurade sɛ, ‘Me ho bɛtɔ me bio anaa?’”
The king said to Hazael, “Take a present in your hand, and go meet the man of God, and inquire of Yahweh by him, saying, ‘Will I recover from this sickness?’”
9 Na Hasael hyehyɛɛ nyoma aduanan so nnepa a ɛfiri Damasko, sɛ akyɛdeɛ a ɔde rekɔma Elisa. Ɔkɔɔ ne nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad a ɔyɛ Aramhene asoma me wo nkyɛn sɛ, memmɛbisa sɛ ne ho bɛyɛ no den anaa.”
So Hazael went to meet him and took a present with him, even of every good thing of Damascus, forty camels’ burden, and came and stood before him and said, “Your son Benhadad king of Syria has sent me to you, saying, ‘Will I recover from this sickness?’”
10 Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Wo ho bɛyɛ wo den.’ Nanso, Awurade ada no adi akyerɛ me sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔbɛwu.”
Elisha said to him, “Go, tell him, ‘You will surely recover;’ however Yahweh has shown me that he will surely die.”
11 Elisa hwɛɛ Hasael anim, kɔsii sɛ Hasael yɛɛ basaa. Na Onyankopɔn onipa no hyɛɛ aseɛ suiɛ.
He settled his gaze steadfastly on him, until he was ashamed. Then the man of God wept.
12 Hasael bisaa no sɛ, “Me wura, ɛyɛ ɛdeɛn asɛm? Elisa buaa sɛ, Menim nneɛma a ɛyɛ hu a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wobɛhye wɔn nkuro a wɔabobɔ ho ban, akunkum wɔn mmeranteɛ, de wɔn mma nketewa adweradwera fam, apaapae apemfoɔ yafunu!”
Hazael said, “Why do you weep, my lord?” He answered, “Because I know the evil that you will do to the children of Israel. You will set their strongholds on fire, and you will kill their young men with the sword, and will dash their little ones in pieces, and rip up their pregnant women.”
13 Na Hasael buaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, bɛtumi adi dwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi?” Nanso, Elisa buaa sɛ, “Awurade akyerɛ me sɛ, wo na wobɛyɛ Aramhene.”
Hazael said, “But what is your servant, who is but a dog, that he could do this great thing?” Elisha answered, “Yahweh has shown me that you will be king over Syria.”
14 Ɛberɛ a Hasael sane kɔeɛ no, ɔhene no bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?” Hasael buaa sɛ, “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wo ho bɛyɛ wo den.”
Then he departed from Elisha, and came to his master, who said to him, “What did Elisha say to you?” He answered, “He told me that you would surely recover.”
15 Nanso, adeɛ kyeeɛ no, Hasael faa nnasoɔ, de nuu nsuo mu, de kataa ɔhene no anim, kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Na Hasael sii nʼanan mu sɛ Aramhene.
On the next day, he took a thick cloth, dipped it in water, and spread it on the king’s face, so that he died. Then Hazael reigned in his place.
16 Ɔhene Yehosafat babarima Yehoram bɛdii Yuda so ɛberɛ a ɔhene Yoram adi adeɛ wɔ Israel mfeɛ enum so. Na Yoram yɛ Ahab babarima.
In the fifth year of Joram the son of Ahab king of Israel, Jehoshaphat being king of Judah then, Jehoram the son of Jehoshaphat king of Judah began to reign.
17 Ɛberɛ a Yehoram dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduasa mmienu. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe.
He was thirty-two years old when he began to reign. He reigned eight years in Jerusalem.
18 Nanso, Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
He walked in the way of the kings of Israel, as did Ahab’s house, for he married Ahab’s daughter. He did that which was evil in Yahweh’s sight.
19 Nanso, na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Yuda, ɛfiri sɛ, na ɔne Dawid ayɛ apam, ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefoɔ na wɔbɛkɔ so adi ɔman no so afebɔɔ.
However, Yahweh would not destroy Judah, for David his servant’s sake, as he promised him to give to him a lamp for his children always.
20 Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene.
In his days Edom revolted from under the hand of Judah, and made a king over themselves.
21 Enti, Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔto hyɛɛ Sair kuro so. Edomfoɔ twaa ɔne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum no mu dwaneeɛ. Yehoram akodɔm nso gyaa no hɔ dwaneeɛ.
Then Joram crossed over to Zair, and all his chariots with him; and he rose up by night and struck the Edomites who surrounded him with the captains of the chariots; and the people fled to their tents.
22 Edom ate Yuda so atua de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ no ara mu na Libna kuro nso sɔre tiaeɛ.
So Edom revolted from under the hand of Judah to this day. Then Libnah revolted at the same time.
23 Nsɛm a ɛsisii wɔ Yehoram ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
The rest of the acts of Joram, and all that he did, aren’t they written in the book of the chronicles of the kings of Judah?
24 Ɛberɛ a Yehoram wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Ahasia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Joram slept with his fathers, and was buried with his fathers in David’s city; and Ahaziah his son reigned in his place.
25 Yehoram babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene Yuda wɔ ɔhene Yoram adedie wɔ Israel ne mfeɛ dumienu mu no mu. Na Ahab babarima ne ɔhene Yoram no.
In the twelfth year of Joram the son of Ahab king of Israel, Ahaziah the son of Jehoram king of Judah began to reign.
26 Ɛberɛ a Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem afe. Ne maame ne Atalia a ɔyɛ Israelhene Omri nana.
Ahaziah was twenty-two years old when he began to reign; and he reigned one year in Jerusalem. His mother’s name was Athaliah the daughter of Omri king of Israel.
27 Ahasia dii amumuyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fiefoɔ yɛeɛ no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumuyɛsɛm wɔ Awurade ani so ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ ne din bataa awadeɛ a ɔkɔwaree Ahab efieni no ho.
He walked in the way of Ahab’s house and did that which was evil in Yahweh’s sight, as did Ahab’s house, for he was the son-in-law of Ahab’s house.
28 Ahasia de ne ho kɔbɔɔ Israelhene Yoram ho wɔ ne ko a ɔko tiaa Aramhene Hasael wɔ Ramot-Gilead no.
He went with Joram the son of Ahab to war against Hazael king of Syria at Ramoth Gilead, and the Syrians wounded Joram.
29 Ɛberɛ a wɔpiraa ɔhene Yoram wɔ ɔko no mu no, ɔsane baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa nʼapirakuro no. Ɛberɛ a Yoram wɔ hɔ no, Yudahene Ahasia kɔsraa no.
King Joram returned to be healed in Jezreel from the wounds which the Syrians had given him at Ramah, when he fought against Hazael king of Syria. Ahaziah the son of Jehoram, king of Judah, went down to see Joram the son of Ahab in Jezreel, because he was sick.

< 2 Ahemfo 8 >