< 2 Ahemfo 4 >

1 Ɛda bi, Elisa mfɛfoɔ adiyifoɔ no mu baako kunafoɔ baa ne nkyɛn, bɛsu kyerɛɛ no sɛ, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wonim sɛdeɛ na ɔsuro Awurade. Nanso, seesei obi a mede no ka aba, rehunahuna sɛ, ɔbɛfa me mmammarima baanu sɛ nkoa.”
Now a certain woman of the wives of the sons of the prophets cried out to Elisha, saying, “Your servant my husband is dead. You know that your servant feared Yahweh. Now the creditor has come to take for himself my two children to be slaves.”
2 Elisa bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de aboa wo? Kyerɛ me nneɛma a wowɔ wɔ efie.” Ɔbuaa sɛ, “Menni hwee sɛ ngo ahina baako.”
Elisha said to her, “What should I do for you? Tell me, what do you have in the house?” She said, “Your servant has nothing in the house, except a pot of oil.”
3 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔfɛm nhina dodoɔ biara a wobɛnya firi wo nnamfonom ne wo mfɛfoɔ nkyɛn.
Then he said, “Go, borrow empty containers from all your neighbors. Don’t borrow just a few containers.
4 Afei, fa wo mmammarima no kɔ wo fie, na to ɛpono mu. Hwie ngo no firi wʼahina no mu, gugu nhina no mu. Deɛ ɛbɛyɛ ma biara, yi si nkyɛn.”
Go in and shut the door on you and on your sons, and pour oil into all those containers; and set aside those which are full.”
5 Enti, ɔyɛɛ saa. Ne mmammarima no de nhina bebree brɛɛ no, ma ɔhyehyɛɛ no ma ma.
So she went from him, and shut the door on herself and on her sons. They brought the containers to her, and she poured oil.
6 Ankyɛre na emu biara yɛɛ ma tɛnn. Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no mu baako sɛ, “Brɛ me ahina foforɔ.” Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ebi nni hɔ bio.” Na afei ngo no a ɔrehwie no saeɛ.
When the containers were full, she said to her son, “Bring me another container.” He said to her, “There isn’t another container.” Then the oil stopped flowing.
7 Ɛberɛ a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmammarima no.”
Then she came and told the man of God. He said, “Go, sell the oil, and pay your debt; and you and your sons live on the rest.”
8 Ɛda koro bi, Elisa kɔɔ Sunem kurom. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi te kuro no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ɔmmɛdidi. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɛberɛ biara a ɔbɛtwam hɔ no, ɔfa hɔ kɔdidi.
One day Elisha went to Shunem, where there was a prominent woman; and she persuaded him to eat bread. So it was, that as often as he passed by, he turned in there to eat bread.
9 Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Megye di sɛ saa ɔbarima yi a ɔtaa ba ha yi yɛ Onyankopɔn onipa kronkron.
She said to her husband, “See now, I perceive that this is a holy man of God who passes by us continually.
10 Ma yɛnsiesie ɛdan bi mma no wɔ ɛsoro hɔ na yɛmfa mpa, ɛpono, akonnwa ne kanea nsi mu mma no. Na ɛberɛ biara a ɔbɛba ha no, wanya baabi asoeɛ.”
Please, let’s make a little room on the roof. Let’s set a bed, a table, a chair, and a lamp stand for him there. When he comes to us, he can stay there.”
11 Ɛda bi, Elisa sane baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe.
One day he came there, and he went to the room and lay there.
12 Ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ ɔbaa no sɛ, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbaa no baeɛ no,
He said to Gehazi his servant, “Call this Shunammite.” When he had called her, she stood before him.
13 Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ no sɛ, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no deɛ yɛn so yɛbɛtumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ medi ne ho adanseɛ kyerɛ ɔhene anaa asraafoɔ sahene no?” Ɔbuaa sɛ, “Dabi, ɛfiri sɛ, mʼabusuafoɔ hwɛ me yie.”
He said to him, “Say now to her, ‘Behold, you have cared for us with all this care. What is to be done for you? Would you like to be spoken for to the king, or to the captain of the army?’” She answered, “I dwell among my own people.”
14 Akyire yi, Elisa bisaa Gehasi sɛ, “Ɛdeɛn na wogye di sɛ yɛbɛtumi ayɛ ama no?” Ɔto maa no sɛ, “Ɔnni babarima na ne kunu nso abɔ akɔkoraa.”
He said, “What then is to be done for her?” Gehazi answered, “Most certainly she has no son, and her husband is old.”
15 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ no bra bio.” Ɔbaa no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɛpono no ano sɛ,
He said, “Call her.” When he had called her, she stood in the door.
16 “Afe sɛsɛɛ saa ɛberɛ yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so.” Ɔteaa mu sɛ, “Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Ao, Onyankopɔn onipa.”
He said, “At this season next year, you will embrace a son.” She said, “No, my lord, you man of God, do not lie to your servant.”
17 Na ampa ara, ɛberɛ tiawa bi akyi, ɔbaa no nyinsɛneeɛ. Na afe saa ɛberɛ no ara, ɔwoo ɔbabarima sɛdeɛ Elisa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ.
The woman conceived, and bore a son at that season when the time came around, as Elisha had said to her.
18 Ne ba no nyiniiɛ no, da bi, ɔkɔsraa nʼagya a na ɔne nʼapaafoɔ reyɛ adwuma.
When the child was grown, one day he went out to his father to the reapers.
19 Prɛko pɛ, ɔkaa sɛ, “Me ti pae me! Me ti pae me!” Nʼagya ka kyerɛɛ nʼapaafoɔ no mu baako sɛ, “Fa no kɔ efie kɔma ne maame.”
He said to his father, “My head! My head!” He said to his servant, “Carry him to his mother.”
20 Ɔpaani no de no kɔɔ efie. Ne maame gyee no too ne srɛ so. Nanso, ɛduruu owigyinaeɛ mu no, ɔwuiɛ.
When he had taken him and brought him to his mother, he sat on her knees until noon, and then died.
21 Ɔpagyaa no de no kɔtoo Onyankopɔn onipa no mpa so. Ɔtoo ɛpono no mu gyaa no hɔ kɔeɛ.
She went up and laid him on the man of God’s bed, and shut the door on him, and went out.
22 Ɔsomaa ɔbɔfoɔ kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Soma apaafoɔ no baako na ɔmfa afunumu mmra, sɛdeɛ mɛtumi akɔduru Onyankopɔn onipa no hɔ ntɛm, asane aba.”
She called to her husband and said, “Please send me one of the servants, and one of the donkeys, that I may run to the man of God and come again.”
23 Ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ wokɔ ɛnnɛ yi ara? Ɛnyɛ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ, na ɛnyɛ homeda nso.” Nanso, ɔkaa sɛ, “Ɛwom saa.”
He said, “Why would you want to go to him today? It is not a new moon or a Sabbath.” She said, “It’s all right.”
24 Enti, ɔhyehyɛɛ afunumu no, ka kyerɛɛ ɔpaani no sɛ, “Ka wo ho. Ɛnyɛ me enti na wobɛto wo bo ase, na mmom, kɔ ara, gye sɛ maka sɛ to wo bo ase.”
Then she saddled a donkey, and said to her servant, “Drive, and go forward! Don’t slow down for me, unless I ask you to.”
25 Ɔrebɛduru Onyankopɔn onipa no nkyɛn wɔ bepɔ Karmel so no, Elisa hunuu no wɔ akyirikyiri. Ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Hwɛ, ɔbaa a ɔfiri Sunam no reba.
So she went, and came to the man of God to Mount Carmel. When the man of God saw her afar off, he said to Gehazi his servant, “Behold, there is the Shunammite.
26 Tu mmirika kɔhyia no, na bisa no sɛ, ‘Wo ne wo kunu ne wo ba ho yɛ anaa?’” Ɔbaa no buaa Gehasi sɛ, “Yɛn nyinaa ho yɛ.”
Please run now to meet her, and ask her, ‘Is it well with you? Is it well with your husband? Is it well with your child?’” She answered, “It is well.”
27 Nanso, ɔbaa Onyankopɔn onipa no nkyɛn wɔ bepɔ no so no, ɔhwee ne nan ase, sɔɔ nʼanammɔn mu. Gehasi sum no, nanso Onyankopɔn onipa no kaa sɛ, “Gyaa no. Biribi reteetee no, na Awurade nso nkyerɛɛ me dekodeɛ no.”
When she came to the man of God to the hill, she caught hold of his feet. Gehazi came near to thrust her away; but the man of God said, “Leave her alone, for her soul is troubled within her; and Yahweh has hidden it from me, and has not told me.”
28 Na ɔbaa no kaa sɛ, “Wo ara me wura, wo na wokaa sɛ, mɛnya ɔbabarima. Na manka ankyerɛ wo sɛ mma memfa mʼani nto so?”
Then she said, “Did I ask you for a son, my lord? Didn’t I say, ‘Do not deceive me’?”
29 Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Boa wo ho, na mensoma wo, fa me poma no, na kɔ. Nkasa obiara ho wɔ ɛkwan so. Kɔ na fa poma no kɔto abɔfra no anim.”
Then he said to Gehazi, “Tuck your cloak into your belt, take my staff in your hand, and go your way. If you meet any man, don’t greet him; and if anyone greets you, don’t answer him again. Then lay my staff on the child’s face.”
30 Na abarimaa no maame kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merenkɔ efie gye sɛ woka me ho.” Enti, Elisa sane ne no kɔeɛ.
The child’s mother said, “As Yahweh lives, and as your soul lives, I will not leave you.” So he arose, and followed her.
31 Gehasi yɛɛ ntɛm dii ɛkan, de poma no kɔtoo abɔfra no anim, nanso biribiara ansi. Nkwa ho nsɛnkyerɛnneɛ biara amma. Ɔsane nʼakyi kɔhyiaa Elisa, bɔɔ no amaneɛ sɛ, “Abɔfra no nnyaneeɛ.”
Gehazi went ahead of them, and laid the staff on the child’s face; but there was no voice and no hearing. Therefore he returned to meet him, and told him, “The child has not awakened.”
32 Ɛberɛ a Elisa duruu hɔ no, ampa na abɔfra no awu da odiyifoɔ no mpa so.
When Elisha had come into the house, behold, the child was dead, and lying on his bed.
33 Ɔno nko kɔɔ hɔ, too ne ho ɛpono mu, bɔɔ Awurade mpaeɛ.
He went in therefore, and shut the door on them both, and prayed to Yahweh.
34 Afei, ɔbutuu abɔfra no so, de nʼano tuaa abɔfra no ano, de nʼani fam abɔfra no ani, de ne nsa sosɔɔ abɔfra no nsa. Afei, abɔfra no ho hyɛɛ aseɛ yɛɛ hye bio.
He went up and lay on the child, and put his mouth on his mouth, and his eyes on his eyes, and his hands on his hands. He stretched himself on him; and the child’s flesh grew warm.
35 Elisa sɔre, dii akɔneaba wɔ ɛdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abɔfra no so bio. Saa ɛberɛ yi, abɔfra no nwansii mprɛnson, na ɔtee nʼani.
Then he returned, and walked in the house once back and forth, then went up and stretched himself out on him. Then the child sneezed seven times, and the child opened his eyes.
36 Afei, Elisa somaa Gehasi sɛ, “Frɛ abɔfra no na bra.” Ne maame no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ba no nie, fa no kɔ.”
He called Gehazi, and said, “Call this Shunammite!” So he called her. When she had come in to him, he said, “Take up your son.”
37 Ɔfiri ahodwirie mu hwee ne nan ase daa no ase. Afei, ɔfaa ne ba no, de no siane kɔɔ fam.
Then she went in, fell at his feet, and bowed herself to the ground; then she picked up her son, and went out.
38 Elisa sane kɔɔ Gilgal, nanso na ɛkɔm asi asase no so. Ɛda bi a adiyifokuo tete nʼanim no, ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Fa ɛsɛn kɛseɛ si ogya so, na yɛ abɔmu ma saa mmarima yi.”
Elisha came again to Gilgal. There was a famine in the land; and the sons of the prophets were sitting before him; and he said to his servant, “Get the large pot, and boil stew for the sons of the prophets.”
39 Wɔn mu baako kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔpɛ atosodeɛ, na ɔnyaa ɛferɛ bɔtɔ ma de baeɛ. Ɔtwitwa de guu ɛsɛn no mu a na ɔnnim sɛ awuduro wɔ mu.
One went out into the field to gather herbs, and found a wild vine, and gathered a lap full of wild gourds from it, and came and cut them up into the pot of stew; for they didn’t recognize them.
40 Na wɔdii kakra bi pɛ, wɔteateaam sɛ, “Onyankopɔn onipa, awuduro wɔ abɔmu no mu!” Ɛno enti, wɔanni bio.
So they poured out for the men to eat. As they were eating some of the stew, they cried out and said, “Man of God, there is death in the pot!” And they could not eat it.
41 Elisa kaa sɛ, “Mommrɛ me asikyiresiam kakra.” Ɔde guu ɛsɛn no mu, kaa sɛ, “Afei, ayɛ yie enti monkɔdi.” Na anha wɔn bio.
But he said, “Then bring meal.” He threw it into the pot; and he said, “Serve it to the people, that they may eat.” And there was nothing harmful in the pot.
42 Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Baal-Salisani brɛɛ Onyankopɔn onipa no atokoɔ foforɔ bɔtɔ ma, ne burodo mua aduonu. Elisa kaa sɛ, “Fa ma adiyifokuo no, na wɔnni.”
A man from Baal Shalishah came, and brought the man of God some bread of the first fruits: twenty loaves of barley and fresh ears of grain in his sack. Elisha said, “Give to the people, that they may eat.”
43 Ɔsomfoɔ no teaam sɛ, “Wose sɛn? Kakra yi na yɛmfa mma nnipa ɔha yi anaa?” Nanso, Elisa tii mu sɛ, “Fa ma adiyifokuo no, na wɔnni, na Awurade ka sɛ, ‘Obiara bɛdi amee, na ebi mpo bɛka akyire.’”
His servant said, “What, should I set this before a hundred men?” But he said, “Give it to the people, that they may eat; for Yahweh says, ‘They will eat, and will have some left over.’”
44 Na ampa ara, obiara didi meeɛ ma ebi mpo kaaeɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no.
So he set it before them and they ate and had some left over, according to Yahweh’s word.

< 2 Ahemfo 4 >