< 2 Ahemfo 18 >

1 Ahas babarima Hesekia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Yuda no, na Ela babarima Hosea adi ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmiɛnsa.
And it came to pass in the third year of Osee son of Ela king of Israel [that] Ezekias son of Achaz king of Juda began to reign.
2 Ɔdii ɔhene no na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonu nkron. Na ne maame yɛ Sakaria babaa a wɔfrɛ no Abi.
Five and twenty years old was he when he began to reign, and he reigned twenty and nine years in Jerusalem: and his mother's name [was] Abu, daughter of Zacharias.
3 Ɔyɛɛ deɛ ɛfata wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no.
And he did that which was right in the sight of the Lord, according to all that his father David did.
4 Ɔtutuu abosonnan, bubuu afadum kronkron no, kaa Asera afɔrebukyia no guu fam. Ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose ayɛ no, ɛfiri sɛ, na nnipa no hye nnuhwam ma no de som. Na wɔfrɛ ɔwɔ no a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ayɛ no Nehustan.
He removed the high places, and broke in pieces the pillars, and utterly destroyed the groves, and the brazen serpent which Moses made: because until those days the children of Israel burnt incense to it: and he called it Neesthan.
5 Hesekia de ne ho too Awurade, Israel Onyankopɔn so. Nʼakyi ne nʼanim no, na ɔhene biara nni hɔ a ɔte sɛ no wɔ Yuda asase so.
He trusted in the Lord God of Israel; and after him there was not any like him among the kings of Juda, nor among those that were before him.
6 Biribiara mu, ɔdii Awurade nokorɛ, na ɔde ntoboaseɛ dii ahyɛdeɛ a Awurade de maa Mose no nyinaa so.
And he clave to the Lord, he departed not from following him; and he kept his commandments, as many as he commanded Moses.
7 Ne saa enti, na Awurade ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so wɔ biribiara a ɔyɛeɛ mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua apeatoɔ amma no.
And the Lord was with him; and he was wise in all that he undertook: and he revolted from the king of the Assyrians, and served him not.
8 Afei, ɔkɔdii Filistifoɔ so nkonim, de kɔsii Gasa ne nʼahyeɛ so, firi ne nkuraaseɛ, de kɔsii wɔn kuropɔn a wɔato ɔfasuo atwa ho no.
He struck the Philistines [even] to Gaza, and to the border of it, from the tower of the watchmen even to the strong city.
9 Hesekia ahennie no mfeɛ ɛnan so a na ɔhene Hosea nso wɔ nʼahennie wɔ Israel mfeɛ nson mu no, Asiriahene Salmaneser kɔtuaa Israel, hyɛɛ aseɛ kaa Samaria kuropɔn hyɛeɛ.
And it came to pass in the fourth year of King Ezekias (this is the seventh year of Osee son of Ela king of Israel, ) [that] Salamanassar king of the Assyrians came up against Samaria, and besieged it.
10 Mfeɛ mmiɛnsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi adeɛ mfeɛ nsia mu a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedie wɔ Israel mfeɛ nkron mu no, Samaria bɔeɛ.
And he took it at the end of three years, in the sixth year of Ezekias, (this [is] the ninth year of Osee king of Israel, when Samaria was taken.)
11 Saa ɛberɛ no, Asiriahene twaa Israelfoɔ no asuo, kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan nkonkɔnoa ne nkuro akɛseɛ a ɛwɔ Media mu.
And the king of the Assyrians carried away the Samaritans to Assyria, and put them in Alae and in Abor, [by] the river Gozan, and [in] the mountains of the Medes;
12 Ɛfiri sɛ, wɔantie Awurade, wɔn Onyankopɔn no. Wɔbuu nʼapam no so, mmara a Awurade nam Mose so hyehyɛ maa wɔn no.
because they listened not to the voice of the Lord their God, and transgressed his covenant, [even] in all things that Moses the servant of the Lord commanded, and listened not [to them], nor did [them].
13 Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuro a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim.
And in the fourteenth year of king Ezekias came up Sennacherim king of the Assyrians against the strong cities of Juda, and took them.
14 Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis sɛ, “Mayɛ mfomsoɔ. Sɛ wobɛfiri ha akɔ nko ara deɛ a, apeatoɔ biara a wobɛgye me no, mɛtua.” Na Asiriahene bisaa mpatadeɛ a ɛboro dwetɛ tɔno 11 ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔno baako.
And Ezekias king of Juda sent messengers to the king of the Assyrians to Lachis, saying, I have offended; depart from me: whatever you shall lay upon me, I will bear. And the king of Assyria laid upon Ezekias king of Juda [a tribute of] three hundred talents of silver, and thirty talents of gold.
15 Enti, ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no Awurade Asɔredan no mu ne deɛ ɛwɔ ahemfie adekoraeɛ hɔ nyinaa maeɛ.
And Ezekias gave all the silver that was found in the house of the Lord, and in the treasures of the king's house.
16 Mpo, Hesekia waawae sikakɔkɔɔ a wɔde aduradura Awurade asɔredan no apono ho, de ne nyinaa maa Asiriahene.
At that time Ezekias cut off [the gold from] the doors of the temple, and [from] the pillars which Ezekias king of Juda [had] overlaid with gold, and gave it to the king of the Assyrians.
17 Yeinom nyinaa akyi, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraadɔmhene ne nʼananmusini firii Lakis ne akodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia so wɔ Yerusalem. Asiriafoɔ no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtadeɛ nsuo a ɛbɛn ɛkwan a ɛde kɔ baabi a wɔpa ntoma ani no ho.
And the king of the Assyrians sent Tharthan and Raphis and Rapsakes from Lachis to king Ezekias with a strong force against Jerusalem. And they went up and came to Jerusalem, and stood by the aqueduct of the upper pool, which is by the way of the fuller's field.
18 Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanimfoɔ yi sɛ wɔnkɔhyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfie hɔ so, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ.
And they cried to Ezekias: and there came to him Heliakim the son of Chelcias the steward, and Somnas the scribe, and Joas the son of Saphat the recorder.
19 Na Asiriahene no ara ananmusini no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ, “‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa?
And Rapsakes said to them, Say now to Ezekias, Thus says the king, the great king of the Assyrians, What [is] this confidence wherein you trust?
20 Wogye di sɛ wobɛtumi de anosɛm hunu asi akodie mu nyansa ne nʼahoɔden anan? Wʼakyitaafoɔ bɛn na wɔbɛtaa wʼakyi, ama woatumi ako atia Asiria?
You have said, (but [they are] mere words, ) [I have] counsel and strength for war. Now then in whom do you trust, that you have revolted from me?
21 Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora.
See now, are you trusting for yourself on this broken staff of reed, [even] upon Egypt? whoever shall stay himself upon it, it shall even go into his hand, and pierce it: so [is] Pharao king of Egypt to all that trust on him.
22 Ebia, wobɛka sɛ, “Yɛde yɛn ho to Awurade, yɛn Onyankopɔn so!” Nanso, ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia didii nʼatɛm no? Hesekia ammubu abosonnan ne afɔrebukyia nyinaa, anhyɛ Yudafoɔ sɛ wɔnsom wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara no so?
And whereas you have said to me, We trust on the Lord God: [is] not this he, whose high places and altars Ezekias has removed, and has said to Juda and Jerusalem, You shall worship before this altar in Jerusalem?
23 “‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.
And now, I pray you, make and agreement with my lord the king of the Assyrians, and I will give you two thousand horses, if you shall be able on your part to set riders upon them.
24 Na wʼasraadɔm ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso daeɛ sɛ wobɛtumi ne me wura akodɔm no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛ mpo adi asie. Menim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mmoa so.
How then will you turn away the face of one petty governor, from among the least of my lord's servants? whereas you trust for yourself on Egypt for chariots and horsemen.
25 Deɛ ɛka ho ne sɛ, wogye di sɛ yɛadi mo asase yi so a Awurade akwankyerɛ nni mu? Awurade ankasa na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Kɔ na kɔsɛe no!’”
And now have we come up without the Lord against this place to destroy it? The Lord said to me, Go up against this land, and destroy it.
26 Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no sɛ, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte aseɛ yie. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, ɛfiri sɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte.”
And Heliakim the son of Chelkias, and Somnas, and Joas, said to Rapsakes, Speak now to your servants in the Syrian language, for we understand it; and speak not with us in the Jewish language: and why do you speak in the ears of the people that are on the wall?
27 Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
And Rapsakes said to them, Has my master sent me to your master, and to you, to speak these words? [has he] not [sent me] to the men who sit on the wall, that they may eat their own dung, and drink their own water together with you.
28 Afei, ɔsɔre gyinaeɛ, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so sɛ, “Montie nkra a ɛfiri Asiria ɔhene kɛseɛ no nkyɛn!
And Rapsakes stood, and cried with a loud voice in the Jewish language, and spoke, and said, Hear the words of the great king of the Assyrians:
29 Sɛdeɛ ɔhene seɛ nie: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfiri me tumi ase.
thus says the king, Let not Ezekias encourage you with words: for he shall not be able to deliver you out of his hand.
30 Mommma ɔnnaadaa mo sɛ, momfa mo ho nto Awurade so, nnka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuropɔn yi mma Asiriahene da.’
And let not Ezekias cause you to trust on the Lord, saying, The Lord will certainly deliver us; this city shall not be delivered into the hand of the king of the Assyrians: listen not to Ezekias:
31 “Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu.
for thus says the king of the Assyrians, Gain my favor, and come forth to me, and every man shall drink [of the wine] of his own vine, and every man shall eat of his own fig tree, and shall drink water out of his own cistern;
32 Na mɛyɛ nhyehyɛeɛ de mo akɔ asase foforɔ bi a ɛte sɛ yei so. Ɛyɛ ɔman a atokoɔ, nsã, burodo, bobe nturo, ngo nnua ne ɛwoɔ abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na monyi owuo akwa! “Mommma Hesekia nnaadaa mo nka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn!’
until I come and remove you to a land like your own land, a land of corn and wine, and bread and vineyards, a land of olive oil, and honey, and you shall live and not die: and do not you listen to Ezekias, for he deceives you, saying, The Lord shall deliver you.
33 Anyame a wɔwɔ aman so no atumi agye wɔn nkurɔfoɔ afiri Asiriahene nsam da?
Have the Gods of the nations at all delivered each their own land out of the hand of the king of the Assyrians?
34 Asɛm bɛn na ɛtoo Hamat ne Arpad anyame no? Na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame nso, wɔwɔ he? Wɔtumi gyee Samaria firii me tumi ase anaa?
Where is the god of Haemath, and of Arphad? where is the god of Seppharvaim, Ana, and Aba? for have they delivered Samaria out of my hand?
35 Ɔman bɛn so anyame na watumi agye ne nkurɔfoɔ afiri me tumi ase? Mommɔ baako pɛ din. Na afei, ɛdeɛn na ɛma mo dwene sɛ Awurade bɛtumi agye Yerusalem?”
Who [is there] among all the gods of the countries, who have delivered their countries out of my hand, that the Lord should deliver Jerusalem out of my hand?
36 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa.
But [the men] were silent, and answered him not a word: for [there was] a commandment of the king, saying, You shall not answer him.
37 Afei, Hilkia babarima Eliakim, ahemfie sohwɛfoɔ ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa, ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ, sane kɔɔ Hesekia nkyɛn. Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔkɔhunuu ɔhene no, kaa asɛm a Asiria ɔnanmusini kaeɛ no kyerɛɛ no.
And Heliakim the son of Chelcias, the steward, and Somnas the scribe, and Joas the son of Saphat the recorder came in to Ezekias, having tore their garments; and they reported to him the words of Rapsakes.

< 2 Ahemfo 18 >