< 2 Berɛsosɛm 6 >

1 Afei, Salomo bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, woaka sɛ, wobɛtena omununkum kusuu mu.
Then Solomon said, "The LORD has said that he would dwell in the thick cloud.
2 Afei, masi Asɔredan a ɛho wɔ nyam ama wo, baabi a wobɛtumi atena afebɔɔ.”
But I have built you a house of habitation, and a place for you to dwell in forever."
3 Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn sɛ,
The king turned his face, and blessed all the assembly of Israel: and all the assembly of Israel stood.
4 “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ mʼagya sɛ,
He said, "Blessed be the LORD, the God of Israel, who spoke with his mouth to David my father, and has with his hands fulfilled it, saying,
5 ‘Ɛfiri da a meyii me nkurɔfoɔ firii Misraim no, menyii kuropɔn biara mfirii Israel mmusuakuo no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔsi Asɔredan, de hyɛ me din animuonyam. Ɛnna nso, menyii ɔhene biara sɛ ɔnni me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim.
'Since the day that I brought forth my people out of the land of Egypt, I chose no city out of all the tribes of Israel to build a house in, that my name might be there; nor did I choose any man to be a leader over my people Israel:
6 Nanso, afei, mayi Yerusalem sɛ kuropɔn, ne Dawid sɛ ɔhene.’”
but I chose Jerusalem, that my name may be there; and I chose David to be over my people Israel.'
7 Afei, Salomo kaa sɛ, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ ɔsi saa Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam.
Now it was in the heart of David my father to build a house for the name of the LORD, the God of Israel.
8 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ sɛ wopɛ sɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam
But the LORD said to David my father, 'Whereas it was in your heart to build a house for my name, you did well that it was in your heart:
9 nanso, ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmammarima no mu baako na ɔbɛsi.’
nevertheless you shall not build the house; but your son who shall come forth out of your body, he shall build the house for my name.'
10 “Na afei, Awurade ayɛ deɛ ɔhyɛɛ ho bɔ no, ɛfiri sɛ, masi mʼagya anan mu sɛ ɔhene. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam.
"The LORD has performed his word that he spoke; for I have risen up in the place of David my father, and sit on the throne of Israel, as the LORD promised, and have built the house for the name of the LORD, the God of Israel.
11 Ɛhɔ na mede Adaka no asi, na Adaka no mu nso na apam a Awurade ne Israelfoɔ yɛeɛ no hyɛ.”
There I have set the ark, in which is the covenant of the LORD, which he made with the children of Israel."
12 Na Salomo pagyaa ne nsa kyerɛɛ soro wɔ Awurade afɔrebukyia ne Israel manfoɔ no nyinaa anim.
He stood before the altar of the LORD in the presence of all the assembly of Israel, and spread forth his hands
13 Na wabɔ kɔbere mfrafraeɛ apa a nʼatweeɛmu yɛ anammɔn nson ne fa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa, de asi asɔredan no adihɔ mfimfini. Ɔgyinaa apa no so wɔ nnipa no nyinaa anim. Ɔbuu nkotodwe, maa ne nsa so kyerɛɛ soro.
(for Solomon had made a bronze scaffold, eight feet and seven inches long, and eight feet and seven inches broad, and five feet and two inches high, and had set it in the midst of the court; and on it he stood, and kneeled down on his knees before all the assembly of Israel, and spread forth his hands toward heaven; )
14 Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛdeɛ nyinaa.
and he said, "LORD, God of Israel, there is no God like you, in heaven, or on earth; you who keep covenant and loving kindness with your servants, who walk before you with all their heart;
15 Wo bɔ a wohyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.
who have kept with your servant David my father that which you promised him: yes, you spoke with your mouth, and have fulfilled it with your hand, as it is this day.
16 “Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, ma ɛbɔ a wokɔɔ so hyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ bɔ wɔn bra yie, na wɔdi me mmara so sɛdeɛ woayɛ no a, wɔbɛdi Israel so ɔhene daa daa.’
"Now therefore, LORD, the God of Israel, keep with your servant David my father that which you have promised him, saying, 'There shall not fail you a man in my sight to sit on the throne of Israel, if only your children take heed to their way, to walk in my law as you have walked before me.'
17 Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, di saa bɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ Dawid no so.
Now therefore, LORD, the God of Israel, let your word be verified, which you spoke to your servant David.
18 “Ɛyɛ nokorɛ sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohoa mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masie yi bɛtumi akora wo.
"But will God indeed dwell with humankind on the earth? Look, heaven and the highest heaven can't contain you; how much less this house which I have built.
19 Tie me mpaeɛbɔ ne mʼadesrɛdeɛ, Ao Awurade, me Onyankopɔn. Tie osufrɛ ne mpaeɛ a wo ɔsomfoɔ rebɔ no.
Yet have respect for the prayer of your servant, and to his petition, LORD my God, to listen to the cry and to the prayer which your servant prays before you;
20 Hwɛ saa Asɔredan yi so, beaeɛ a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpaeɛ a mebɔ wɔ ha no.
that your eyes may be open toward this house day and night, even toward the place where you have said that you would put your name; to listen to the prayer which your servant shall pray toward this place.
21 Tie mʼahobrɛaseɛ ne nokorɛ adebisa a me ne wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔ mpaeɛ wɔ ha de to wʼanim no. Aane, tie yɛn firi soro baabi a wote no; na sɛ wote nso a, fa kyɛ.
Listen to the petitions of your servant, and of your people Israel, when they shall pray toward this place: yes, hear from your dwelling place, even from heaven; and when you hear, forgive.
22 “Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ ɔnnim ho hwee wɔ afɔrebukyia a ɛsi asɔredan mu no anim a,
"If a man sins against his neighbor and obliges him to take an oath, and he comes to take an oath before your altar in this house;
23 tie firi soro, na bu wʼasomfoɔ baanu no a ɛyɛ deɛ wɔabɔ no soboɔ no ne soboɔbɔfoɔ no ntam atɛn. Deɛ ɔdi fɔ no, twe nʼaso na gyaa deɛ ɔdi bem no.
then hear from heaven, and do, and judge your servants, bringing retribution to the wicked, to bring his way on his own head; and justifying the righteous, to give him according to his righteousness.
24 “Sɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ yɛ bɔne tia wo, na ɛno enti wɔn atamfoɔ di wɔn so nkonim na wɔsane ba wo nkyɛn, bɔ wo din na wɔbɔ wo mpaeɛ wɔ Asɔredan yi mu a,
"If your people Israel be struck down before the enemy, because they have sinned against you, and shall turn again and confess your name, and pray and make petition before you in this house;
25 tie firi soro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsane nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.
then hear from heaven, and forgive the sin of your people Israel, and bring them again to the land which you gave to them and to their fathers.
26 “Sɛ wo nkurɔfoɔ yɛ bɔne tia wo, na ɛno enti wɔto ɔsoro mu na osuo antɔ na wɔbɔ mpaeɛ wɔ Asɔredan yi mu, bɔ wo din, twe wɔn ho firi wɔn bɔne ho, ɛfiri sɛ, woatwe wɔn aso a,
"When the sky is shut up, and there is no rain, because they have sinned against you; if they pray toward this place, and confess your name, and turn from their sin, when you punish them:
27 tie firi soro, na fa wʼasomfoɔ, wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne no kyɛ. Kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ, na ma osuo ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko no so.
then hear in heaven, and forgive the sin of your servants, and of your people Israel, when you teach them the good way in which they should walk; and send rain on your land, which you have given to your people for an inheritance.
28 “Sɛ ɛkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa mfudeɛ nyarewa ba anaa ntutummɛ ne asa bɛgu mfudeɛ so, anaa wo nkurɔfoɔ atamfoɔ ba asase no so bɛtua wɔn nkuro a, sɛdeɛ ɔhaw no te biara no,
"If there is famine in the land, if there is pestilence, if there is blight or mildew, locust or caterpillar; if their enemies besiege them in the land of their gates; whatever plague or whatever sickness there is;
29 sɛ wo nkurɔfoɔ bɔ mpaeɛ wɔ wɔn haw ne awerɛhoɔ ho, na wɔpagya wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a,
whatever prayer and petition be made by any man, or by all your people Israel, who shall know every man his own plague and his own sorrow, and shall spread forth his hands toward this house:
30 tie firi ɔsoro deɛ wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛfata wo nkurɔfoɔ no ma wɔn, ɛfiri sɛ, wo nko ara na wonim onipa akoma mu.
then hear from heaven, your dwelling place and forgive, and render to every man according to all his ways, whose heart you know; (for you, even you only, know the hearts of the children of humankind; )
31 Ɛno akyi wɔbɛsuro wo na wɔanante wʼakwan so mmerɛ dodoɔ a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so.
that they may fear you, to walk in your ways, so long as they live in the land which you gave to our fathers.
32 “Na sɛ ananafoɔ te wo nka ne wo nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ no, na wɔfiri akyirikyiri bɛsom wo din kɛseɛ no, bɔ mpaeɛ de wɔn ani kyerɛ Asɔredan yi a,
"Moreover concerning the foreigner, who is not of your people Israel, when he shall come from a far country for the sake of your name, for they shall hear of your great name, and your mighty hand, and your outstretched arm, when they shall come and pray toward this house,
33 tie firi soro deɛ wote hɔ, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔte asase so nyinaa ahunu, asuro wo, sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no yɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔn nso bɛhunu sɛ, wo din na ɛda saa Asɔredan a masie yi so.
then hear from heaven, even from your dwelling place, and do according to all that the foreigner calls to you for; that all the peoples of the earth may know your name, and fear you, as does your people Israel, and that they may know that this house which I have built is called by your name.
34 “Sɛ wohyɛ wo nkurɔfoɔ sɛ wɔmfiri adi nkɔko ntia wɔn atamfoɔ, na sɛ wɔbɔ wo mpaeɛ firi kuro yi a woayi, ne saa asɔredan yi a masi de wo din ato so yi mu a,
"If your people go out to battle against their enemies, by whatever way you shall send them, and they pray to you toward this city which you have chosen, and the house which I have built for your name;
35 tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn.
then hear from heaven their prayer and their petition, and maintain their cause.
36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo mpo a, hwan na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo bɛfu wɔn ama wɔn atamfoɔ adi wɔn so, afa wɔn nkoa de wɔn akɔ ananasase so, sɛ ɛwɔ akyiri anaa ɛbɛn.
"If they sin against you (for there is no man who doesn't sin), and you are angry with them, and deliver them to the enemy, so that they carry them away captive to a land far off or near;
37 Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,’
yet if they shall repent themselves in the land where they are carried captive, and repent and make petition to you in the land of their captivity, saying, 'We have sinned, we have done perversely, and have dealt wickedly;'
38 na sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ fa asase a wode maa wɔn agyanom, saa kuropɔn yi a woayi ne saa asɔredan a masi de ahyɛ wo din animuonyam yi ho a,
if they return to you with all their heart and with all their soul in the land of their captivity, where they have carried them captive, and pray toward their land, which you gave to their fathers, and the city which you have chosen, and toward the house which I have built for your name:
39 tie wɔn mpaeɛbɔ no firi soro, deɛ woteɛ hɔ. Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfoɔ ayɛ atia wo no kyɛ wɔn.
then hear from heaven, even from your dwelling place, their prayer and their petitions, and maintain their cause, and forgive your people who have sinned against you.
40 “Ao me Onyankopɔn, tie mpaeɛ a wɔbɔ no wɔ ha no nyinaa.
"Now, my God, let, I beg you, your eyes be open, and let your ears be attentive, to the prayer that is made in this place.
41 “Afei, Ao Awurade Onyankopɔn, sɔre na bra wʼahomegyebea,
"Now therefore arise, LORD God, into your resting place, you, and the ark of your strength: let your priests, LORD God, be clothed with salvation, and let your faithful ones rejoice in what is good.
42 “Ao Awurade Onyankopɔn, nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.
"LORD God, do not turn away the face of your anointed one. Remember your loving kindnesses to David your servant."

< 2 Berɛsosɛm 6 >